Aaron Michael Oquaye

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Aaron Mike oquaye
Aaron Mike Oquaye, 2019
Speaker of the Parliament of Ghana
(6th Speaker of the Fourth Republic)
Bere
7 January 2017 – 6 January 2021
OdikanfoEdward Adjaho
AnanmusiniAlban Bagbin
Second Deputy Speaker of Parliament
Bere
7 January 2009 – 6 January 2013
OdikanfoKenneth Dzirasah
AnanmusiniJoe Ghartey
Member of Parliament for Dome-Kwabenya
Bere
7 January 2005 – 6 January 2013
OdikanfoNew constituency
AnanmusiniSarah Adwoa Safo
Minister for Communication
Bere
January 2006 – July 2007
OdikanfoAlbert Kan-Dapaah
AnanmusiniBenjamin Aggrey Ntim
Minister of Energy
Bere
2005–2006
OdikanfoPaa Kwesi Nduom
AnanmusiniJoseph Kofi Adda
High Commissioner to Maldives
Bere
2003–2005
High Commissioner to India
Bere
2001–2005
Ne ho asɛm
Awo bere
Michael Aaron Oquaye

4 April 1944 (1944-04-04) (age 80)
Osu, Accra, Gold Coast
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
NehokaniAlberta Oquaye
Mma6
AdesuaPresbyterian Boys' Secondary School
Apam Senior High School
University of Ghana
University of London
Lincoln's Inn
Sukuu a w'akɔSOAS University of London (Ph.D)
N'adwuma

Aaron Mike Oquaye (wɔwoo no 4 Ayɛwohomumɔ 1944) yɛ Ghana mmaranimfoɔ ne amannyɔni a ɔyɛɛ Mmarahyɛ Badwa no Kasafoɔ anaa kyeame a ɔtɔ so nsia wɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nnan no mu firi afe 2017 kɔsi afe 2021.[1] Ɔyɛ adesuafoɔ, ɔman amannyɔni ne Baptist ɔsomfoɔ, na ɔdii kan kuraa cabinet ministerial portfolios a ɛfa ahoɔden ne nkitahodiɛ ho na ɔsan nso yɛ Ghana High Commissioner wɔ India (2002–04) wɔ Kufuor amanmuo mu.[2]

Mfitiaseɛ asetena[sesa]

Wɔwoo Michael Aaron Oquaye wɔ Ayɛwohomumɔ bosome no da a ɛtɔ so nan wɔ afe 1944 wɔ Osu, Accra, Ghana (saa bere no na ɛyɛ Gold Coast), na ne papa ne E. G. N Oquaye a ɔfiri Osu ne Felicia Awusika Abla Oquaye (nee Azu) a ɔfiri Odumase-Krobo.[2] Wɔtetee no wɔ Asamankese wɔ ɔman no Apuei Fam Mantam mu, faako a ɔkɔɔ Roman Katolek Mfitiaseɛ Sukuu ne Presbyterian Mfinimfini Sukuu ansa na ɔrekɔ Presbyterian Mmarimaa Ntoasoɔ Sukuu (PRESEC), wɔ Odumase-Krobo ne afei Apam Senior High School.

Ná Oquaye papa, E. G. N. Oquaye, yɛ United Gold Coast Convention (UGCC) a wɔhyehyɛɛ no wɔ Asamankese no mu ni. Na ɔsane nso yɛ sikakorafoɔ ne sikasɛm sohwɛfoɔ titire wɔ UGCC, Gold Coast Party (GCP), National Liberation Movement (NLM) ne United Party (UP) wɔ Asamankese. Bere a na Oquaye yɛ abofra no, n’abusua gyee amanyɔfoɔ ne anuonyamfoɔ te sɛ Ɔbenfo J. B. Danquah ne Ɔbenfo Kofi Abrefa Busia sɛ ahɔhoɔ wɔ wɔn fie. Okyenhene Nana Ofori Atta II, bere a na ɔwɔ nnommumfa mu wɔ Accra no, na ɔsane kɔ Oquaye abusua fie a ɛwɔ Asamankese no mu daa.

Nwomasua ne mmara adwuma[sesa]

Oquaye kɔɔ Presbyterian Boys' Senior Secondary School, faako a ɔnyaa ne GCE "O"-Level Certificate, na afei Apam Secondary School maa ne "A" Level Certificates. Ɔkɔɔ Ghana Suapɔn na akyiri yi ɔkɔɔ London Suapɔn, wɔ Lincoln's Inn, London. Ɔwɔ B.A. (Hons.) Amanyɔsɛm ho nyansahunu, L.L.B. (Hons.), B.L., na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ. ne PhD. Ɔyɛ mmaranimfoɔ ne mmaranimfoɔ a ɔfata, ne nea ɔhyehyɛɛ n’ankasa mmara adwumayɛbea ne ne yɔnko panyin. Ɔyɛ England ne Wales Asɛnnibea Kunini no mmaranimfoɔ, Ghana Mmaranimfoɔ Kuo no mu panyin, na ɔyɛ mmaranimfoɔ ma nnwumakuo ne sikasɛm asoɛe ahodoɔ bi a wɔagye din.[3]

Nwomasua mu adwuma[sesa]

Oquaye yɛ Amanyɔsɛm ho ɔbenfo wɔ Ghana Suapɔn, (Legon), na kan no na ɔyɛ Amanyɔsɛm Dwumadibea no Titenani ne sukuupɔn no Adesua badwa no mu ni, tumidie a ɛkorɔn sen biara wɔ faculties no gyinabea. Ɔnyaa ne Ph.D wɔ School of Oriental and African Studies wɔ London, na ɔnyaa Rockefeller Senior Scholar Award wɔ afe 1993 ne Senior Fulbright Scholar Award wɔ afe 1997. Wayɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ nsrahwɛfoɔ wɔ George Mason Suapɔn mu wɔ Virginia. Efi 1997 kɔsi afe1999 no, na ɔyɛ Afrika Amanyɔsɛm Fekuo (AAPS) a ɛwɔ Zimbabwe no titenani abadiakyiri.

Nwoma ahodoɔ ne nsɛm a wɔka de gyina nkurɔfoɔ akyi[sesa]

Sɛ́ nwoma twerɛfoɔ no, Oquaye ayɛ nhwehwɛmu na watintim nwoma ahodoɔ pii a ɛfa nnisoɔ pa, ntawantawadie, amammusɛm ho adesua, decentralization ne nkɔsoɔ, nnipa hokwan ahodoɔ, asraafoɔ a wɔde wɔn ho hyɛ amammusɛm mu, NGO ahodoɔ, nkuraase nkɔsoɔ ne mmarima ne mmaa ho nsɛm ho. Ɔkamfoɔ hokwan ahodoɔ a mmaa wɔ, a affirmative action ka ho.

Ɔno na ɔkyerɛw nwoma a ɔdii nkonim wɔ abasobɔdeɛ mu a wɔfrɛ no Politics in Ghana, 1972–1979, a ɔkyerɛɛ, nea ɛka ho ne, asraafo sɛ Aban ne Amanyɔsɛm mu ɔhaw wɔ Afrika na ɔkaa nsɛm a ɛfa nnipa hokwan ahodoɔ a wɔabu so, amammusɛm a ntawantawadie wom, sikasɛm ho asɛm adwumayɛ a ɛnteɛ ne ɔman no mu ɔsɛe. ɔtwerɛɛ nwoma a ɛto so mmienu, Politics in Ghana, 1982–1992, a ɛfa ɔman anidane amammusɛm, CDRs, Ɔmanfoɔ Asɛnnibea ahodoɔ, ɔmanfo tumi, animtiaabu pa ne nnipa hokwan ho nsɛm a na ɛwɔ hɔ saa bere no ho. Wɔatintim ne nwomanimfoɔ nsɛm wɔ amanaman ntam nsɛmma nhoma ahodoɔ te sɛ Human Rights Quarterly (U.S.), Journal of Commonwealth and Comparative Politics (UK), African Affairs (UK), ne Review of Human Factor Studies (Canada) mu.

Amammuo mu adwuma[sesa]

Sɛ́ osuani wɔ Ghana Suapɔn mu no, Oquaye de ne ho hyɛɛ ɔsatuo no mu maa J. B. Danquah / Kofi Abrefa Busia asɛm no. Oquaye foaa Busia ɔfrɛ a ɛne sɛ wɔnsane nkɔ ɔmanfoɔ nnisoɔ mu ntɛm na wɔasiw ɔman no asraafo a wɔde wɔn ho bɛhyɛ mu no akyi denneennen na ɔne n’abusua boa ma wɔhyehyɛɛ Nkɔsoɔ Kuo no wɔ Osu wɔ afe 1969 mu.

New Patriotic party[sesa]

United Party-Progress Party atetesɛm no na ɛma wɔhyehyɛɛ, wɔ afe 1992 mu, New Patriotic Party (NPP), a Oquaye yɛ ɔmannifoɔ a ɔhyehyɛɛ no. Ɔyɛ NPP mantam Ɔtwerɛfoɔ a ɔdi kan ma Greater Accra wɔ afe 1992 mu, na ɔsan nso yɛ Party no Titenani a ɔdi kan ma Ga Mantam Nkuraaseɛ Mansini, a akyiri yi ɛpaapaee yɛɛ no Ga West Mansini ne Ga Apuei Mansini . Na ɔyɛ Nhwehwɛmu Badwakuo no twerɛfoɔ na na ɔyɛ NPP man Ɔsatuo Kuo a ɛdi kan no mu ni wɔ afe 1992 bosome mmiensa mu.

Ɔne NPP mfinimfini nnipa afoforɔ a wɔn mu bi ne Ɔmampanyin John Kufuor, Nana Addo Dankwa Akufo-Addo, R. R. Amponsah, Ɔbenfo Adu-Boahen, Peter Ala Adjetey, B. J. da Rocha ne Samuel Odoi-Sykes yɛɛ adwuma de bɔɔ mmɔden yiye maa NPP nkonimdie wɔ afe 2000 amansan abatow no. Oquaye dwumadie wɔ party no nkonimdie mu, a na ɛfa nsɛm ho amanneɛbɔfoɔ ntoboa ne ho a ɔde hyɛɛ party no dwumadiɛ foforɔ mu wɔ afe 1993 ne 2000 ntam no, wobu no sɛ ɛho hia.[4][5]

Ɔmanpanyin ne Ɔman Soafoɔ[sesa]

Efiri afe 2001 kɔsi afe 2004 no, Oquaye yɛɛ Ghana Ɔmanpanyin wɔ India. Wɔ Ɔpɛpɔn bosome no mu wɔ afe 2005 mu no, ɔbɛyɛɛ Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Ahoɔden so, na akyiri yi wɔde no kɔɔ Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Nkitahodie so.[6]

Mmarahyɛbadwa adwumayɛ[sesa]

Oquaye yɛ NPP Mmarahyɛ Bagua no mu ni wɔ Dome-Kwabenya mprɛ mmienu, ɛfiri afe 2004 kɔsi afe 2012. Ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔrennyina hɔ mma dibea foforo. Ɔboaa ne ba barima, Mike Oquaye Jnr, sɛ ɔnko sɛ ɔbɛyɛ NPP Mmarahyɛ Bagua no mu ni ma ɔmansin no. Nanso ne ba no dii nkogu wɔ Sarah Adwoa Safo anim, na ɔkɔɔ so dii nkonnwa no.

Efiri afe 2009 kɔsi afe 2013 no, na Oquaye yɛ Mmarahyɛ Badwa no Kasafo anaa kyeame Abadiakyiri a ɔto so mmienu. Joe Ghartey na ɔdii n’ade wɔ afe 2013 mu.

Mmarahyɛ Badwa no Kasafoɔ anaa kyeame[sesa]

Oquaye yɛɛ Mmarahyɛ Badwa no Kasafo anaa kyeame wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so nan mmarahyɛ Badwa a ɛto so ason no mu. Wɔ afe 2021 mu no, New Patriotic Party no yii no sɛ ɔnyɛ Mmarahyɛ Badwa no Kasafo a ɔdii nkoguo wɔ Alban Kingsford Sumani Bagbin wɔ Ɔpɛpɔn bosome no da a ɛtɔ so nson a National Democratic Congress yii no no. Alban Kingsford Sumani Bagbin de too dwa wɔ mmarahyɛ Badwa no nhyiamu a ɛdi kan no mu sɛ wɔde abatoɔ 138 na ɛyii no berɛ a Mike Oquaye nyaa abatoɔ 136.[7]

Ankorankoro asetena[sesa]

Oquaye yɛ Baptist Asɔre no sɔfo. Ɔwaree Alberta Oquaye (woo Asafu-Adjaye) (Major Rtd.) a ɔyɛ ɔyarehwɛfoɔ a ɔyɛ adwumaden. Ɔyɛ Mike Oquaye Jnr, Ghana High Commissioner a ɔwɔ India mprempren no agya.

Nneɛma a Oquaye ani gye ho ne bɔɔlbɔ, pon so tɛnis, nwoma akenkan, atwerɛ, ne nnwom a ɔtie.

Nwoma ahodoɔ a wɔahyehyɛ[sesa]

Nnwuma a wɔatwerɛ[sesa]

Amanyɔsɛm wɔ Ghana, 1982–1992 (Tornado Nwoma, 1980, ISBN 9789964980085)

Kabimamenkabi, Amanyɔsɛm ne Ntawantawadie Ho Nsiesiei wɔ Nnɛyi Ghana (Gold-Type Publication, 1995) .

Akyinnyegyeɛ ahodoɔ[sesa]

Wɔ Ɔpɛpɔn bosome no mu wɔ afe 2020 mu no, nsɛm ho amanneɛbɔfoɔ yɛɛ basabasa wɔ amanneɛbɔ a ɛkyerɛ sɛ Mmarahyɛ Badwa no kasafoɔ, Aaron Mike Oquaye ahunahuna sɛ ɔbɛbara nsɛm ho amanneɛbɔfoɔ a wɔfa nsɛm foforɔ a ɛsisiiɛ wɔ Mmarahyɛ Badwa no dan afoforɔ mu a ɛnyɛ dan a mmarahyɛbadwafoɔ no nyinaa hyia mu no mu.[8][9]

Wɔ ɔsanaa bosome no mu wɔ afe 2020 mu no, ɔmaa badwam kasa bi wɔ Founders' Day a wɔdi ho, a ɔkaa wɔ mu sɛ "Ahofadie nyɛ onipa baako ɔyɛkyerɛ, na ɛyɛ mmɔdenbɔ a wɔbom yɛ". Sɛnea Oquaye kyerɛ no, ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ kane ɔmampanyin Kwame Nkrumah nkutoo ni na mmom ɛsɛ sɛ wɔka bom ne Ghana agyanom a wɔhyehyɛɛ no nyinaa. Oquaye nso kaa sɛ ɛnyɛ Nkrumah nko ara na ɔrepere ahofadie ɛwom sɛ ɔko maa Ghana ahofadie. Nkrumah ba barima Sekou Nkrumah kasa tiaa Ɔbenfo Oquaye wɔ saa nsɛm no ho, na ɔkaa sɛ sɛ mmarahyɛ badwa no kasafoɔ no pɛ sɛ ɔkasa tia n’agya a wawu a, ɛsɛ sɛ ɔka ɔman baako nhyehyɛe ne Preventive Detectionn Act (PDA) a wɔde bae wɔ Nkrumah bere so no ho asɛm.

baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Abu Mubarik (2017-01-06), Prof. Aaron Mike Oquaye sworn-in as Speaker (in English), retrieved 2023-10-03
  2. 2.0 2.1 Profile of Prof Aaron Michael Oquaye - MyJoyOnline.com (in American English), 2021-01-06, retrieved 2023-10-03
  3. Profile of new Speaker of Parliament, Aaron Mike Ocquaye - MyJoyOnline.com (in American English), 2017-01-07, retrieved 2023-10-03
  4. Mike Oquaye tipped to be the next speaker of Ghana's Parliament (in American English), 2016-12-13, retrieved 2023-10-03
  5. Kojo Emmanuel (2016-12-14), Mike Oquaye, Freddie Blay, Joe Ghartey tipped to be Speaker of Parliament (in English), retrieved 2023-10-03
  6. Profile of Hon. Professor Aaron Michael Oquaye (in English), 2017-01-06, retrieved 2023-10-03
  7. ‘I was elected Speaker after securing 138 votes’ – Bagbin (in American English), 2021-01-15, retrieved 2023-10-03
  8. Speaker summons Dean of Parliamentary press corps over journalists’ ‘misconduct’ (in American English), 2020-02-26, retrieved 2023-10-03
  9. Manasseh Fights Speaker Of Parliament Over Threat To Punish Journalists, 2020-02-27, archived from the original on 2020-02-27, retrieved 2023-10-03