German Nhomasua

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu


Nea ɛkyerɛ nhomasua ahorow ewɔ German sukuu nyinaa mu
The Evangelical Seminaries of Maulbronn and Blaubeuren (picture showing church and courtyard) form a combined Gymnasium and boarding school

Nhomasua wɔ German nkurow ahorow asɛyɛde (Länder), na German aban nso di dwuma kakra nso de boa. Kindagaten (mmɔfra mfiase sukuu) nhomasua a wopɛ a na wokɔ wɔ hɔ ma abɔfra biara a woadi mfeɛ baako ne nsia ntam, efi hɔ a, sukuu kɔ yɛ nhyɛ. Nhyehyɛe no da nso wɔ German efisɛ ɛsono German kurow (asaase) biara ne ne nhomasua nhyehyɛe. Mmofra no pii kɔ Grundschule (fapem anaa mfiase sukuu) mfeɛ nnan fi mfe nsia kɔsi mfeɛ nkron.

German ntoasoɔ sukuu gu ɛfa ahorow mmienu, ntoasoɔ ketewa ne ntoasoɔ kɛseɛ. German ketewa anaa mfiase ntoasoɔ sukuu ma mfiase sukuu nimdeɛ na ɛboa siesie wɔn ma soro ntoasoɔ sukuu. Ntoasoɔ sukuu akɛseɛ no ma nsaano nnwuma ho nteteeɛ ne nimdeɛ.

German ntoasoɔ sukuu no gu nkyekyɛmu nnum. Gymnasium no siesie adesuafoɔ no ma sukuupɔn na wɔde Abitur nsɔhwɛ no atwatoɔ, bere a wɔwɔ gyinapɛn 13. Ɛfi afe 2015 kosi 2018, sukuu nsakraeɛ ahorow a ɛde G8 ma sukuufo de