Samuel Kwadwo Yamoah

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Hon.
Samuel Kwadwo Yamoa
File:Samuel Kwadwo Yamoa.jpg
Member of the Ghana Parliament
for Ahafo Ano North
Bere
7 January 1993 – – 6 January 1997
AnanmusiniBaffour Annor
Ɔmanpanyin[[ John Jerry Rawlings]]
Ɔmanpanyin[[ John Jerry Rawlings]]
John Atta Mills
Ne ho asɛm
Awo bere16 May 1956 (age 65)
Tepa, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Sukuu a w'akɔ[[ Osei Kyeretwie Secondary School]]
N'adwumaPolitician, Businessman, [[]]

Samuel Kwadwo Yamoah (About this soundpronounciation of "Samuel Kwadwo Yamoah" )

Wɔwoo Yamoah wɔ Kotonimaa bosome da a ɛtɔ so du nsia wɔ afe apem aha nkron ne aduonum nsia (1956) mu wɔ Tepa a ɛwɔ Asante mantam mu wɔ Ghana. Na ɔyɛ Ghana amanyɔni ɛna ɔsan nso ka mmarahyɛbedwafie a edikan wɔ adehyeman a ɛtɔ so nnan ho ma adehyeɛ a ɛwɔ Ahafo Ano North abatoɔ mpɛsoaso wɔ Asante Mantam mu. Na ɔgyina hɔ ma National Democratic Congress amanyɔkuo no anan mu.[1]

Ne mmɔfrase ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Yamoah wɔ Kotonimaa bosome da ɛtɔ so dunsia wɔ afe apem ɔha nkron ne aduonum nsia wɔ Tepa ɛwɔ Asante Mantam mu. Ɔkɔɔ sukuu wɔ Osei Kyeretwie ntoasoɔ sukuu a ɔnyaa ne GCE abodin no.[2]

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔtoo aba yii Yamoah sɛ ɔkɔ mmrahyɛbedwafie ɛwɔ amanyɔkuo National Democratic Congress din mu mma adehyeɛ a ɛwɔ Ahafo Annor North abatoɔ mpɛsoaso wɔ Asante mantam mu wɔ Ghana berɛ a Ghanafoɔ too mmarahyɛbedwam aba wɔ afe apem aha nkron ne aduokron mmienu.[3] Ɔsii fam maa Baffour Annor wɔ afe apem aha nkron ne aduokron nsia Ghana aba toɔ no mu, Baffour nyaa mma no mu mpem du mmienu, ɔha num ne aduasa nsia firii mma dodoɔ a wɔtoeɛ no mu a egyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛm aduanan num ne akyiri pɔ aduoson de boroo Jane Brownford Donkor a ɔgyinaeɛ maa amanyɔkuo foforɔ nso nyaa mpem nkron, aha nsia ne aduonu nwɔtwe a egyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛm aduasa num ne akyiripɔ du nan, Kwabena Nketia a ɔgyinaeɛ maa People National Congress amanyɔkuo no nso nyaa ahasa ne aduonum nan ne akyiri pɔ aduasa de firii aba dodoɔ a wɔtoeɛ no mu.[4][5]

Adwuma[sesa]

Amanyɔsɛm no akyi no na Yamoah yɛ Odwadini. Na ɔsan wɔ nimdeɛ pii wɔ sikakora ho ne adansie ne akwanyie ho. Na ɔsan nso yɛ adwuma wɔ akwantuo dwumakuo mu na ɔsom sɛ bɔɔlobɔ terenee.[2]

N'asetena mu abrabɔ[sesa]

Yamoah yɛ Okristoni.[2]

Beaɛ menyaa nsɛm no[sesa]

 

  1. "16 MMDCEs secure NDC nod in Ashanti". Graphic Online. Retrieved 5 February 2021.
  2. 2.0 2.1 2.2 Ghana Parliamentary Register 1992–1996
  3. Jonah, Mary (18 August 2018). "Episode 2:The 1992 Parliamentary Results". Mary Jonah. Retrieved 5 February 2021.
  4. FM, Peace. "Parliament – Ahafo Ano North Constituency Election 1996 Results". Ghana Elections – Peace FM. Retrieved 5 February 2021.
  5. FM, Peace. "Ghana Election 1996 Results – Ahafo Ano North Constituency". Ghana Elections – Peace FM. Retrieved 5 February 2021.