Tereza Kesovija

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Tereza Kesovija
nnipa
sex or genderfemale Sesa
country of citizenshipKrowehyia Sesa
given nameTereza Sesa
date of birth3 Ahinime 1938 Sesa
place of birthDubrovnik Sesa
spouseQ20525471, Ronald Lopatni Sesa
languages spoken, written or signedCroatian Sesa
occupationsinger Sesa
work period (start)1961 Sesa
participant inEurovision Song Contest 1972 Sesa
instrumentvoice Sesa
genrepop music Sesa
record labelCroatia Records, Jugoton Sesa
official websitehttp://www.tereza-kesovija.com Sesa

Tereza Ana Kesovija (About this soundpronounciation of "Tereza Kesovija" ) a ( yɛbɔdin [terě:za âna kesǒυija] yɛwoo no Ahinime bosome ne da a ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ afe apem ahankron ne aduasa nwɔtwe mu 1938)[1] yε odwomtoni a amanaman agye no atum sɛ recording artist wɔ Krowehyia.[2] Sɛ woba kane Yugoslavia man no mu a na ɔka nnipa a agye din yie pa ara wɔ nnwom mu, na wagye din wɔ ne nne nhyehyɛeɛ mu ne ne akwan bebree a ɔfa so hyehyɛ ne dwom. Ɔwɔ adwuma a adi mu wɔ France. Wayɛ concert bebree wɔ awiase afanaa nyinaa, ɔka Yugoslavia nnwomtofoɔ kakra a wayɛ shows wɔ Royal Albert Hall, L'Olympia ne Carnegie Hall.

Abrabɔ ahyɛaseɛ[sesa]

Wɔwoo Kesovija wɔ Dubrovnik[3] na ɔnyinii wɔ Konavle ne Dubrovnik, beaeɛ a ɔnyaa ne adesua wɔ nnwomtoɔ mu kane. Ɔnyaa abasobɔdeɛ wɔ federal young musicians akansie mu wɔ Ljubljana, Slovenia. Akyire no, ɔwiee abɛn (flute) sukuu dwumadie wɔ Zagreb Music Acedemy, na sɛ sukuuni no ɔhyɛɛ aseɛ baa nnwom dwumadie a n'ani gye ho no mu. Wɔ afe apem ahankron aduosia mmienu (1962) mu no, mmerɛ kumaa bi a ɔhyɛɛ n'adwuma wasua ho adeɛ ase[4], ɔdii nkunim wɔ ne dwumadie a adi kan wɔ amanaman akansie mu wɔ Saint-Vincent, Italy. Wɔ saa nkumidie yi akyi no, Tereza nyaa nsrahwɛ ho kwan wɔ USSR na ɔyɛɛ nnwom mmiɛnsa EP baako a ɛne Italian nnwom maa Russian nnwom nnwumakuo kɛseɛ - Melodiya. wɔ afe apem ahankron aduosia mmiensa (1963) ne afe apem ahankron aduosia nan (1964)mu no na ɔde reyɛ nsrahwɛ wɔ USSR, Poland, Finland, Denmark, Germany, Switzerland, Norway ne Sweden. Ɔsan baa kasafonyini so (tv) so bebree wɔ saa aman yi mu.

Nnwom dwumadie[sesa]

France

Wɔ afe apem ahankron aduosia num (1965) mu no, otu kɔɔ France, nso na ɔntumi nka France kasa no. Ɛhɔ no ɔbgyee din paa. Ahyɛase no na ɔreto nnwom wɔ beaeɛ a wɔgye wɔn ani; na ɔtae to nnwom dodoɔ wɔ Carević anigyeɛ bea. Ɔkaa sɛ: " abosome nsia a ɛmu ɛdene, na meda so de te wisie mu kɔsi anɔpa tutuutu. Meretwɛn me dwumadie no na mennim nea me nyɛ. Na me nko ara na me te a menom sigarɛte mu sigarɛte." Wɔ afe apem ahankron aduosia nson (1967) mu no, ɔyɛɛ ne recording a adi kan "La chanson de Lara" (Lara's Theme ) firi sini Doctor Zhivago.

Na ɛyɛ ne nkunimdie a adi kan wɔ French[5] a ɔtɔn ne nnwom no bɛboro mpem aduonum (50,000). Album La chanson de Lara akyi no ɔyɛɛ ne French album a ɛtɔ so mmienu C'est ma, chanson ɛne nnwom "Je l'aime, je l'aime". Wɔtɔnee dodoɔ bɛboro 160,000 wɔ abɔten. Ɛne nnwom "Bien plus fort", Grace Kelly yii Tereza sɛ ɔgyina ma Monaco wɔ Eurovision 1966. Na French press tae frɛ no La bête de scène anaa Super-Dalida. Wɔ afe apem ahankron ne aduosia nwɔtwe (1968), Kesovija ne Enrico Macias bɔm dii dwuma wɔ L'Olympia wɔ Paris. Na ɛyɛ ne Olympia dwumadie a ɛtɔ so mmienu wɔ afe apem ahankron ne aduosia nsia (1966) akyi. Na wakɔ ne nsrahwɛ wɔ France awie.[6]

Afe apem ahankron aduoson (1970s)[sesa]

Wɔ afe apem ahankron aduoson (1970s) mu no, Tereza bɛyɛɛ nipa a wagye din wɔ waise nyinaa a na ɔregyina hɔ ama Yugoslavia ne French nnwom wɔ amanaman nyinaa mu. Wɔ Yugoslavia no, ne nnwom "Nono, moj dobri Nono" (Grandpa, My Dear Grandpa) bɛgyee din. Claudio Villa yɛɛ nnwom " ll tuo mondo", Tereza nnwom "Nono" ne Italian deɛ, ɛna Mireille Mathieu nso yɛɛ ne French deɛ, "Pour deux coeurs qui s'aiment". Ɔdii dwuma wɔ afahyɛ a agye din bebree ase ( wɔ Mexico city, Rio de Janeiro, Sopot, Palma de Majorca, Sofia, Istanbul etc.). Wɔ Yugoslavia no, wɔbɔɔ no abaso sɛ Best Female Singer of the year wɔ mfeɛ nnidisoɔ nsia mu (afe apem ahankron aduoson nan [1974] - kɔsi afe apem ahankron aduoson nkron, [1979]).

Ne dwumadie wɔ Yugoslavia afahyɛ mu no na ne nkunimdie na dabiara etwa toɔ. Ɔnyaa gold abasobɔdeɛ bebree ɛnam saa nti, ɔnyaa Yugoslav abasobɔdeɛ Best Record Seller mpen bebree - Golden Bird. Wɔ afw apem ahankron aduoson mmienu (1972) mu no, ɔgyinaa mu maa Yugoslavia wɔ Eurovision nnwom akansie ne "Muzika i ti" (The Music and you). Ɔtɔɔ so nkron na ɔyɛɛ French cover, "La Musique et toi". Wɔ afe apem ahankron aduoson (1970s) mu ahyɛase mu no ɔfirii Paris kɔɔ Zagreb, ɛyɛ Krowehyia (Croatia), na ɔgyaa ne French adwuma kakra too hɔ. Wɔ afe apem ahankron aduoson nwɔtwe (1978), Ɔsane baeɛ a na ɔde "Je suis née ce jour-là" nkyerɛkyerɛmu na ɛbaaeɛ.

Ɔyɛɛ EMI maa French records bebree. Wɔ saa berɛ no na ɔwɔ nsrahwɛ bebree wɔ Russia, Egypt, Mexico, Japan, United States, Germany, Eastern Europe etc. Wɔ mfeɛ 70s akyi no ɔduruu ne din gye mpɛnpɛn soɔ mu. Ɔnyaa abasobɔdeɛ wɔ ne records nyinaa mu, ɔtoo nnwom maa Yugoslavia manpanyin Josip Broz Tito na na ɔyɛ nnwomtoni a n'ani gye ne ho pa ara Ne nnwom ɛgyee din paa firi afe apem ahankron aduoson (1970s) akyi ne "Što je ostalo od ljubavi", "Zaboravi ako možeš", "Sviraj mi, sviraj", "Sve se vraća sve se plaća", "Na Stradunu…", ne afoforo.

Afe apem ahankron aduowɔtwe (1980s)

Wɔ Afe apem ahankron aduowɔtwe (1980s), ɔtoaa ne nsrahwɛ no so wɔ awiase afanaa nyinaa. Ɔsane so yɛɛ records bebree wɔ France. Ɔtoa so nyaa abasobɔdeɛ ɛsom bo wɔ Yugoslavia afahyɛ nkyekyɛmu wɔ, Zagreb, Belgrade ne nea ɛke ka ho. Ɔnyaa abasobɔdeɛ sɛ Best Yugoslavia Female Singer wɔ saa afe no mu mpen bebree ɔde golden, platinum ne diamond records bebree baa abɔnten, mmom ne dwumadie na ahia pa ara no baeɛ wɔ afe apem ahankron aduowɔtwe nwɔtwe (1988) mu, berɛ a ɔdii dwuma wɔ Olympia Hall wɔ Paris. Wɔbɔɔ no dawuro sɛ dwuma ɛte soɔ wɔ saa berɛ no mu. Kesovija wiee ne nsrahwɛ wɔ Afe apem ahankron aduowɔtwe (1980s) mu wɔ Scandinavia na ɔregyina ama Yugoslavia man bɔɔlɔbɔ kuo wɔ Italian TV berɛ a na wɔrebɔ World Cup.

Afe apem ahankron aduokron de bɛsi nnɛ (1990s to present)[sesa]

Wɔ mfeɛ du akyi adi Yugoslavia nkyekyɛmu akyi wɔ afe apem ahankron aduokron baako (1991) mu no, na ako wɔ Yugoslavia man dada no mu bebree, a na Krowehyia (Croatian) ako ma mfahodie nso ka ho wɔ mfeɛ apem ahankron aduokron baako (1991) ne apem ahankron aduokron num (1995) ntam. Ɔde nnwom bɔɔ ho ban. Ɔyɛɛ concert bebree wɔ Italy, France ne Germany a na ɔde regye sika akɔ bɔ Croatia ho ban. Ɔyɛɛ concert no bi wɔ Zagreb a ɔne Serge Lama bɔm dii dwuma. Jacques Chirac bɔɔ Tereza abaso wɔ afe apem ahankron aduokron nkron (1999) mu no, ɔde Knighthood of High Decoration of Arts ne Culture na ɛbɔɔ no abaso. Ɔsan so nyaa Golden Chart of Humanism abasobɔdeɛ. Ɔhyɛɛ aseɛ siesie efie bɛne Dubrovnik wɔ 18th century mu. Na efie no yɛ abusua fie dada a ɛwɔ soro.

Wɔ mfeɛ mpem mu no, ɔde ne hit kɛseɛ pa ara "l ni me stra" (And I Don't Have Any Fear) na ewuraa mu. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne mmienu (2002) mu no, ne concert firi Olympia baa CD edition so. Saa mfeɛ mpem mmienu ne mmienu (2002) no yɛ afe hia pa ara wɔ ne adwuma mu, ɛfiri sɛ ɔne Oscar ne Grammy winner, Michael Legrand bɔm yɛɛ concert. Wɔbɔm dii dwuma ɛsɔ ani yie Les parapluies de Cherbourgh, a ɛgyee din sɛ concert of the year. Wɔ afe mfeɛ mpem mmienu ne num (2005) mu no, Keaovija dii ne mfeɛ aduanan num (45) wɔ ne dwuma yɛ mu ɔde concert Mojih 45 skalina na ediiiɛ wɔ Vatroslav Lisinski concert Hall.[7] Ne concert a ɛtɔ so nan wɔ Olympia Concert Hall a wɔhunuu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nson mu (2007). Na ɛyɛ ne nsrahwɛ bio a ɛso wɔ France.

Ɔno recorded ne Croatian album Zaustavi vrijeme (Stop the Time). Na ɛyɛ ne album a ɛtɔ so mmiɛnsa a enyaa dwa Croatia. Mfeɛ 2008 akyi no ɔsraa Slovenia, Macedonia, ne Boisan ne Herzegovina. Wɔ afe mpem mmienu ne du (2010) mu no, ɔtoo mfeɛ aduonum ho pono wɔ adwaso ɔde concert "Još se srce umorilo nije" wɔ Zagreb's Lisinski Concert Hall na adiiɛ. Ne first post-war concert nhyiamu wɔ Serbia no wɔtae n'akyi ara yie, faa nsɛmtwerɛfoɔ bɛboro ahanu (200). Wɔ 2011, ɔyɛɛ sɛ ɔbɛba Serbia ne Montenegro bio. Ɔyɛɛ adɔyɛ bebree, nea ɛka ho bi ne, UNESCO's gala concerts. Records dummienu (12) a ɔde baa abɔten maa Columbia Records ka ne nnwom dodoɔ ho, ne bɛyɛ LPs aduasa (30), singles aduoson (70) ne CDs dummienu (12) ma labels afoforo.

Nnwom dodoɔ[sesa]

  • La Chanson de Lara (EMI, 1967)
  • C´est ma chanson (EMI, 1969)
  • Tereza (Jugoton, 1971)
  • Tereza & Julio Iglesias Live in Bulgaria (Balkanton, 1973)
  • Tereza (PGP RTB, 1974)
  • Tereza & Miro Ungar (Amiga, 1974)
  • Nježne strune mandoline (Jugoton, 1975)
  • Stare ljubavi" (Jugoton, 1976)
  • Tereza (Jugoton, 1978)
  • Što je ostalo od ljubavi (Jugoton, 1978)
  • Poljubi me (Jugoton, 1979)
  • Moja splitska ljeta 1 (Jugoton, 1980)
  • Sanjam (PGP RTB, 1981)
  • Tereza (Jugoton, 1981)
  • Sinoć, kad sklopih oči (ZKP RTLJ, 1982)
  • Ja sam pjesma (PGP RTB, 1982)
  • Prijatelji stari gdje ste (Jugoton, 1982)
  • Na kušinu (PGP RTB, 1983)
  • Spomenar (PGP RTB, 1983)
  • Ponovni susret (PGP RTB, 1984)
  • Koncert v Cankarjevem domu (RTVLj, 1984)
  • Pronađi put (Jugoton, 1985)
  • Bokelji i Tereza (PGP RTB, 1985)
  • Molim te, ostani (Jugoton, 1986)
  • Moja posljednja i prva ljubavi (Jugoton, 1987)
  • Moja splitska ljeta 2 (Jugoton, 1988)
  • Live `a l'Olympia (Jugoton, 1988)
  • Nezaboravne melodije (Orfej RTZ, 1989)
  • Ljubav je moj grijeh (Croatia Records, 1990)
  • To sam ja (Tutico/Croatia Records, 1995)
  • Gold Mix Tereza (Melody, 1995)
  • Kad jednog dana prisjetim se svega (Croatia Records, 1997)
  • Gdje ima srca tu sam i ja (Croatia Records, 1999)
  • Samo malo intime (Croatia Records, 1999)
  • Spomenar (compilation) (Taped Pictures, 2000)
  • Ja sam pjesma (compilation) (Taped Pictures, 2001)
  • Kronologija (Perfect Music/Croatia Records, 2002)
  • S druge strane sna (live with Michel Legrand) (Croatia Records, 2003)
  • Mojih 45 skalina (Croatia Records) (2005)
  • Platinum collection (Croatia Records) (2007)
  • Zaustavi vrijeme (Dallas Records)(2007)
  • Live à l´Olympia (Dallas Records) (2008)
  • Ja sam pjesma (PGP RTS) (2009)
  • Najljepše ljubavne pjesme, Love Collection (Croatia Records, 2012)
  • Parkovi, Tereza Kesovija pjeva Alfija Kabilja (Croatia Records, 2013)
  • La chanson de Lara – EP (1966/Parlophone/Warner Music France, 2014)
  • Grand prix Eurovision 1966 – EP (1966/Parlophone/Warner Music France, 2014)
  • Oči duše (Dallas Records, 2016)

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://www.imdb.com/name/nm1085766/
  2. http://www.rtvslo.si/zabava/druzabna-kronika/tereza-kesovija-moj-dom-je-letalo/198053
  3. https://www.celebnetworthpost.com/tereza-kesovija
  4. https://eurosong-contest.fandom.com/wiki/T%C3%A9r%C3%A9za_Kesovija
  5. https://www.croatiaweek.com/croatian-singer-tereza-kesovija-awarded-prestigious-order-from-france/
  6. Archive copy, archived from the original on 2022-02-14, retrieved 2022-02-14{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  7. https://www.discogs.com/artist/815146-Tereza-Kesovija