Albert Kan-Dapaah

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Albert Kan-Dapaah
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameAlbert Sesa
date of birth14 Ɔbɛnem 1953 Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni, chartered accountant, university teacher Sesa
employerSocial Security and National Insurance Trust, University of Ghana Sesa
educated atUniversity of Professional Studies, Accra, University of Westminster Sesa
member of political partyNew Patriotic Party Sesa
religion or worldviewMethodism Sesa

Albert Kan-Dapaah yε obi a wɔwoo no wɔ Ɔbɛnem bosome da a ɛtɔ so du-nan wɔ afe apem ahankron ne aduonum mmiɛnsa mu, ɔyɛ Ghana manyɔnii a ɔsan nso yε kontabufoɔ. Mprenpren yi ɔyɛ ɔmansoafoɔ a ɔhwɛ ahobanbɔ kuo so.[1] Ɔmanpanyin Nana Akuffo- Addo na ɛtoo nsa frɛɛ no wɔ Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so du wɔ afe mpem mmienu ne du nson mu (2017).[2]

Abrabɔ Ahyɛaseɛ ne Sukuu[sesa]

Wɔwoo Kan Dapaah wɔ Ɔbenem bosome da a ɛtɔ so du-nan wɔ afe apem aha nkron ne aduonum -mmiɛnsa (1953) mu. Ɔyɛ Asanteni a ɔfiri Maase-Boaman a ɛwɔ Asante Mantam mu.[3] Albert Kan-Dapaah kɔɔ mfinimfini ahankron sukuu wɔ Acherensua mfinimfini sukuu, ɛfiri afe ahankron aduosia-nan (1964) kɔsi afe ahankron aduosia-nkron mu (1969).[4] Ɔkɔsuaa nkontaabuo wɔ Abenfoɔ Adesua Suapɔn mu (University of Professional Studies) a ɛwɔ Legon a ɛwɔ Nkran. Ɔtoaa nkontabuo adesua no so wɔ Atifido-Apueɛ Suapɔn mu a ɛwɔ London aburokyireman mu ne Emily Woolf nkontabuo Suapɔn mu.

Adwuma[sesa]

Kan-Dapaah ne Pannel kerr Forster a ɛyɛ nkontabuo nhwehwɛmu panyin. Ɔyɛɛ adwuma wɔ wɔn adwumayɛbea a ɛwɔ Moronvia, Liberia ne London, UK aburokyireman mu firi afe apem ahankron aduoson-nwɔtwe (1978) kɔsi afe apem ahankron aduowɔtwe-nsia (1986) mu. Na ɔwɔ Ghanaman mu no, na ɔyɛ sika ho nkontaabuo nhwehwɛ panin wɔ Amansan bammɔ ne ɔman yiedie adwuma mu (Social Security and National Insurance Trust-SSNIT), ɛfiri Ɔpɛpɔn bosome mu, afe apem ahankron aduonwɔtwe-nson (1987) mu. Wɔ Ɛbɔ bosome mu no, ɔkɔyɛɛ adwuma wɔ Ghana anyinam kanea adwuma mu, baabi a ɔfirii sika ho nkontaabuo nhwehwɛmu panyin mu bɛyɛɛ ɔpanyin a ɔhwɛ sikasɛm so bɛyɛ mfe nsia mu. Na Kan Dapaah ka Kwesie, Kan-Dapaah ne Baah adwumakuo a ɛyɛ sika ho nkontaabuo no ho wɔ Nkran. Na ɔsane nso yɛ Kan-Dapaah n'ahokafoɔ a wɔyɛ aboafoɔkuo a wɔyiyi nsɛm ano no so hwɛfoɔ. Wasane akyerɛ sika ho nkontamu nhwehwɛ wɔ Adwuma Sukuu Hwɛsofoɔ (School of Business Administration) a ɛwɔ Ghana Suapɔn ne Prɔfɛsa Adesua Suapɔn mu (University of Professional studies) a wamfa ne mmerɛ nyinaa ankyerɛ.[5]

Amanyɔsɛm[sesa]

Na Albert Kan-Dapaah yɛ Asante Mantam nsiananmu wɔ Ɔman ho dɔ amanyɔkuo foforɔ (New Patriotic Party) afutufoɔ mu ɛfiri afe apem ahankron aduokron mmienu kɔsi afe apem ahankron aduokron nsia mu. Na ɔsane nso ka NPP sika ne sikasɛm ho kuo ho. Ɔnyaa Afigya-Sekyere akonwa so diiɛ wɔ afe apem ahankron aduokron nkron mmarahyɛbadwam abatoɔ no mu. Ɔsane dii akonwa no so wɔ Ɔpɛpɔn bosome mu wɔ afe apem ahankro aduokron nson wɔ n'amanyɔkuo mu,na w'atena n'akonwa no so wɔ mmarahyɛbadwam abatoɔ mprenu so wɔ mfeɛ mpem mmienu ne mfeɛ mpem mmienu ne nan mu. Ɔbɛyɛɛ ɔsoafoɔ a ɔhwɛ anyinam ahodoɔ so wɔ Ɔman panin dada Kufour amanmuo mu berɛ a NPP baa so wɔ mfeɛ mpem mmienu ne akyire no. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne mmiɛnsa amanyɔfoɔ kuo nsesaeɛ mu no, ɔbɛyɛɛ ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Nkitahodie ne Abɛɛfo mfidie so. Ɔbɛyɛɛ ɔsoafoɔ a ɔhwɛ aban mu nsɛm mu berɛ a Ɔmanpanin dada Kufour bɛdii adeɛ ne mprenu soɔ so no.

Beaɛ a Menyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. https://citinewsroom.com/2020/02/national-security-policy-document-to-be-ready-by-end-of-2020-kan-dapaah/
  2. https://citifmonline.com/2017/01/nana-addo-names-kan-dapaah-as-national-security-minister/
  3. https://web.archive.org/web/20070926233829/http://www.ghanadistricts.com/mps/?r=2&PHPSESSID=c1358924cc6c18e5b911edecccd90670&mpd=4&PHPSESSID=c1358924cc6c18e5b911edecccd90670
  4. https://www.ghanaweb.com/person/Albert-Kan-Dapaah-183
  5. https://www.graphic.com.gh/news/politics/kan-dapaah-appointed-director-centre-for-public-accountability.html