Rio de Janeiro

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
22° 54' 30" S 43° 10' 40" O

Rio de Janeiro yε kuro a ɛwo Brazil. Ɛyɛ kuro ɔto do ebien a wɔagye din paa wɔ Brazil ne ma ɔto do nsia wɔ Amerika. Rio de Janerio yɛ ahenkuro wɔ state a ne din de saa ara mu, ahenkuro ɔto do mmiɛnsa a ɔtoa Sao Paulo ne Minas Gerais so. Wɔde kuro yi fa bi ayɛ wiase nkaebea anaa nsrahwɛ bea (World Heritage Site) na din ɔda so yɛ "Rio de Janeiro: Carioca asaase a ɔda mmepɔw ne ɛpo ntam", wɔ Kitawonsa bosome no da a ɛdi kan (1), wɔ afe mpem mmienu ne du-mmienu (2012) mu no nso sɛ amambrɛ asaase.[1]

Portuguesefo na wɔkyekyere kurow yi wɔ afe apem ahanum aduosia num (1565) mu[2]. Na kuro no yɛ Rio de Janeiro fo asoɔyɛ, Portuguese akannifo no nkuro na wɔdi so no mu kor. Wɔ afe apem ahanson aduosia mmiensa (1763) mu no, wɔde yɛɛ ahenkuro wɔ Brasil state, state a na Portuguese Empire no na na ɛwɔm. Wɔ afe apem ahanwɔtwe ne nwɔtwe (1808) mu no, adekyeɛ asɛnii to tu bɛtenaa Brazil na wɔde Rio de Janeiro yɛɛ asɛnniibea kunini maa Ɔhemaa Maria Ia ofi Portugal. Ɔhemaa yi de nkakrakakra maa Brazil man no nyaa anuonyam wɔ ahenni ahorow mu aber na ne ba Nanaba Regent Joao VI di Portugalfo no anim wɔ United Kingdom of Portugal, Brazil, and Algarves. Rio kɔɔ so ara yɛɛ ahenni no ahenkuro kɔsii afe apem ahanwɔtwe ne aduonu mmienu (1822) mu, aber a Brazilfo ahofadi ntɔkwa no fii ase.

Eyi ade ntaa nhu sɛ ahenkuro a ɛwɔ ɔman fofor mu bedan man fofor so kuropɔn esiane sɛ wodii so enti. Rio de Janeiro kɔɔ so yɛɛ ahenkuro maa Empire of Brazil ahenni a w`anya fa ho die kosii sɛ, wɔ afe apem ahanwɔtwe ne aduowɔtwe nkron (1889)

Nneɛma anaa nipa titiriw[sesa]

Bɔɔlobɔ Agokansie[sesa]

See also: Football in Brazil, Campeonato Brasileiro Série A, and Campeonato Carioca
File:Maracana 2014 e.jpg
Maracana Stadium
Nilton Santos Olympic Stadium
File:Estádio de Sao Januário.jpg
Estádio Sao Januário
Estádio Luso Brasileiro

Brazil man mu ha deɛ Bɔɔlobɔ akansie ne agorɔ a agye din yie pa ara wɔ ha. Bɔɔlobɔkuo ahodoɔ akɛseɛ a ɛwɔ Rio de Janeiro ha no mu bi ne Flamengo, Vasco da Gama, Fluminense ne Botafogo.[3] Madureira, Bangu, Portuguesa, America ne Bonsucesso nyinaa nso yɛ bɔɔlobɔkuo nketoa.[4] Bɔɔlobɔfoɔ ahodoɔ a wagye din yie pa ara a wɔfiri kuro yi mu bi ne Ronaldo ɛne Romário.[5]

Rio de Janeiro yɛ nkuro ahodoɔ a wɔsii akan wɔ hɔ berɛ a na wiase amanaman nyinaa bɔɔlobɔ akansie kɔɔ so wɔ Brazil mu wɔ afe apem ahankron aduonum (1950) ne afe mpem mmienu ne du-nan (2014) FIFA World Cup ahodoɔ yi mu no, saa berɛ ahodoɔ mmienu yi nyinaa na Brazil na na dwumadie no nyinaa si wɔn mmatiri so.

Wɔ afe apem ahankron aduonum (1950) mu no, wɔsii agokansie ahodoɔ nwɔtwe wɔ Maracana agoprama no so, a na ɛhɔ na Brazil man no sii wɔn akan nyinaa gye baako pɛ na wammɔ no wɔ hɔ. Na Maracana agoprama no nso yɛ agoprama a akansie baako bi kɔɔ so a na ɛrekyerɛ aman mmienu hyɛberɛ a na ɛyɛ akansie a ɛkɔɔ so wɔ Uruguay ne Brazil ntam, a saa merɛ no na Brazil foɔ hyia sɛ agokansie no bɛpae na watumi adi nkunim wɔ wɔn a wɔne wɔn firi kuo baako mu no so. Nanso fofie anto Atta, ɛkɔ wie aseɛ no na Brazil foɔ adi ntwo, ɛka mmienu ma wɔtee ka no mu baako pɛ (2–1) wɔ wɔn ankasa manfoɔ a na wɔahyɛ agoprama no so ma a wɔn dodoɔ bɛboro mpem ɔha aduokron nkron (199,000). Wɔ afe mpem mmienu ne du-nan (2014) mu no, wɔsii agokansie ahodoɔ nson wɔ Maracana agoprama no so, a na akansie a wɔde wiee dwumadie no nyinaa no nso ka ho a Germany dii Argentina so nkunim ka baako a wantumi ante (1–0).[6]

Football teams
Club League Venue Established (team)
Flamengo Série A Maracana Stadium

78,838 (173,850 record)

1895
Vasco da Gama Série A Sao Januário Stadium

24,880 (40,209 record)

1898
Fluminense Série A Maracana Stadium

78,838 (173,850 record)

1902
Botafogo Série A Nilton Santos Stadium

46,931 (43,810 record)

1894
Madureira Série D Estádio Aniceto Moscoso

5,400 (10,762 record)

1914
Bangu Série D Estádio Moça Bonita

9,564 (17,000 record)

1904
Portuguesa Série D Estádio Luso Brasileiro

15,000 (18,725 record)

1924
Bonsucesso Campeonato Carioca Leônidas da Silva Stadium

13,000 (13,571 record)

1913
America Campeonato Carioca Série B Edson Passos

13,544 (9,861 record)

1904

Beaɛ menyaa mmoa fii[sesa]

  1. https://whc.unesco.org/en/list/1100
  2. https://www.britannica.com/place/Rio-de-Janeiro-Brazil
  3. https://earth.google.com/web/data=CiQSIhIgNTQxZTNhZDEwNDU5MTFlN2FkNTYwMTQzMDUyMWMyZDQ
  4. https://www.riodejaneiro.com/
  5. http://news.bbc.co.uk/sport2/hi/special_events/sports_personality_2002/2556663.stm
  6. https://www.bbc.com/sport/football/28181689