United Party

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
United Party
ƆkandifoɔKofi Abrefa Busia
Bre a wɔde sii hɔ1957
Dissolved1964
Merger ofNational Liberation Movement
Northern People's Party
Anlo Youth Organisation
Muslim Association Party
Togoland Congress
Ga Shifimokpee
AsoɛeAccra

United Partyamanyɔkuo na ne ɔne anayɔkuo foforɔ repere ɔmanpanin akonwa wɔ Ghana Adehyeman deɛ ɛdi kan no mu. Ɔno nko ara ne amanyɔkuo na ɔkasa tie nnoɔma amanyɔkuo Convention people's party reyɛ na ɛtie Ghanafoɔ firi afe apem ahenkron aduonum nson de kɔsi afe apem ahenkron aduonu- nnan bere Ghana dee ne ho no.

Amanyɔkuo no Teɛ[sesa]

Bere a Ghana dee ne ho firii aborɔfo no nsam wɔ Ɔbɛnim bosome da ɛtɔ so nsia afe apem ahenkron aduonum nson mu no, Ghana mmrahyɛbadwa wɔ saa bere no mu hyɛɛ mmra de tiaa nyiyimu ɛsane de ɔhyɛ too amanyɔkuo biara na ɔreyɛ nnipa nyiyimu ne mpaepaemu wɔ sɛ ebia nnipa no nyɛ me kurom ni nti ɔnka ho, ɔnka mesom ho nti yɛne no nni twaka sɛ wɔntumi nni dwuma firi Ɔpɛnimaa bosome da ɛtɔ so aduasa baako wɔ saa afe korɔ no ara mu. Mmra no din ne;

Mmra ɛtia ɛkuo biara ne ngyinasoɔ ne sɛ yɛfiri 'tribe' baako

Yɛyɛ nnipa kuo ne som mu foɔ baako ne deɛ ɛkeka.[1]

Mmra yi kyerɛ sɛ amanyɔkuo biara ɛwɔ hɔ saa bere no tia Mmra. Saa Amanyɔkuo yi binom ne Northern People's Party, Muslim Association Party, National Liberation Movement (NLM), Anlo Youth Organization, Togoland Congress ne Ga Shifimokpee.[2] Yei nti saa amanyɔkuo yi nyinaa kabɔɔ mu a na Owura Kofi Abrefa Busia na ɔyɛ kandifo wɔ amanyɔkuo United Party no mu.[3]

Amanyɔkuo no Guo[sesa]

Amanyɔkuo no dwumadie sɛ ɔko tia amammuo bɔne ankɔ so papa biara ɛfiri sɛ na,wɔnhunu sɛ ɔyɛ amanyɔkuo nnipa agye atom wɔ Ghana ha ansa na Ghana rebɛyɛ Adehyeman wɔ afe apem ahenkron aduosia mu. Ɛwɔ Ɛbɔ bosome mu wɔ afe apem ahenkron aduosia mmienu mu no, mmrahyɛbadwa no hyɛɛ Mmra sɛ Ghana mmɛyɛ amammuo baako man. Ghanafoɔ gye too mu bere wɔkɔ too aba sɛ wɔbɛgye atom anaa wɔngye nto mu wɔ Ɔpɛpɔn bosome mu wɔ afe apem ahenkron aduosia nnan mu. Na Yei kyerɛ sɛ amanyɔkuo biara wo kasa tia aban no amammuo no awieɛ aba. Na saa nsɛm yi toaa so kɔ sii Ɔgyefoɔ bosome da ɛtɔ so aduonu nnan wɔ afe apem ahenkron aduosia nsia bere wɔde asrafoɔ tuu Kwame Nkrumah aban no guiɛ.[4]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://web.archive.org/web/20050428104411/http://www.ghana.gov.gh/NRC/VOL.%204%20Chpt.%205%20Professional%20Bodies.%20CIV%20SOC.pdf
  2. Richard Asante & E.Gyimah-Boadi (2004). "Ethnic Structure, Inequality and Governance of the Public Sector in Ghana" (PDF). Part of UNRISD Project on Ethnic Structure, Inequality and Governance of the Public Sector. United Nations Research Institute for Social Development. Archived from the original (pdf) on 2007-09-28. Retrieved 2007-06-29
  3. https://en.wikipedia.org/w/index.php?title=Kenneth_Janda&action=edit&redlink=1
  4. http://www.nationsencyclopedia.com/Africa/Ghana-POLITICAL-PARTIES.html