Afia Pokua

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Afia Pokua
nnipa
sex or genderfemale Sesa
given nameAfia Sesa
occupationjournalist Sesa

Afia Pokua (a nnipa dodoɔ noa frɛ no Vim Lady)[1]Ghana nsɛntwerɛni ne obi a ɔdi Despite Media Group anim,di dwuma wɔ Peace kasafidie so,Okay kasafidie so Neat kasafidie so ne Hello kasafidie a ɛwɔ Kumase.

Nnwomasua[sesa]

Ɔkɔɔ ne ntoasoɔ sukuu wɔ Labone sukuu. Ɔsane kɔɔ Ghana Institute of Journalism ne Ghana Institute of Management and Public Administration ma bakyela degree wɔ mmara mu.[2]

Nnwuma[sesa]

Ɔyɛ ɛnkane samufoɔ ma Adom kasafidie,a ɛyɛ Multimedia Group Limited. Bɛyɛ mfeɛ nson nie Afia yɛɛ sɛ ɔbɛgyae adwuma wɔ Multimedia ɛnam ntawantawa bi a ɔne nea ɔtoto nnoɔma wɔ Kasafidie hɔ nyaeɛ.

ahinime bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nkron mu no, ɔfirii Multimedia de ne ho kɔbɔɔ UTV, kasa mfonin a ɛyɛ Despite Media Group dea. Seisei Afia ne kyeame ma Egyaso Gyasi, kaseɛbɔ dwumadie bi a agyedin a woyɛ no wɔ Okay kasafidie so ɛfiri Ɛdwoada kɔpɛm Efiada bɛyɛ anwummerɛ nnɔnson ne nnɔnkron abɔ apae mu ntam. Ɔno na ɔsane yɛ kyeame ma UTV anɔpa dwumadie bi a yɛyno Adekye Nsoroma.

Abasobɔdeɛ ne nkaeɛ[sesa]

Kasafidie ne kasamfoni abasobɔdeɛ na ɔgyee nsɛntwerɛni baa a ɔdimu wɔ kasafidie so abasobɔdeɛ wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nkron ne mfeɛ mpem mmienu ne aduonu mu.[3]

N'abrabɔ ankasa[sesa]

Kɔtonimaa bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu mu na Afia daa no adi a ɛdikan sɛ ɔwɔ babarima a ɔwɔ ne mmabunu mfie mu.[4]

Atuhoakyɛ adwuma[sesa]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nnwɔtwe mu no, ɔkɔfaa SugarDem Ministry baeɛ, a ɛyɛ ekuo bbi a ɛboa tene PepperDem asoeɛ a ɛboa ma mmaa ne mmarima nya nkitahodie soronko.[5]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://www.graphic.com.gh/entertainment/showbiz-news/vim-lady-s-departure-big-loss-to-adom-fm-and-a-gain-for-utv.html
  2. Archive copy, archived from the original on 2021-11-24, retrieved 2022-03-22{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  3. https://www.graphic.com.gh/entertainment/showbiz-news/full-list-of-2020-rtp-award-winners.html
  4. https://www.ghanacelebrities.com/2021/03/05/mamas-boy-vim-lady-outdoors-her-handsome-son-who-is-a-year-older-today/
  5. http://citifmonline.com/2018/02/26/we-never-said-cooking-by-women-is-slavery-pepper-dem-clarifies-stance/