Siaka Stevens

Ɛfi Wikipedia
Hon.
Stevens Siaka
Member of the Ghana Parliament
for Jaman North constituency
Ne ho asɛm
Awo bereDecember 31, 1964 (1964-12-31) (age 59)
Sampa, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
N'adwumaPolitician

stevens Siaka yɛ Ghana amamanyɔni na Adehyeman a ɛtɔ so nan wɔ Ghana Mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nson no mu ni a ɔgyina Jaman North amansini ananmu wɔ Bono Mantam mu wɔ New Patriotic Party no tekiti so.[1] Siaka Stevens yɛ kane Mmarahyɛbadwa abadwakuo a Wɔapaw Wɔn a Ɛhwɛ Nhomasua So no Titenani. Na mprempren yi ɔyɛ Ɔsoafoɔ Abadiakyire a ɔhwɛ Bono Mantam no so.[2][3][4]

Abrabɔ Ahyaseɛ ne Nwomasua[sesa]

Wɔwoo Siaka wɔ ɔpɛnimaa da a ɛtɔ so aduasa baako, afe Apem, Ahankron ne Aduosia-nsia (1964 )na ɔfiri Sampa a ɛwɔ Bono Mantam mu wɔ Ghana.[5] Na ɔwɔ ne master’s degree wɔ Public Administration ne Post Graduate Diploma wɔ GIMPA. Ɔsan nso nyaa ne bachelor’s degree wɔ Management ne Diploma wɔ Accounting ne Business Management mu wɔ University of Education, Winneba. Ɔsan nso nyaa Diploma wɔ Akontaabuo ne Adwumayɛ Ho Nhwehwɛmu mu wɔ Cambridge Tutorial College a ɛwɔ London . Afei, ɔnyaa adansedie krataa wɔ adwadie Mmara mu wɔ Institute of Management Studies.[6]

Amanyɔsɛm[sesa]

Siaka yɛ Ɔsono kokroko ammanyɔkuo New Patriotic Party-NPP no mu ni . Ɔyɛ Ɔmantam Ɔsoafoɔ Abadiakyire wɔ Bono Mantam mu firi 27 Oforisuo 2019 kɔsi Ɔpɛpɔn 2021. Siaka yɛ amyɔni a n'ani ku asomdoeɛ ho pa ara. Wɔ Obubuo, mfeɛ Mpem-Mmienu ne aduonu(2020) mu no, ɔtuu ɔmanfoɔ fo sɛ wɔbɛsɔ ɔman Ghana asomdwoeɛ a atena hɔ daa no mu yie na ama 2020abatoɔ no ayɛ Asomdwoeɛ. Ɔkaa sɛ, obiara mmɔ ne ho mmɔden sɛ ɔbɛhwɛ ama asomdwoeɛ aba beaeɛ ahodoɔ na abotoɔ no rebɛkɔ so no.

Bono Mantam soafoɔ Siaka ka too so biom sɛ amanyɔkuo ahodoɔ no ne wɔn akyidifoɔ mma ɔmanfoɔ nka ho nhia wɔn wɔ abatoɔ a na ɛrebɛkɔ so no mu berɛ a wɔrehwehwɛ amanyɔsɛm mu tumidie no.

Owura

wer.

Stevens maa saa afutuo yi de hwɛɛ sɛ asomdwoeɛ bɛkɔ so wɔ 2020 abatoɔ no mu ama ayɛ bɔkɔɔ wɔ Bono Mantam ne Ghana ny inaa.[7]

Baabi a Menyaa Mmoa Friiɛ[sesa]

  1. Stevens, Siaka (in American English), retrieved 2023-10-02
  2. GNA (2020-11-21), Let's defend our prevailing peace – Mr Stevens | News Ghana (in American English), retrieved 2023-10-02
  3. GNA (2020-11-21), Let's defend our prevailing peace – Mr Stevens | News Ghana (in American English), retrieved 2023-10-02
  4. Evans Annang (2019-12-27), Make computer science a core subject in schools - Minister calls on GES (in English), retrieved 2023-10-02
  5. Stevens, Siaka (in American English), retrieved 2023-10-02
  6. Stevens Siaka, Biography, retrieved 2023-10-02
  7. Let's defend our prevailing peace – Siaka Stevens | GhHeadlines Total News Total Information (in American English), 2020-11-14, retrieved 2023-10-09