Akwasi Afrifa
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Akwasi Amankwaa Afrifa | |
---|---|
3rd Head of state of Ghana Military Head of state | |
Bere 2 April 1969 – 7 August 1970 | |
Odikanfo | Joseph Arthur Ankrah |
Ananmusini | Nii Amaa Ollennu |
1st Chairman of Presidential Commission Military Head of state | |
Bere September 1969 – 7 August 1970 | |
Prime Minister | Kofi Abrefa Busia (1 October 1969 - 13 January 1972) |
Odikanfo | Presidential Commission created |
Ananmusini | Nii Amaa Ollennu |
Ne ho asɛm | |
Awo bere | Mampong-Ashanti, Ashanti, Gold Coast (now Ghana) | 24 April 1936
Owu bere | 26 June 1979 Nkran, Gaana | (aged 43)
Nehokani | Christine Afrifa |
N'adwuma | Soldier |
Military service | |
Branch/service | Ghana Army |
Years of service | 1957–1970 |
Rank | Lieutenant general |
Lieutenant General Akwasi Amankwaa Afrifa (24 Oforisuo1936 – 26 Ayɛwohummumɔ 1979) yɛ kane manpanyin a odii asraafoɔ aban anim wɔ Ghana, na odii ade firi Oforisuo da ɛtɔ so , afe apem ahankrɔn aduosia nkrɔn (1969) kosii Ɔsanaa da a ɛtɔ so nsɔn, afe apem ahankrɔn aduosɔn (1970).[1] Ɔtoaa so sɛ kuanii ne amanyɔnii. Ɔtoo aba yii no sɛ marahyɛbadwani wɔ afe apem aha-nkron ne aduoson nkron mu (1979) nanso ɔyii no firii hɔ a wantumi ani akonwa no. Ɔne afoforɔ bi te sɛ , General Kutu Acheampong ne General Fred Akuffo, ɛne nkrɔfoɔ num (Utuka, Felli, Boakye, Robert Kotei and Amedume), wɔ Ayɛwohummumɔ 1979 . Na Okatakyie nso yɛ edin a nipa pii nso de frɛ no, na Akwasi Amankwaa Afrifa nso ka ho bi ɛne abakomahene of Krobo wɔ Asante-Mampong wɔ Asante man mu.
Sukuu[sesa]
Owiee ne ntoasoɔ sukuu Adisadel College no, ɔde ne ho kɔdom Ghana asraafoɔ kuo no wɔ afe apem aha-nkron ne aduonum nson mu (1957) nna ɔde no kɔɔ "Regular Officer's Special Training sukuu". ɛfiri hɔ no, ɔkɔɔ 'Mons Officer Cadet sukuu, Aldershot, wɔ England wɔ afe apem aha-nkron ne aduonum nnwɔtwe mu (1958). Ɔsan nso wiee 'officer training wɔ Royal Military Academy, Sandhurst, England. Wɔ afe apem aha-nkron aduosia baako (1961) mu no, na ɔwɔ sukuu of Infantry, Hythe, United Kingdom.
Adwumasɛm[sesa]
Ɛwɔ afe apem aha-nkron ne aduosia (1960) mu no, ɔyɛɛ Afrifa 'second lieutenant' wɔ Ghana Asraafoɔ kuo no mu. Ɛfiri afe apem aha-nkron ne aduosia mmienu (1962) de kɔ si afe apem aha-nkron ne aduosia nnan (1964) mu no, na ɔyɛ 'general staff officer' wɔ kuo no mu. Ɔsan nso kɔɔ 'Defence College', wɔ Teshie Accra. Na Afrifa ka officers no a wɔn som wɔ Ghana contingent of the United Nations Operation wɔ Congo no ho.[2]Afrifa kɔɔ n'anim bɛyɛɛ Major. Na ɔsan nso yɛ 'Staff officer' a na ɔhwɛ army training ne operations wɔ afe apem aha-nkron ne aduosia num (1965) mu.[3] Na ɔte Kumasi, wɔ 'second infantry Brigade' kɛseɛm.
Beae a menyaa mmoa fii[sesa]