Baffour Annor

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Baffour Annor
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Ahafo Ano North
Bere
7 January 1997 – 6 January 2001
ƆmanpanyinJohn Jerry Rawlings
OdikanfoSamuel Kwadwo Yamoah
AnanmusiniKwame Owusu Frimpong
Ne ho asɛm
Awo bereAhinime 14, 1941
Ahafo Ano, Ashanti Region, Ghana
Ne manGhanaGhana
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
N'adwumaAmanyɔni

Baffour Annor yɛ Ghanani amanyɔni ne mmarahyɛbadwani a na ogyina hɔ ma Ahafo Ano North mansin a ɛwɔ Asante Mantam wɔ Ghana mmarahyɛbedwafie a ɛtɔ so mmienu wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so nnan.[1]

Abrabɔ ahyɛase ne sukuu[sesa]

Wɔwoo Annor wɔ Ahinime bosome da a ɛtɔ so nnan, wɔ afe apem ahankron ne aduanan baako (1941) mu wɔ Ahafo Ano a ɛwɔ Asante mantam mu wɔ Ghana.

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔtoo aba yii Annor maa no kɔɔ Mmrahyɛbadwafie deɛ ɛdikan wɔ National Democratic Congress din mu wɔ Afe apem ahenkron aduokron -nsia Ghanafoɔ abatoɔ wɔtoeɛ no mu sɛ ɔgyina Ahafo Ano North abatoɔ mpasua a ɛwɔ Asanti mantamGhana so foɔ anan mu. Ɔnyaa mma no mpem du- mmienu, ahenum ne aduasa -nsia (12,536 votes) firii mma dodoɔ a wɔtooeɛ ɛyɛ mpem aduonu -mmienu, ahenum ne du- nkron (22,519 valid votes cast) a ɛkyerɛ ɔha mu abupɛn aduanan - num akyire po aduoson ( 45.70% ) bere a neɛ na ɔne no repere akonwa no Owura James Brown Ford Donkor ɔgyina ma New Patriotic Party nso nyaa mma no mpem nkron, ahensia aduonu - nwɔtwe (9,628 votes ) a ɛkyere ɔha mu abupɛn aduasa num akyire po du (35.10% ) ne Owura Kwabena Nketia a ɔgyina ma People's National Congress nso nyaa mma no Ahasa ne aduonum - num ( 355 votes) a ɛkyerɛ ɔha mu abupɛn baako akyire po aduasa (1.30%).[2][3] Ɛwɔ mfeɛ mpem mmienu Ghanafoɔ abatoɔ no mu, wɔtuu no mmrahyɛbadwa nkonwa no so bere a Owura Kwame Owusu Frimpong ɔgyina wɔ New Patriotic Party din mu nyaa mma no mpem du- mmienu, ahenan ne aduasa- mmienu (12,432 votes ) firii mma mpem aduonu -mmiɛnsa, ahenkron ne num ( 23,905 valid votes cast ) a ɛkyerɛ ɔha mu abupɛn aduonum-mmienu (52.00%) a Owura Baffour Annor a ɔgyina National Democratic Congress din mu no nso nyaa mma no mpem du, ahenson aduowɔtwe nnan (10,784 votes) a ɛkyerɛ ɔha mu abupɛn aduanan -num akyire po du (45.10%,) Owura Johnson O.Antoh ɔgyina maa People's National Congress nso nyaa mma no ahenum ne du- num( 515 votes) a ɛkyerɛ Ɔha mu abupɛn mmienu akyire po aduonu (2.20%) ɛna Paul K. A. Mono ɔgyina ma Convention People's Party nso nyaa mma no ɔha ne aduoson - nnan (174 votes)a ɛkyerɛ ɔha mu abupɛn hwee akyire po aduoson ( 0.70 votes)[4][5].

Beae a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]