Željko Joksimović

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Željko Joksimović (Serbian Cyrillic: Жељко Јоксимовић, pronounced [ʒěːʎko jǒksimoʋitɕ] (listen); yɛwoo no Oforisuo bosome ne da a ɛtɔ so aduonu wɔ afe apem ahankron ne aduoson mmienu (1972) mu ) (About this soundpronounciation of“željko Joksimović” ) ɔyɛ Serbian vocalist, composer, songwriter, multi-instrumentalist and producer. Ɔbɔ instruments ahodoɔ dummienu a nea ɛka ho bi ne accordion, piano, guitar and drums. Joksimović yɛ obi a ɔka kasa ahodoɔ bebere, kasa a ɔtumi ka no yiye pa ara bi ne Greek, English, Russian, Polish ne French ne n'ankasa kurom kasa Serbian.[1]

Željko Joksimović
Awo bere20, April 1972
Belgrade, SR Serbia, SFR Yugoslavia
N'adwumaNnwomtoni • Nnwomtwɛrefoɔ • Composer • Instrumentalist
Years active1999- present

Ɔdwomtoni-dwomtwerɛfoɔ, Joksimović etumi ayɛ nnwom ama nnwomtofoɔ a ɛwɔ Balkans afanaa nyinaa. Watwerɛ ɔdɔ ho nnwom num (5) a agyina hɔ ama aman a ani sɔ wɔ Eurovision nnwom akansie: "Lane moje", "Lejla", "Oro", "Nije ljubav Stvar" ne "Adio". Ɔsane so yɛ nnwom ma wɔde twa sini, tv series ne theatre shows. Ɔgyinaa hɔ maa Serbia ne Montenegro wɔ Eurovision nnwomtoɔ akanasie mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan mu (2004) a ɔde ne dwom "Lane moje", tɔɔ so mmienu wɔ akansie no mu.[2] Ɔsane nso gyinaa maa Serbia wɔ Eurovision nnwomtoɔ akansie mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dummienu (2012) a ɔde ne dwom "Nije ljubav stvar" tɔɔ so mmiɛnsa wɔ akansie no mu.

Wɔ 2013, 2014 ne 2015, na ɔyɛ ɔtɛmmuafoɔ wɔ X Factor Adria, a ɛyɛ Western Balkan edition of The X Factor mu.[3]

Adwuma[sesa]

Abrabɔ ahyɛaseɛ

Željko Joksimović, yɛwoo no wɔ Oforisuo bosome ne da a ɛtɔ so aduonu wɔ afe apem ahankron ne aduoson mmienu (1972) mu wɔ Belgrade na ɔnyinii wɔ kuro bi a yɛfrɛ no Valjevo mu. Joksimović's abusua firi Vasojevići clan[4] željko's first international success baaeɛ wɔ mfeɛ dummienu (12) mu, berɛ a odii nkunim nyaa abasobɔdeɛ First Accordion of Europe wɔ nnwomtoɔ afahyɛ a ɛsom bo mu wɔ Paris. Ɔwie nnwom sukuu wɔ Belgrade suapɔn mu na ɔpaa n'adwuma sɛ nnwomtoni ho ntoma wɔ afe apem ahankron ne aduokron nson (1997) mu. Wɔ afe apem ahankron ne aduokron nwɔtwe (1998) mu no ɔdii nkunim wɔ Pjesma Mediterana nnwom afahyɛ akansie no mu a ɔde ne dwom "Pesma Sirena" na edii nkunim no, wei maa no nyaa akwannya dii dwuma wɔ Belarus nnwomtoɔ afahyɛ bebere ase. Serbian nnwomtoni no nyaa "Grand-Prix" abasobɔdeɛ wɔ afahyɛ mmienu ase wɔ ɔman no mu.[5]

1999-2003: Amajlija, Rintam and 111

Wɔbɔɔ nnwomtoni ketewa yi abaso sɛ folk ne pop nnwomtoni. Ne studio album a adi kan, wato din Amajlija, ka "Pesma Sirena" ne afoforo nson nso ka ho. Ne nkunimdie a adi kan yɛ ne nnwom baako "7 godina", a n'ankasa ne Leontina Vukomanović twerɛeɛ. Nnwom no kɔɔ anim kɔduruu beaeɛ a adii kan wɔ Serbian pop nnwom nhyehyɛeɛ mu, na amansan nyinaa bɛteeɛ wɔ Yugoslav aman mu.

Wɔ afe apem ahankron ne aduokron nkron (1999) mu ɔnyaa abasobɔdeɛ a adii kan a ɛso berɛ na ɔrebɛyɛ Grand Prix winner wɔ International Festival of Arts Slavianski Bazaar wɔ Vitebsk, Belarus.[6]

Wɔ 2001, Joksimović de ne nnwom a ɛtɔ so mmienu wɔ ne studio album Vreteno a ɔde too ne nnwom so wɔ album ne mu. Album ne so tracks bi ne "Rintam", "Balada", "Gadura" ne duet a ɔnebHaris Džinović "Šta će meni više od toga" yɛɛyɛ. Nnwom ho video mmiɛnsa na ɔyɛɛyɛ maa nnwom wɔ saa album no so.

111 na ɔde baa abɔnten wɔ 2002, a ɛrekɔ soro akɔdi kan wɔ pop nhyehyɛeɛ pono ma Serbia ne aman afoforo a ɛwɔ mantam hɔ. Nnwom no bi ne "Varnice", "Zaboravljaš" ne "Karavan".

Wɔ 2003, Joksimović twerɛɛ nnwom "Čija si" maa Macedonian nnwomtoni Toše Proeski a ɛnam so maa no dii nkunim nyaa Beovizija.

2004: Eurovision Song Context

Serbia ne Montenegro, de wɔn ho kyerɛ berɛ a adi kan wɔ 2004 Eurovision nnwom akansie no mu, yɛɛ sɛ wɔn ananmusifoɔ bɛfa Evropesma 2004, nnwomtoɔ afahyɛ ne akansie wɔ Serbia ne Montenegro. Joksimović dii nkunim wɔ akansie no mu, ɔde "Lane Moje", a Željko n'ankasa yɔɔyɛ, lyricist Leontina Vukomanović.

Ɛwɔ akansie a efiri hɔ a na deɛ ɛtwa toɔ koraa aba no, Joksimović tɔɔ so baako. Mmom wɔ awieeɛ akansie no mu no, ɔtɔɔ so mmienu a na ɔdi Ukrainian dwomtoni Ruslana akyi, nanso ɔnyaa "Marcel Bezencon Press Award" (Best Composer Award). "Lane Moje" yɛ nnwom baako a na ɛwɔ dwa pa ara wɔ Serbia ne Montenegro.

Nnwom no bɛgyee din wɔ Eurovision adɔfoɔ bebere mu na mmerɛ dodoɔ no ara wɔbu no sɛ ɛka best non-winning songs.[7][8][9]


2004–2007: After first Eurovision, IV and Platinum Collection

Wɔ ne nkumimdie akyire wɔ akansie no mu no, saa afe no ara mu, Joksimović tee MINACORD PRODUCTION. Efiri saa berɛ no, n'ankasa yɛ adwuma sane so yɛ nnwom wɔ ɔno ara ne studio. Wɔ 2007 ɔde nnwom a ɔno ara yɔɔyɛ baa abɔnten "Ledja o Ledja" a ɛbɛgyee din ara yiye wɔ aman a Željko tae di ne dwuma. Wɔ 2005, Ɔsan so yɛɛ nnwom maa Serbia ne Montenegro's national pre-selection maa Eurovision a yɛfrɛ no Beovizija. Željko yɛɛ nnwom tententen " Jutro" (Morning) a Jelena Tomaševuć de dii dwuma. Wɔ October 2005 mu no, ɔyɛɛ nnwom de dii dwuma (duet) ɔne Austrian nnwomtoni Tamee Harrison. Wɔtoo nnwom no din I Live my Life For You" a adii nkunim wɔ Europe afaana nyinaa. Berɛ yi mu, Željko twerɛɛ ne sini score a adi kan. Ɔne Cobra production nkitahodie mu no ɔne wɔn yɛɛ nnwom maa sini Ivkova slava (Ivko's fame). Saa afe no ara mu ɔde ne studio album a ɛtɔ so nan(4) baa abɔnten "IV" anaa "Ima nešto u tom što me nećeš". Wɔ saa album yi so no ɔsesaa ne nnwom su a ɛfa ne ho. Nnwom a ɛwɔ album ne so yɛ Pop ballads a ɛwɔ Serbian tete amammerɛ. Wɔ 2006 mu no, ɔyɛɛ Eurovision nnwom akansie 2006 nnwom Lejla maa Bosnia ne Herzegovina, a Hari Mata Hari de dii dwuma. Nnwom no saaeɛ wɔ beaeɛ a ɛtɔ mmiɛnsa, a ɛmaa Bosnia dwuma a ɔde diiɛi no bɛyɛɛ soronko. Ɔsane so nyaa Best Composer abasobɔdeɛ (COMPOSERAWARD 2006), a wɔde maa Željko firi nnwomyɛfoɔ a ɔbaa afahyɛ no ase bi.

Wɔ 2007 mu no, ɔde ne nnwom a ɛtɔ so mmienu a ɛgyee din ara yiye baa abɔnten berɛ a ɔka bɔm baako frɛɛ no Platinum Collection a nnwom mmaako mmaako afoforo mmienu "Devojko" ne "Nije do mene" wɔ so. Ɔsane so yɛɛ nnwom maa TV series "Ranjeni orao" ne "Ono nase sto nekad bejase". Saa afe no ara, wɔ nnipa mpem dunwɔtwe (18,000) anim Joksimović yɛɛ concert a ɔtoo ne nnwom a agye din nyinaa wɔ Belgrade Arena wɔ DVD titiled so "Koncert Beogradska Arena".

2008-2011: Eurovision hosting and Ljubavi

Ɛwɔ 2008 afe no ahyɛase mu no, Željko Joksimović yɛɛ nnwom a Jelena Tomašević de dii dwuma wɔ Serbian national final ma Eurovision nnwom nyiiiɛ, Beovizija 2008, a yɛfrɛ no "Oro". Nnwom yɛ folk ballad ne traditional folk Serbian elements. Ɛnam sɛ Serbia adi nkunim afa Eurovision nnwom akansie 2007 no nti, saa afe no wɔde akansie no baa ɔman no mu. Wɔ Ɔbɛnem bosome ne da a ɛtɔ so aduonu nan wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe (2008) mu no 2008 Eurovision organizers RTS kaeɛ sɛ wɔn ne Jovana Janković bɛbɔm ayɛ Eurovision nnwom akansie 2008 wɔ Belgrade, a wɔmaa no asɛdeɛ mmienu wɔ akansie no mu.[10] Tomašević's nnwom saaeɛ wɔ beaeɛ a ɛtɔ so nsia wɔ aman aduonu num (25) so wɔ akansie no awieeɛ mu. Nnwom no tɔɔ so nsia a na ekura mma 160, ɛne OGAE Greece faa no sɛ ɛyɛ dea wɔn ani gye ho paa wɔ afe no mu.

Afe akyi a ɔdwee n'ahome wɔ nnwomtoɔ mu no ɔde ne studio album a ɛtɔ so num (fifth) a wato din Ljubavi (2009) baa abɔnten wɔn a wɔdii ho dwuma ne Minacord ne City Records. "Ljubavi" yɛ din a ɔde maa ne pilot single wɔ album no so. Ne nnwom baako yi kɔɔ yiye wɔ Serbia ne nkuro a ɛbɛn no mu. Wɔ 2010 afe no ahyɛase no ɔde nnwom baako a ɛtɔ so mmienu wɔ album a wato din "žena Za Sva Vremena".

Ayɛwohomumɔ bosome ne da a ɛtɔ so dummienu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du (2010) mu, ɔyɛɛ concert a ɛso pa ara. Ɔyɛɛ no wɔ Asim Fwrhatović Hase Stadium wɔ Sarajevo, Bosnia ne Herzegovina, a ɛde nkonnwa 37,500 bɛba, ɛwom sɛ na nnipa dodoɔ a ɛbɛba no betumi aduru 80,000 wɔ nnipa 40,000 anim.

2012: Eurovision return[sesa]

Joksimović gyinaa hɔ maa Serbia wɔ Eurovision Song Contest 2012 wɔ Baku, Azerbaijan. Wɔfrɛɛ nnwom no "Nije ljubav stvar" a nea ɔyɔɔyɛ san so de dii dwuma ne Joksimović. Nea ɔde ɛmu lyrics baeɛ ne Marina Tucaković ne Miloš Roganović. Nnwom no borofo fam deɛ no de "Synonym" a Ljilja Jorgovanović de baaeɛ. Nnwom ne nyinaa nhyehyɛeɛ no nea ɔyɔɔyɛ ne Željko Joksimović ne Alek Alekov. Nnwom no postproduction ne mastering no nea ɔyɔɔyɛ ne James Cruz, ɔyɛ award-winning audio-mastering engineer wɔ n'ankasa New York studio. Nnwom no kɔɔ yiye pa ara, ɛsaaeɛ wɔ beaeɛ a ɛtɔ so mmiɛnsa.

Ɔwaree Jovana Janković wɔ Ɔpɛpɔn bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dummienu mu (2012).

2015: Eurovision Song Contest 2015[sesa]

RTCG too nsa frɛɛ Željko Joksimović sɛ ɔmɛyɛ nnwom ma Knez a ɔgyinaa hɔ maa Montenegro wɔ Eurovision nnwom akansie wɔ 2015 mu wɔ Vienna, Austria. Joksimović yɛɛ nnwom Adio na nnwom no wɔ nkyekyɛmu mmiɛnsa, wɔ Serbian, French ne Borofo kasa mu. Marina Tucaković ne Dejan Ivanović na ɛtwerɛɛ Serbian lyrics no, na borofo kasa mu deɛ no nso wɔn a wɔdii ho dwuma yɛ Swedish nnwom twerɛfoɔ Nicole Rodriguez, Tami Rodriguez, ne Serbian Milica Fajgelj ne Dunja Vujadinović.[11]

Recent concerts[sesa]

Obubuo bosome wɔ 2018, Željko Joksimović nyaa concert wɔ Arena Zenica – wɔ mfeɛ nwɔtwe ahomegyeɛ mu.[12] Ɔyɛɛ concert foforo a na yɛto din "Dva sveta" (Two worlds) wɔ Sava Centar bosome baako akyi.[13]

Joksimović wɔ ZSF 2019 singing Milimetar (mosaic artwork in the back­ground because of the lyrics)

Ɔsanaa bosome ne da a ɛtɔ so nkron, Joksimović too Zenica summer fest 2019 a ɔyɛɛ amansan dwumdie dɔnhwere mmienu a wannye hwee wɔ Zenica city square.[14]

Nnwom dodoɔ[sesa]

Studio albums[sesa]

  • 1999 Amajlija [City Records]
  • 2001 Vreteno [City Records]
  • 2002 111 [City Records]
  • 2005 IV [City Records]
  • 2009 Ljubavi [Minacord]

Live albums[sesa]

  • 2008 [1] Beogradska Arena Live [Minacord Records]
  • 2017 [2] Dva Sveta - Koncert Sava Centar (Live) [Minacord Records]

Compilations[sesa]

  • 2003 The Best Of Željko Joksimović
  • 2007 Platinum Collection
  • 2010 Ultimate Collection

Singles[sesa]

  • 2004 Leđa o leđa [City Records]
  • 2004 Lane moje CD+DVD [PGP RTS]
  • 2004 Lane moje/Goodbye (maxi-single) [Warner Music Group]
  • 2005 I live my life for you (with Tamee Harrison) [Warner Music]
  • 2007 Devojka [Minacord]
  • 2007 Nije do mene [Minacord]
  • 2008 Ono naše što nekad bejaše [Minacord]
  • 2010 Dođi sutra [Minacord]
  • 2012 Nije ljubav stvar [Minacord]
  • 2013 Ludak kao ja [Minacord]
  • 2015 Ranjena zver [Minacord]
  • 2017 Milimetar [Minacord]
  • 2018 Ponelo me [Minacord]
  • 2018 Menjaj pesmu [Minacord]
  • 2019 Možda je to ljubav [Minacord]

Duets[sesa]

  • 2001 Haris Džinović – Šta će meni više od toga
  • 2004 Dino Merlin – Supermen
  • 2005 Tamee Harrison – I Live My Life For You
  • 2012 Samuel Cuenda " Su amor me venció"
  • 2009 Miligram - Libero
  • 2014 Daniel Kajmakoski – Skoplje - Beograd
  • 2014 Toni Cetinski – Zabluda
  • 2018 Emina Jahović – Dva aviona

Soundtracks[sesa]

  • 2005 "Ivkova slava", (Željko Joksimović, Jelena Tomašević & Nikola Kojo) [Minacord – City Records]
  • 2009 "Ranjeni Orao" [Minacord – City Records]

Other works[sesa]

  • 2003 Toše Proeski – Song: Cija Si – Composer: Željko Joksimović, Album: Den Za Nas/Dan Za Nas
  • 2005 Nava Medina – Song: Malah Shomer – Composer: Željko Joksimović
  • 2005 Jelena Tomasevic – Song: Jutro – Composer: Željko Joksimović, Album: Oro [PGP -RTS]
  • 2006 Hari Mata Hari – Song: Lejla – Composer: Željko Joksimović, Album: Lejla [BiH]
  • 2009 Halid Bešlić – Song: "Miljacka" – Composer: Željko Joksimović, Album: Halid 08 Bešlić
  • 2008 Jelena Tomasevic – Song: Oro – Composer: Željko Joksimović, Album: Oro [PGP -RTS]
  • 2008 Eleftheria Arvanitaki – Song: To Telos mas Des – Composer: Željko Joksimović, Album: Mirame Universal Music
  • 2008 Melina Aslanidou – Song: Poso – Composer: Željko Joksimović, Album: Best of – Sto dromo Sony BMG
  • 2008 Song: Nikola Tesla (Instrumental) – Composer: Željko Joksimović feat. Jelena Tomašević Album: balkan Routes vol.1:Nikola Tesla[Protasis]
  • 2011 Lepa Brena – Song: Biber – Composer: Željko Joksimović
  • 2011 Lepa Brena – Song: Ne bih bila ja – Composer: Željko Joksimović
  • 2013 Saša Kapor – Song: Hotel Jugoslavija – Composer: Željko Joksimović
  • 2014 Knez – Song: Adio – Composer: Željko Joksimović

Eurovision Song Contest entries[sesa]

Country Year Song Artist Place Points Marcel Bezençon Awards
Serbia and Montenegro 2004 "Lane moje" (Лане моје) Željko Joksimović & Ad-Hoc Orchestra 2 263 Press Award
Bosnia and Herzegovina 2006 "Lejla" Hari Mata Hari 3 229 Composer Award
Serbia 2008 "Oro" (Оро) Jelena Tomašević feat. Bora Dugić 6 160
Serbia 2012 "Nije ljubav stvar" (Није љубав ствар) Željko Joksimović 3 214
Montenegro 2015 "Adio" Knez 13 44

Entries in BeovizijaEdit[sesa]

  • 2003 - "Čija si" (Чија си) by Toše Proeski - 1st
  • 2004 - "Zamisli" (Замисли) by Leontina Vukomanović - 3rd
  • 2005 - "Jutro" (Јутро) by Jelena Tomašević - 1st
  • 2008 - "Oro" (Оро) by Jelena Tomašević - 1st

Entries in Evropesma / EuropjesmaEdit[sesa]

  • 2004 - "Lane moje" (Лане моје) by Željko Joksimović - 1st
  • 2004 - "Zamisli" (Замисли) by Leontina Vukomanović - 12th
  • 2005 - "Jutro" (Јутро) by Jelena Tomašević - 2nd

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. http://dnevnik.hr/showbizz/glazba/najzgodniji-pjevac-na-balkanu-zeljko-joksimovic-zapalio-arenu.html
  2. http://artists.letssingit.com/zeljko-joksimovic-23nqm/biography
  3. http://tracara.com/joksimovic-i-krisitna-kovac-sudije-x-factora/
  4. http://www.bebo.com/Profile.jsp?MemberId=3920143569
  5. "Archive copy". Archived from the original on 2018-06-18. Retrieved 2022-02-10. {{cite web}}: Unknown parameter |dead-url= ignored (help)CS1 maint: archived copy as title (link)
  6. https://eurovoix-world.com/2019/12/10/belarus-slavianski-bazaar-2020-selection-vitebsk-results/
  7. http://www.rts.rs/page/rts/sr/pesma+evrovizije/Pesma-Evrovizije-2012/story/1934/english/1021028/lane-moje---the-best-song-in-the-history-of-eurovision.html
  8. https://www.theguardian.com/music/musicblog/2015/may/20/the-eurovision-song-contest-10-of-the-best-abba-conchita-wurst
  9. https://wiwibloggs.com/2019/08/21/wiwi-jury-of-the-10s-serbias-zeljko-joksimovic/240177/
  10. https://web.archive.org/web/20110519095618/http://www.oikotimes.com/v2/index.php?file=articles&id=2793
  11. http://escbubble.com/2015/04/knez-released-a-french-and-an-english-version-of-adio/
  12. https://www.zenit.ba/zeljko-joksimovic-odrzao-spektakularan-koncert-u-zenici-videofoto/
  13. https://www.youtube.com/watch?v=-gZbP76lxoU
  14. http://zenicainfo.ba/2019/08/10/foto-spektakularnim-koncertom-zeljka-joksimovica-zavrsen-zenica-summer-fest-2019/