Cecilia Akua Edu

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Cecilia Akua Edu
nnipa
sex or genderfemale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameCecilia Sesa
date of birth28 Obubuo 1928 Sesa
place of birthMfinfini Mantan Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationeducator, Amanyɔni Sesa
position heldMember of the 1st Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
member of political partyNational Democratic Congress (Ghana) Sesa
religion or worldviewKinilisyano Sesa

Cecilia Akua Edu About this soundpronounciation of "Cecilia Akua Edu" Ghana amanyɔni a na ɔka Ghana mmarahyɛbedwafoɔ a wɔdi kan no ho wɔ berɛ a Ghana hyɛɛ kabimamenka amammuo a ɛtɔ so nan no so a, na ɔyɛ Abura/Asebu/Kwamankese abatoɔ mpɛsua so a, ɔnam kyiniiɛ amanyɔkuo NDC so na ɛkɔɔ mmarahyɛbadwam hɔ.[1]

Abrabɔ ahyɛase ne sukuu kɔ[sesa]

Yɛwoo Cecilia wɔ Ahinime bosome no da a ɛtɔ so aduonu nnwɔtwe wɔ Afe apem aha nkron aduonu nnwɔtwe. Ɔkɔɔ Haggai institute of Advanced Leadership" suapɔn mu, ɛhɔ na ɔkɔnyaa n'abɔdin krataa "Diploma" wɔ mpaninnie mu. Ɔkyerɛɛ adeɛ kakra ansana ɔrekɔ mmarahyɛbadwam.[2]

Amanyɔsɛm[sesa]

Ɔhyɛɛ n'amanyɔsɛm ase wɔ afe apem ahankron aduokron-mmienu mu, berɛ a ɔbɛyɛɛ mmarahyɛbadwamni ma Ɔman kabi-ma-menka-bi Amanyɔkuo a ɔgyinaa hɔ maa ne mpasoa a ɛwɔ Ghana mfinimfini mantam ansana wɔrebɛhyɛ afe apem ahankron aduokron-mmienu Ghana mmarahyɛbadwam abatoɔ no ase. Wɔbaa Ghana fahodie a ɛtɔ so nan Mmarahyɛbedwam a ɛdi kan mu wɔ afe apem ahankron aduokron-mmiɛnsa me berɛ a ɔdii nkunim wɔ Ghana afe apem ahankron aduokron-mmienu abatoɔ no a wɔtoo no Ɔpɛnima bosome da a ɛtɔ so aduonu-mmienu mu no, afe apem ahankron aduokron-mmienu mu. Berɛ a ɔsomm mfeɛ nan akyiri no, Cecillia de n'akonwa no maa n'amanyɔkuoni J.E.Afful. Ɔtwaa Andrew Kingsford Mensah a ɔyɛ Ɔman ho dɔ Amanyɔkuoni a ɔnyaa mma ɔpeppem dummiɛnsa ne aduonwɔtwe-nwɔtwe a ɛyɛ ɔha nkyɛmu aduonu-nwɔtwe, akyiripɔ aduonum wɔ abatoɔ no nyinaa mu ne Emmanuel F. Appiah Kubi a ɔyɛ Nhyehyɛeɛ Amanyɔkuo a Ɔnyaa mma ahanu aduasa-num a ɛyɛ ɔha kyɛmu akyiripɔ aduonum wɔ Ghana afe apem ahankro aduokron-nsia abatoɔ no nyinaa mu. J.E. Afful nyaa mma ɔpepem aduonu, ahanu ne aduosia- mmienu a ɛbɛyɛ ɔha nkyɛmu aduanan-nan, akyiripɔ du wɔ abatoɔ no nyinaa mu. Akyiri yi no, wɔsane too aba maa no wɔ Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so nson, afe apem ahankron aduokron-nson mu.

Nnwoma a menyaa mmoa firii mu.[sesa]

  1. Ghana Parliamentary Register 1992-1996. Ghana Publishing Corporation. 1993. p. 189
  2. https://en.wikipedia.org/wiki/Cecilia_Akua_Edu