Abɛnkwan

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
A close-up view of palm nut soup

Abɛnkwan(About this soundpronounciation of "Abɛnkwan" ) yɛ nkwan a wɔ de abɛ ayɛ na ɛnyɛ na wɔ Abibiman mu. Efiri Urhobo abosuakuw a ɛwɔ Delta State, Nigeria. Abenkwan abɛyɛ asaasetam nkwan.

Sɛdeɛ mantam biara yɛ abɛnkwan[sesa]

Cameroon[sesa]

Mbanga nkwan yɛ nkwan a yɛde abɛ ayɛ wɔ Cameroonfoɔ nnuane[1] ne Abibirem atɔeɛ nnuane.[2] Wɔ taa de di kwacoco. Nkwan no yɛ Cameroonfoɔ nsiananmu ma Abibirem Banga (Nkwan), abenkwan a wo di wɔ mia beberee a Nigeria fa bi ka ho. Wɔ Cameroon, wɔ de abɛ amono na ɛyɛ mbanga. Sɛ ɛbia ɛhɔ no abɛ amono nni hɔ a, wɔ de abɛ a ɛwɔ konkomu na ɛyɛ.[3]

Nigeria[sesa]

Eba ne enam amono banga a wɔ de adwe ayɛ wɔ kukuw mu
Ngo kɔkɔɔ moo (Banga Rice) ne nantwi nam ahoro ne nkosua ayɛ

Banga yɛ nkwan bi a yɛ de abɛ ayɛ wɔ anaafoɔ Niger Delta Nigeria nkankan ne Itsekiri abusuakuw. Saa aduane no ne "Ofe Akwu" wɔ Igbo ammamere mu. Binis fo wɔ nkwan bi a wɔ de abɛ ayɛ a ɛte sɛ "Ofe Akwu" sɛ ɛba neɛma a wɔ de yɛ ne ɔkwan a wɔ fa so yɛ.

Nigeria, wɔ de aduane yi ka aduan ahoro bi ho te sɛ Ataredeɛ (Usi) ma Urhobofo wɔ Delta State, Nigeria, banku ma Ghana ne ɛmoo ma Igbo fo.

Beletete, aidan aduaba, rohojie ma banga yɛ dɛ, Banga ehwa ahaban a yɛ frɛ no Obenetietien (anaa wɔ bɛtumi de nwonwono anaa ehwa ahaban a yɛ), oburunbebe dua baako,gyeene a yɛ twetwa,crayfish a ya nyam,mako ne nkyene. Ɛda bi wɔ hɔ a wɔ de nkwan no di mankani (taro) aduane a yɛ frɛ no kwacoco. Wɔ taa de nsuomu nam amono anaa nea ya ho anaa mogya nam na ɛyɛ banga nkwan.

Nkwan no so yɛ dɛ sɛ wɔ de nkruma ka ho a.

Amiedi, a wɔ san frɛ no banga nkwan, yɛ nkwan a Urhobofo wɔ Nigeria anaafoɔ na edi. Wɔ de nsuo a wɔ nya fi adwe mu na ɛyɛ. Ɛno akyi no na wɔ de neɛma bi tɛ sɛ crayfish, mogya nam, nsuomunam, mako ne nantwi nam ka ho. Wɔ de eba anaa usi (starch) na edi. (Elaeis guineensis).

Mfoni ahoro[sesa]

~~~~@Aseda1991~~~~@Daniella Damptey

Hyɛ wie nso[sesa]

  • Ground nut soup
  • Kpekpele
  • List of soups

Ntotoho[sesa]

https://ak.wikipedia.org/wiki/Special:ContentTranslation?title=Special:ContentTranslation&campaign=contributionsmenu&to=ak&page=Palm+nut+soup&from=en&targettitle=Palm+nut+soup#:~:text=Categories-,Nigerian%20soups,Fruit%20soups,-African%20soups

  1. Crush, Jonathan; Battersby, Jane (September 23, 2016). Rapid Urbanisation, Urban Food Deserts and Food Security in Africa. Springer. ISBN 9783319435671 – via Google Books.
  2. "Mbanga/Palmnut Soup". February 13, 2013
  3. Mbanga (Palm Nut) Soup". Jul 21, 2018. Retrieved Jul 11, 2021.