Alexander Asum-Ahensah

Ɛfi Wikipedia
Hon.
Alexander Asum-Ahensah
Member of Parliament for Jaman North Constituency
Bere
7 January 2009 – 6 January 2013
ƆmanpanyinJohn Atta Mills
John Mahama
AnanmusiniSiaka Stevens
Member of Parliament for Jaman North Constituency
Bere
7 January 2005 – 6 January 2009
ƆmanpanyinJohn Kufuor
OdikanfoNew constituency
Ne ho asɛm
Awo bere23 July 1953 (1953-07-23) (age 70)
Ne manGhanaianGhana 
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Mma6
Sukuu a w'akɔUniversity of Cape Coast
N'adwumaEducationist
CabinetMinister for Chieftaincy and Culture

Alexander Asum-Ahensah (wɔwoo no Ɔpɛpɔn 23, Afe Apem Ahankron ne Aduonum Mmeɛnsa 1953) yɛ Ghana ɔmanyɔni ne nhomasua ho nimdefoɔ. Ɔyɛ kane mmarahyɛbadwani ma Gyaam Atifi (Jaman North) Mansini a ɛwɔ Brong Ahafo Mantam mu wɔ Ghana [1]

Abrabɔ Ahyaseɛ ne Nnwoasua[sesa]

wɔwoo Asum-Ahensah wɔ Kitawonsa da a ɛtɔ so Aduonu-mmeɛnsa,afe Apem Ahankron ne Aduonum-mmeɛnsa (1953). Ne kurom ne Goka wɔ Brong Ahafo mantam mu wɔ Ghana. Wɔ afe Apem, Ahankron ne Aduɔwɔtwe -nkron (1989) mu no, ɔnyaa Diploma wɔ Nwomasua mu wɔ Accra Technical Training Centre.[2]Wɔ afe Apem , Ahankron ne Aduɔkron-Nson (1997) mu no, owiee sukuu no na onyaa Nwomasua mu Bachelor of Education wɔ Cape Coast Sukuupɔn mu. Ɔnyaa Executive Masters wɔ Ghana Institute of Management and Public Administration.

Adwumayɛ[sesa]

Asum-Ahensah yɛ nwomasua ho nimdefoɔ. Ɔne Ghana Nwomasua Dwumadibea ( Ghana Education Service)ayɛ adwuma sɛ ɔkwankyerɛfoɔ boafoɔ a Ɔhwɛ Nwomasua so wɔ ma Jaman Atifi Mantam.[3] Berɛ a ɔhyɛn amammuisɛm mu akyi no, wɔpaw no sɛ Ɔsofoɔ a ɔhwɛ Amammerɛ ne Amanneɛ so wɔ Kyinii amanyɔkuo ( National Democratic Congress-NDC) aban a Ɔmampanyin John Atta Mills di wɔn anim no mu.[4]

Amanyɔsɛm[sesa]

Asum Ahensah na wɔpaw no sɛ mmarahyɛbadwani deɛ edi kan wɔ mfeɛ Mpem Mmienu ne nnan (2004) Ghana Amansan abatoɔ no mu. Wɔpaw no sɛ ongyina Jaman North amansin no ananmu wɔ mmarahyɛbadwafie, berɛ a wɔhyehyɛɛ no ​​foforoɔ wɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so 4 no mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nan no akyi.[5][6]Wɔpaw no wɔ kyiniiɛ Ammanyɔkuo ( National Democratic Congress-NDC)tekiti so. Na n'abatoɔ mpɛsoa no ka mmarahyɛbadwa nkondwa du 10 kyiniiɛ amanyɔkuo (National Democratic Congress-NDC) nya firii mmarahyɛbadwa nkondwa aduonu-nan (24) wɔ Bono Ahafo mantam no mu saa berɛ no ho. National Democratic Congress dii nkonim kɛseɛ bi a wɔnyaa mmarahyɛ badwa nkondwa Aduɔkron-Nson (94) wɔ nkondwa Aha-mmienu ne aduasa ( 230 ) a na ɛwɔ mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nan (4) a ɛwɔ kwasafomam a ɛtɔ so 4 no mu. [7] Wɔde mma mpem du-mmienu ne Aduonu-mmeɛnsa (12,027) a ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekyem aduonum-mmienu ne akyiri pɔ aduonum ( 52.50%)na ɛpaw Asum Ahensah wɔ mma mpem aduonu -mmienu, ahanwɔtwe ne nwɔtwe a wɔtoeɛ no mu. Ɔdii Kofi Oti Adinkrah a ofiri ɔsono kokroko ammanyɔkuo ( New Patriotic Party-NPP) no so nkunim. Afei , Twene Aduasare Kwasi a ofiri Convention People’s Party ne M. Abdulai Freeman a ofiri Democratic People’s Party mu no nyinaa, ɔdii wɔn so nkonim. Yeinom nyaa mma a wɔnyaeɛ no nyinaa ne Ɔha nkyekyem aduana-num ne akyiri pɔ aduonum, (45.50%), ɔha nkyekyem baako ne akyiri pɔ aduɔkron(1.90%) ne ɔha nkyekyem hwee (0.00%) pɛpɛɛpɛ.[8]

Wɔsan paw Asum-Ahensah sɛ mmarahyɛbadwani wɔ Gyaaman Atifi (Jaman North) mantam no mu wɔ mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so num ( 5 ) Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nnan no mu. Wɔpaw no wɔ kyiniiɛ amanyɔkuo (National Democratic Congress-NDC ) tekiti so.[9] wɔde mma mpem Du-mmeɛnsa Aha-mmeɛnsa ne aduonum nkron (13,359) a ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekyem aduonum -num ne akyiri pɔ aduonu nwɔtwe (55.28%) na ɛpaw no, wɔ mma mpem aduonu-nan, ɔha ne aduasa nsia (24,166) a wɔteɛ no. Ɔdii Siaka Stevens a ofiri ɔsono kokroko ammanyɔkuo ( New Patriotic Party-NPP)no mu no so nkonim ; Afei nso Otteng Atta Dickson a ofiri Convention People's Party no mu ne Nyuah Abraham a ɔfiri ( People's National Congress-). Yeinom nyinaa nyaa mma no mu ɔha nkyekyem Aduanan-Mmienu(42.94%), ɔha nkyekyem baako ne akyiri pɔ nan(1.04%) ne ɔha nkyekyem hwee ne akyiri pɔ aduɔson-nan (0.74%)

N'ankasa Abrabɔ[sesa]

Asum-Ahensa aware awo mmamu nsia . Ɔyɛ kristoni a ɔsom wɔ Pɛntikɔso Asafo no mu.

Baabi a menyaa mmoa friiɛ[sesa]

  1. Ghana MPs - MP Details - Asum-Ahensah, Alex, 2016-05-06, archived from the original on 2016-05-06, retrieved 2023-10-01
  2. Ghana MPs - MP Details - Asum-Ahensah, Alex, 2016-05-06, archived from the original on 2016-05-06, retrieved 2023-10-01
  3. Ghana MPs - MP Details - Asum-Ahensah, Alex, 2016-05-06, archived from the original on 2016-05-06, retrieved 2023-10-01
  4. Alexander Asum-Ahensah, Biography, retrieved 2023-10-01
  5. Jaman North, retrieved 2023-10-01
  6. Peace FM (2014-12-17), Ghana Election 2004 Results - Jaman North Constituency, retrieved 2023-10-01
  7. Kwaku Krobea Asante (2016-08-10), Statistics of Presidential and Parliamentary Election Results (in American English), retrieved 2023-10-01
  8. Peace FM (2014-12-17), Ghana Election 2004 Results - Jaman North Constituency, retrieved 2023-10-01
  9. Results Parliamentary Elections, archived from the original on 2023-09-06, retrieved 2023-10-01