Željko Reiner

Ɛfi Wikipedia
Academician
Željko Reiner
Chairman of the Committee on the Constitution, Standing Orders and Political System of the Croatian Parliament
Mprenpren
Bere
June 2017
OdikanfoRobert Podolnjak
Speaker of the Croatian Parliament
Bere
28 December 2015 – 14 October 2016
OdikanfoJosip Leko
AnanmusiniBožo Petrov
Minister of Health and Social Welfare
Bere
14 May 1998 – 27 January 2000
Prime MinisterZlatko Mateša
OdikanfoAndrija Hebrang
AnanmusiniAna Stavljenić-Rukavina
Member of Parliament
Mprenpren
Bere
22 December 2011
Ne ho asɛm
Awo bere28 May 1953 (1953-05-28) (age 70)
Zagreb, PR Croatia, FPR Yugoslavia
AmanyɔkuoHDZ
Mma2
Sukuu a w'akɔUniversity of Zagreb
N'adwumaPhysician
Military service
Years of service1991–1995
RankColonel
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Željko Reiner

Wɔwoo Željko Reiner (Kɔtɔnimaa bosome no da a ɛtɔ so aduonu nwɔtwe (28), wɔ afe apem ahankron aduonum mmiensa (1953) mu) yɛ Krowehyiani yaresafoɔ, amanyɔni, Suapɔn mu obimfo okunini, ekuoba ma Croatian Academy of Sciences and Arts ne ɔsoafoɔ dada a ɔhwɛ apomuden ne asetena mu nsɛmsɛm a ɔsomm sɛ Krowehyia ɔkasafoɔ a ɔtɔ so du (10th) wɔ Krowehyia mmarahyɛbadwam firi berɛ a wɔnyaa wɔn mfahodie na na ɔtɔ so aduonu (20) wɔ mmarahyɛbadwam akasafoɔ nyinaa mu, firi Ɔpɛnimma bosome mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dunum (2015) de kɔsi Ahinime bosome mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dunsia (2016) mu.

Abrabɔ ahyɛaseɛ ne sukuu kɔ[sesa]

Wɔwoo Reiner wɔ Zagreb Kɔtɔnimaa bosome no da a ɛtɔ so aduonu nwɔtwe (28), wɔ afe apem ahankron aduonum mmiensa (1953) mu. Ɔkɔɔ sukuu wɔ Zagreb mmɔfra sukuu.Ɔgyee abɔdin krataa wɔ Suapɔn a ɛhwɛ nnuruyɛ wɔ Zagreb wɔ afe apem aha-nkron aduoson nsia (1976) mu. Wɔ afe apem ahankron aduoson nwɔtwe (1978) mu no, ɔnyaa ne masita abɔdin krataa ɛna afe apem ahankron aduowɔtwe mmienu (1982) mu no, ɔnyaa ne dɔkota abɔdin kataa. Bio, wɔ afe apem ahankron aduoson nkron de kɔsi afe apem ahankron aduowɔtwe mmiensa (1979-1983) mu no, ɔyɛɛ sorononko wɔ sisters Charity ayaresabea sɛ ɔduruhwɛfoɔ panin wɔ Hamburg-Eppendorf a ɛwɔ Germany. Beaeɛ a ɔkɔnyaa nteteeɛ bɛyɛɛ okunini ne Oklahoma City firi mfeɛ 1984 de kɔsi 1985 mu.[1]

Adwuma[sesa]

Wɔ afe apem ahankron aduowɔtwe nsia (1986) mu na ɔyii Reiner sɛ ɔnyɛ docen wɔ suapɔn a ɛhwɛ nnuruyɛ so wɔ Zagreb kuro no mu. Wɔ afe apem aha-nkron aduowɔtwe-nsia (1986). Afe afe apem aha-nkron aduokron nson (1997) mu no ɔbɛyɛɛ profɛsa wɔ nnwuma sua mu na ɔsane hwɛ suapɔn no nnuruyɛ so, afe mpem mmienu ne nkron (2009) mu no, ɔbɛyɛɛ obenfo oknini wɔ Rijeka suapɔn no mu. Afe afe apem aha-nkron aduowɔtwe-nsia (1986) mu ɔyii no sɛ oduruyɛfoɔ panin wɔ suapɔn no ayaresabea ne fa ɛhwɛ kokoram yadeɛ a ɛyɛ nipa. Ɔyɛɛ adwuma de kɔsii afe afe mpem mmienu ne mmiensa (2003) mu na afe mpem mmienu ne du baako (2011) mu no, ɔsan yii no bio maa no bɛhwɛɛ hɔ bio. Ɔyɛ prɔfɛsa na ɔkɔ nsrahwɛ wɔ suapɔn a ɛwɔ Amerika ne Europe. Afei nso, wayɛ kasamafoɔ dodoɔ no ara ama Europe ne aman ahodoɔ pii.[2]

Amanyɔsɛm[sesa]

Reiner ka Croatian democratic union amanyɔ kuo ho. Afe mpem mmienu ne du num (2015) mu no, ɔyii no wɔ Croatian mmarahyɛbɛdwam sɛ ɔnhwɛ apɔmden ne asetena mu nkɔsoɔ.[3] Afei, afe mpem mmienu ne du baako (2011) mu kɔpem mpem mmienu ne du mmienu (2012) mu no, ɔyɛɛ ɔpanin abadeakyire maa abadwakuo a na ɔhwɛ nnwumasua,amammerɛ ne abɔdeɛmunyansapɛ Croatian mmarahyɛbadwamu. Ɔpɛnimaa bosome da ɛtɔ so aduonu-nwɔtwe wɔ afe mpenu ne du-num (2015), ɔyii no sɛ mmarahyɛbɛdwam kyeame abadeakyire, afe korɔɔ naa ɔtoo aba maa no bɛyɛɛ mmarahyɛbɛdwam kyeame panin wɔ Croatia, nnipa aduosia -nnan na ɛto maa no. Berɛ a na ɔyɛ mmarahyɛbadwam kyeame abadeakyire no, ɔbɛyɛɛ Ɔmanpanin berɛ a na ɔmanpanin Kolinda Grabar-kitarovic ne mmarahyɛbadwam kyeame atu kwan wɔ Kɔtɔnimaa bosome ne da a ɛtɔ so du-baako afe mpenu ne du-nwɔtwe.[4]

Croatia fahodie ako[sesa]

Wɔ Krowehyia mfahodie ako mu no, Reiner tuu ne ho sii hɔ wɔ ako no mu firi da a adi kan wɔ ako no mu. Ahyɛase no na ɔyɛ ekuoba san so yɛ kɔmanda (commander) abediakyire a adi kan ma apomuden asoeɛ kɛseɛ mu a wɔhwɛ nnwomasua ne nteteeɛ so, na akyire no ɔbɛyɛɛ commander maa medical personnel. Reiner yɛ Croatian Army mu nnipa a wagye no atum.

Abasobɔ[sesa]

Reiner ka Accademy of medical Science ho a ɛwɔ London ɔgyee abasobɔ operation flash mu , operation storm, operation summer 95. Afe mpem mmienu ne nson (2007) mu no Reiner bɛyɛɛ Korkula ɔman ba. Afe mpem mmienu ne du baako (2011)mu no ɔnyaa abasobɔ wɔ ladislav Rakovac ne Zagreb.

Wanya abasobɔdeɛ wɔ civilian(nea ɛnyɛ asraafoɔ adwuma) ne asraafoɔ nnwuma a adidi soɔ yi mu: Order of Duke Trpimir, Order of Ban Jelačić, Order of Danica Hrvatska, Order of the Croatian Trefoil, Order of the Croatian Interlace, Homeland War Memorial Medal, Medal for Participation in Operation Flash, Medal for Participation in Operation Storm, Medal for Participation in Operation Summer '95 and Memorial Medal "Vukovar". Wɔ 2007 mu no Reiner gyee abasobɔdeɛ sɛ Korčula man ba. Ɔnyaa "Ladislav Rakovac Award" ne "City of Zagreb Award" wɔ 2011.

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. "Archive copy". Archived from the original on 2016-04-28. Retrieved 2022-02-09. {{cite web}}: Unknown parameter |dead-url= ignored (help)CS1 maint: archived copy as title (link)
  2. "Archive copy". Archived from the original on 2016-04-28. Retrieved 2022-02-09. {{cite web}}: Unknown parameter |dead-url= ignored (help)CS1 maint: archived copy as title (link)
  3. https://www.tportal.hr/vijesti/clanak/prvi-covjek-hrvatske-u-srijedu-ce-biti-zeljko-reiner-foto-20180710
  4. "Archive copy". Archived from the original on 2016-04-28. Retrieved 2022-02-09. {{cite web}}: Unknown parameter |dead-url= ignored (help)CS1 maint: archived copy as title (link)