Kenneth Dzirasah

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Hon.
Kenneth Dzirasah
Member of the Ghana Parliament
for South Tongu
Member of Ghana Parilament
for South Tongu
Bere
7 Ɔpɛpɔn 1997 – 6 January 2001
ƆmanpanyinJohn Jerry Rawlings
Ne ho asɛm
Awo bere
Kenneth Dzirasah

Ghana
Ne manGhana
AmanyɔkuoNational Democratic Congress(NDC)
N'adwumaAmanyɔni

Kenneth DzirasahGhana amanyɔni. Na ɔka Ghana mmarahyɛbadwam a ɛtɔ so mmienu wɔ 4th Republic mu. Na ogyina hɔ ma South Tongu abatow mpesua a na ɛwɔ Ghana Firaw Mantam.

Ne mmofraberem[sesa]

Wɔwoo Dzirasah wɔ Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ du-mmiɛnsa afe apem aha-nkron ne aduonum nnan (1954) wɔ Ghana Atifi Mantam[1]. Ɔkɔɔ sukuu wɔ University of Ghana ne Ghana School of Law. Ɛhɔ no na onyaa abodin krataa wɔ mmarasua mu.

Amanyɔsɛm[sesa]

Dzirasah somee sɛ First Deputy Speaker wɔ Ghana mmarahyɛbadwam wɔ afe 2000 mu. Ɔsan somee sɛ Second Deputy Speaker wɔ Ghana mmahyɛbadwam wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnan (2004). Ɔmanpanyin a na odi Ghana so saa bere no ne John Agyekum Kufour.[2][3][4]

Yɛtoo aba maa Dzirasah kɔɔ mmarahyɛbadwam wɔ National Democratic Congress din mu. Wɔpaw no de ma South Tongu abatoɔ mpesua wɔ Ɔpɛnimaa mu wɔ afe apem aha-nkron aduokron nsia (1996) Ghana abatoɔ mu. Onyaa

22254 mma efi mma a wɔtoo nyinaa mu; eyi gyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛm aduosɔn mmienu (72.10%). Wɔn a wɔne no gyinaa wɔ saa abatow no mu ne Kuma Abenyega, Francis Seko Ahorgba ne Paul Kofi Hormeku. Wonyaa mma 4,235 egyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛm dumiensa (13.70%), mma 258 egyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛm 0.80%, mma 195 egyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛm 0.60%. Wɔgyinaa wɔ Independent, Convention People's Party(CPP) ne People's National Convention(PNC) din mu.[5]

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Dzirasah yɛ Kristoni.[1]

Beae a minyaa mmoa fii[sesa]

  1. 1.0 1.1 https://ghanamps.com/mp/dzirasah-kenneth-4/
  2. https://citinewsroom.com/2021/01/ex-deputy-speaker-ken-dzirasah-advocates-for-consensus-building-in-8th-parliament/
  3. https://citinewsroom.com/2022/03/supreme-court-shouldve-allowed-parliament-to-resolve-presiding-speaker-confusion-ken-dzirasah/
  4. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/New-parliamentary-chamber-unnecessary-Ken-Dzirasah-760540
  5. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/volta/208/