Fufu

Ɛfi Wikipedia
(Ɛfiri Fufuo)
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Fufu

Fufu(About this soundpronounciation of "Fufu" ) (anaa fufuo, foofoo, foufou) yɛ Abibirem Atɔeɛ fam aduane a agye din paa. Wɔ Twi mu no, fufu kyerɛ "aduane mmienu a wɔayam anaa wɔasiw abɔmu ma ayɛ mmerɛw". Wɔ Ghana no, fufuo yɛ Akanfoɔ aduane titiriw. Wɔdi fufuo wɔ Abibiremu aman pii so nso. Wɔde bankye ne borɔdeɛ anaa amankani a wɔanoa na ɛbɔmu wɔ fufuo. Yɛde wɔma ne waduro na ɛwɔ fufuo. Sɛ yɛwɔ fufuo wie a, yɛde nkwan bi te sɛ Nkrakra, Abɛnkwan, Nkatenkwan ne Abunabun na edi. Wɔ Abibirem Atɔeɛ fam aman foforɔ bi so no, wɔde mako yayaaya a wɔatwi, nkruma frɔiɛ anaa frɔiɛ afoforo na edi fufuo.[1]

Wɔdi fufuo wɔ aman a ɛwɔ Abibirem Atɔe fam ne aman a ɛwɔ Abibirem mfimfini so. Ɛka Ghana ho no, wɔdi fufuo wɔ aman ahodoɔ yi so:Sierra Leone, Guinea, Liberia, Cote D'Ivoire, Benin, Togo, Nigeria, Congo mmienu no nyinaa,Cameroon, the Central African Republic, Angola,Gabon, ne Caribbean.Wɔ Ghana, Cote D'ivoire, Liberia ne Cuba no, wɔnoa bankye ne borɔdeɛ anaa mankani no wie a, wɔwɔ bankye dodoɔ a ɛne borɔdeɛ anaa mankani dodoɔ yɛ pɛ pɛnkoro. Wotumi nso de nsuo fra bankye sam, borɔdeɛ sam anaa mankani sam ka wɔ gya so. Fufuo a wɔfa saa kwan yi so yɔ no, wɔtaa de nkwan na edi. Wɔ Nigeria ne aman foforɔ bi a ɛwɔ Abibirem ha no, wɔde bankye mmɔre a Nigeriafoɔ frɛ no " Akpu" na ɛyɛ fufuo no. Wɔde nkwan anaa frɔie na edi saa fufuo yi[2]. Wotumi de esam afoforo te sɛ semolina, eburo sam anaa borɔdeɛ sam si bankye sam ananmu. Yɛde yɛn nsa na edi fufuo. Sɛ yɛredi a, yɛte no ntrɔma nketewa de bɔ nkwan mu.

Edin ahodoɔ a aman binom de frɛ fufu[sesa]

  • Angola: funge,fúngi.
  • Benin: Santana, foufou
  • Cameroon: couscous, couscous de manioc
  • Central African Republic: foufou
  • Congo-Kinshasa ne Congo-Brazzaville: fufú,moteke,luku
  • Gabon: foufou
  • Ghana: fufu,fufuo,sakɔro
  • Ivory Coast:foufou, foufou
  • Liberia: fufu
  • Nigeria: fufu,akpu,utara,loi-loi, swallow,Me White
  • Sierra Leone:fufú
  • Togo: foufou

Abibifoɔ fufuo[sesa]

Wɔ 16th sɛntri mu na Portuguese dwadifoɔ de bankye baa abibirem.[3][4]Ghana,fufu a yɛsane frɛ no fufuo yɛ fitaa a ɛyɛ den(sɛ wamfa borɔdeɛ amfra bankye no annwɔ a). Ɛkwan a wɔfa so fufuo ne sɛ wode wonsa nifa bɛte fufuo na woabobɔ no sɛdeɛ wobɛtumi amene. Na wode abɔ nkwan mu adi.

Sɛdeɛ wɔsi yɛ Ghana fufuo

Twi mu no wɔfrɛ fufu anaa fufuo 'yayam anaa yafra', ɛyɛ esam aduane a ɛyɛ mmerɛ a nnipa dodoɔ noa pɛ. Yɛgyedi sɛ ɛfiri ɛnnɛ mmerem Ghana,[5][6] a Asantefoɔ,Akuapemfoɔ, Guan,Akyemfoɔ,Bonofoɔ ne Fantefoɔ a ɛwɔ Akan mmusuakuo mu na ɛdi saa aduane a seisei ɔman no nyinaa agye atom die.. Wɔde bankye a yanoa ne borɔdeɛ anaa mankani na ɛyɛ wɔ Ghana.Mpɛmpii no wɔde waduro ne wɔma na ɛwɔ.[7] Wɔde wɔnsa na ɛka fufuo no na wode nsuo gum nkakrankakra ama no ayɛ mmerɛ. Wɔbobɔ fufuo no no kama na wadi.Ɛnam afidie a wɔde aba a ɛyam fufuo nti no ama ɛho adwuma ayɛ mmerɛ krakra.Yɛde nkwan bi te sɛ nkrakra nkwan, abɛnkwan, nkate nkwan ne abunu abunu nkwan na ɛfie. Ɛnnɛ Benin, Cameroon,Guinea , Nigeria,[8] ne Togofoɔ de aka wɔn nnuane ho,a wɔde di mako nkwan, nkruma anaa abomu biara.Ɛnam sɛ fufuo atrɛ na akɔ abibirem atɔeɛ baabia nti kasadwini atwerɛfoɔ a ɛwɔ hɔ no de akɔ nnwoma mu. Wɔde fufuo din wɔ 'Chinua Achebe Things Fall Apart' mu.

Sɛdeɛ wɔsi yɛ Nigeria fufuo.

Fufu anaa akpu yɛ aduane a wɔde bankye mono anaa bankye porɔeɛ ayɛ a agye din paa wɔ wɔ Nigeria. [9]Yɛde nna pii na ɛyɛ, akpu yɛ mɔre nsuo wɔn a wɔde akatoa na ɛdi. Wɔ amanneɛ kwan so no wɔdwa bankye no yi hono no firi ho na wahohoro ho ama no ayɛ fitaa. Wɔgya no nsuo mu bɛyɛ nnansa dekɔ nnan, bankye no potɔ ma no yɛ mmerɛ. Na afei wɔde sɔneeɛ asɔne so. Wɔhwie nsuo no bi firi ho sɛ ɛdɔɔso a na wate agu bɔtɔ mu na wɔde bobɔ anaa adeɛ a ɛyɛ duru ato bɔtɔ no so ama nsuo no asɔne agu fam. Wɔde wɔma wɔ bankye mmɔre no mu na wagyae asi hɔ bɛyɛ anitɛtɛ aduasa anaa aduosia, aberɛ a wawl ayi aba afiri mu na wabobɔ no kurukuruwa, na wanoa ama no adi bɛyɛ sima du de rekɔ dunum, na wawɔ ama no afe[10]. [11]Saa aduane yi agye din wɔ Nigeria ne titire apueɛ fam.[9]

Sɛdeɛ wɔsi yɛ Cote d'Ivoire Fufuo.

Cote d'Ivoire frɛ saa aduane no 'foufou' . Ivoryfoɔ de kwadu na ɛyɛ foufou, ɛna 'foufou'yɛ aduane a ɛyɛ ɛma ahoɔden a wɔde Bayerɛ, bankye kwadu,Yato dan a ɛyɛ duru ayɛ anaa sɛ wɔde fra esam no mu biara mu. Wɔ Cameroon mantam a wɔka French kasa no, wɔfrɛ no 'couscous' ( ɛmma w'adwene nnyɛ wɔ ntanta wɔ Abibifoɔ a ɛwɔ atifi fam aduane couscous).[12] Ɛne aduane ɛde mu wɔ African Great Kakra mantam a yɛfrɛ no ugali yɛ pɛ. Wɔde aburo sam na ɛyɛ (maasa), Abibifoɔ a ɛwɔ anaafoɔ fam na ɛdi saa aduane no.Ugali yɛ aduane bi a ɛwɔ Kenya ne Tanzania,ubugali a ɛwɔ Rwanda. Nnuane a ɛne no reyɛ ayɛ pɛ no wɔfrɛ no nshima wɔ Zambia, nwoma wɔ Malawi,sadza wɔ Zimbabwe,papa anaa vuswa wɔ South Africa,pisho wɔ Uganda,kuku,fufu,nshima, moteke,semoule, ugali ne bugari wɔ Republic of Congo ne Democratic Republic of the Congo ne phalestshe wɔ Bostwana.

Ahoɔden nnuro a ɛwɔ mu.

Fufuo sam 100g wɔ proten 2g,0.1g anwa ne 84g kabohidrate. Yɛwɔ ahanu ne aduosia nson(267) kcal nnuane ahoɔden mu a 100g yɛ nsuo.[13] Sradeɛ nnim. Potassium wɔm ɛna mpɛnpii no adɔkotafoɔ taa twerɛ de ma ayarefoɔ a wɔn potassium a ɛwɔ wɔn mogya mu wɔ fam.

Mfoni[sesa]

BEAƐ A MENYAA MMOA FIRIIƐ[sesa]

  1. http://www.fao.org/docrep/009/a0154e/A0154E02.HTM
  2. Nweke, Felix I. "THE CASSAVA TRANSFORMATION IN AFRICA". United Nations. Retrieved 10 June 2014.
  3. http://www.fao.org/docrep/009/a0154e/A0154E07.htm
  4. "A review of cassava in Africawith country case studies on Nigeria, Ghana,the United Republic of Tanzania, Uganda and Benin". www.fao.org. Retrieved 2018-04-22.
  5. Siciliano-Rosen, L. "Fufu." Encyclopedia Britannica.https://www.britannica.com/topic/fufu
  6. https://www.britannica.com/topic/fufu
  7. "Top 5 healthy meals to enjoy when in Ghana - MyJoyOnline.com". www.myjoyonline.com. 2015-11-26. Retrieved 2022-01-22
  8. Wheatley, Christopher (1997). Metodos para agregar valor a raices y tuberculos alimenticios: manual para el desarrollo de productos. CIAT. p. 17. ISBN 9589439896.
  9. 9.0 9.1 "cassava"
  10. https://www.nigeriagalleria.com/
  11. Akpu Cassava Fufu Recipe:: Nigerian Dishes :: Galleria Health and Lifestyle, Nigeria". www.nigeriagalleria.com. Retrieved 2018-05-05 {{cite web}}: External link in |last=
  12. DeLancey, Mark W., and Mark Dike DeLancey (2000). Historical Dictionary of the Republic of Cameroon, 3rd ed. Lanham, Maryland: The Scarecrow Press, p. 134
  13. "How many calories are in Golden Tropics Cocoyam Fufu Flour". slimkicker.com. SlimKicker. 2013. Retrieved 2 July 2014