Brong Ahafo Mantam

Ɛfi Wikipedia

Brong Ahafo (About this soundpronunciation of"Brong Ahafo Region")  mantam yɛ mantam a ɛwɔ ɔman Ghana [1]anaafoɔ famu. Na mantam no ne Black Volta na ɛbɔ hyeɛ wɔ atifi fam, Lake Volta wɔ apueiɛ fam na ɛne Asante Mantam, Apueiɛ Mantam ne Atɔeɛ Mantam na ɛbɔ hyeɛ wɔ anaafoɔ fam. Brong Ahafo Mantam no kuropɔn ne Sunyani.[2] Wɔtee mantam no wɔ Oforisuo 14,1959 frii Atɔeɛ Asante Mantam a na ɛwɔ hɔ saa berɛ no mu. Wɔfaa mantam no din frii nnipakuo a na wɔdɔɔso paa ara wɔ saa beae no din mu.Saa nnipakuo yi ne Akan, Bono ne Ahafo. [3] Wɔ afe 2019 mu no, wɔkyɛɛ mantam no mu mmiɛnsa ma ɛbɛyɛɛ Bono Mantam, Bono Apueɛ Mantam ne Ahafo Mantam. [4]

Sikasɛm Ne Nsrahwɛ[sesa]

Brong Ahafo Mantam no yɛ beae a woyɛ kuadwuma paa. Wonya wɔn sika no mu dodoɔ no ara fri kooko kuayɔ ne kuadwuma ahodoɔ mu. [5] Mantam no wɔ beae ahodoɔ a wotumi kɔ nsrahwɛ wɔ hɔ pii nanso nkorɔfoɔ pii nnim no saa senea wonnim nsrahwɛbea ahodoɔ a ɛwɔ Asante Mantam ne Mfinfini Mantam no. Nsrahwɛbea a ɛwɔ mantam no mu bi ne Kintampo, Kintampo 'Waterfalls',Buabeng-Fiema Monkey Sanctuary, Bui National Park, Digya National Park, Tano Boase ne Buoyem Sacred Grove.[6]

Nhomasua[sesa]

Paul Yeboah ne obi a ɔtee Ghana Permaculture Institute.[7] Ghana Permaculture Institute yɛ ahyehyɛdeɛ a wɔmmfa mmpɛ mfasoɔ a ɛwɔ Techiman wɔ Brong Ahafo Mantam a ɛwɔ Ghana.[8] Ahyehyɛdeɛ n'atirimpɔw ne sɛ wɔbɛtete nnipa a wɔwɔ mpɔtam mpɔtam ama watumi ahwɛ wɔn nnuansɛm ne wɔn nneyɛe ahodoɔ so yie denam nneɛma a ɛwɔ abɔdeɛ mu so. Ahyehyɛdeɛ yi nhyehyeɛ ahodoɔ a wɔde gu akwan mu no yɛ nea etumi boa bɔ afifideɛ ne mmoa ahodoɔ atenae ho ban na ɛsan boa ma asetena wɔ nkuro akɛseɛ mu ne nkuraaseɛ nyinaa tu mpon.[7][9]

Suapɔn ahodoɔ a ɛwɔ mantam no mu bi ne University of Energy and Natural Resources (UENR), Catholic University College of Ghana (CUCG), Anglican University of Technology (AnguTech), College of Science, Arts and Education (CSAE) and Sunyani Technical University.[10]

Agodie[sesa]

Brong Ahafo yɛ mantam a wonnim no sɛ agodifoɔ a wɔaben firi hɔ paa. Wɔn mu bi ne Asamoah Gyan, Emmanuel Agyemang-Badu and John Paintsil. Bɔɔlbɔ kuo ahodoɔ dunsia a ɛwɔ ɔman no mu a wɔbɔ Ghana Premier League no mu mmiɛnsa na ɛwɔ mantam yi mu. Aduana Stars FC yɛ bɔɔlbɔ kuo a ɛwɔ Dormaa Ahenkuro. Wosii akan wɔ Ghana Premier League agokansie no mu bere a edi kan wɔ afe 2009 mu na wodii nkunim wɔ saa akansie no mu. Wɔ afe a edi hɔ 2010 mu nso bɔɔlbɔ kuo a edii nkunim wɔ saa agokansie koro yi ara mu ne Berekum Chelsea FC a ɛwɔ Berekum. Wɔ afe 2017 mu nso Aduana Stars na edii nkunim wɔ agokansie no mu.[11] Bechem United FC ne bɔɔlbɔ kuo a ɛtɔ so mmiɛnsa a efiri Brong Ahafo Mantam akɔ Ghana Premier League no bi.

Mantam No 'Map'[sesa]

Districts of the Brong Ahafo region

Brong Ahafo Mantam 'Map'










Mansini A Ɛwɔ Mantam No Mu[sesa]

Wɔtee Brong Ahafo Mantam no wɔ Oforisuo bodome mu wɔ afe 1959 mu.[3] Mantam no wɔ mansini eduonu-nson(27).

# Mansini Kuropɔn
1 Asunafo North Municipal Goaso
2 Asunafo North Kukuom
3 Asutifi North Kenyaase
4 Asutifi South Hwidiem
5 Atebubu-Amantin Municipal Atebubu
6 Banda Banda Ahenkuro
7 Berekum East Municipal Berekum
8 Berekum West Jinjini
9 Dormaa West Wamfie
10 Dormaa Municipal Dormaa Ahenkuro
11 Dormaa West Nkrankwanta
12 Jaman North Sampa
13 Jaman South Municipal Drobo
14 Kintampo North Municipal Kintampo
15 Kintampo South Jema
16 Nkoranza North Busunya
17 Nkoranza South Municipal Nkoranza
18 Sene East Kajaji
19 Sene West Kwame Danso[12]
20 Sunyani Municipal Sunyani
21 Sunyani West Odumase
22 Tain Nsawkaw
23 Tano South Bechem
24 Tano North Duayaw Nkwanta
25 Techiman Municipal Techiman
26 Techiman North Tuobodom
27 Wenchi Municipal Wenchi

Nnipa Attitiriw[sesa]

Nnipa Attitiriw bi a wɔwɔ Bono Ahafo Mantam
Nnipa Beae A Ofi
Mathew Nkum Sunyani
Kevin-Prince Boateng Kyeremasu, Dormaa East
Asamoah Gyan Wenchi
James Kwesi Appiah Sunyani
George Benneh Jamdede
Emmanuel Agyemang-Badu Seikwa
John Paintsil Berekum
Kwadwo Afari-Gyan Berekum
Ernest Asante Sunyani
Beatrice Nkum Sunyani
Saddick Adams Sunyani
Nana Yaw Konadu Yeboah Sunyani
Kwame Saarah-Mensah Tanoso, Sunyani

Beae A Minyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. https://www.mappr.co/counties/ghana-regions/#:~:text=Ghana%20is%20divided%20into%20ten,Accra%2C%20Northern%2C%20Upper%20East.
  2. https://ghstudents.com/ghana-regions-and-capital-cities/
  3. 3.0 3.1 Archive copy, archived from the original on 2022-07-06, retrieved 2022-07-06{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  4. https://www.graphic.com.gh/news/general-news/ghana-news-former-brong-ahafo-region-to-mark-60th-anniversary.html
  5. Archive copy (PDF), archived from the original (PDF) on 2022-10-31, retrieved 2022-07-07{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  6. https://www.grassroottours.com/brong-ahafo/
  7. 7.0 7.1 https://themoringaproject.wixsite.com/kumasi/single-post/2015/11/17/Fieldresearch-Ghana-Permaculture-Institute
  8. Archive copy, archived from the original on 2022-07-15, retrieved 2022-07-15{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  9. https://ecovillage.org/ghana-permaculture-institute/
  10. https://www.4icu.org/gh/brong-ahafo/a-z/
  11. https://ghanasoccernet.com/full-list-of-past-ghana-premier-league-title-winners-since-1920
  12. https://sewda.gov.gh/about-us/