Steven Sumani Nayina

Ɛfi Wikipedia
Nayina Mfoni
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Steven Sumani Nayina
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameSteven Sesa
date of birth20. century Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni Sesa

Stephen Sumani Nayina adesuamu ɔbenfoɔ, sikasɛm ho nimdefoɔ, abakɔsɛm twerɛfoɔ, ɔmanyɔni ne Sohyial Siakɔlɔgiste. Owura Nayina wɔ adwuma mu nimdeɛ pii wɔ Ghana National Commission on Children na na ɔsane nso kasa maa mmɔfra ne adetɔfoɔ ahobanmmɔ ne wɔn aho yie die ho.

Ɔbɛyɛɛ Atifido mantam suafoɔ wɔ afe mpem mmienu ne nkron de kɔsi afe mpem mmienu ne du mu.Berɛ a wɔyɛɛ Ghana mmara kunini wɔ afe apem aha nkron ne aduokron mmienu (1992) wie no, na ɔka wɔn a wɔpaw wɔn sɛ wɔn hwɛ mu no ho.

Wɔasom sɛ Bɔɔde Mɛmba wɔ adwumakuo a ɛhwɛ ayinam nsɛm so wɔ Gaana ha (Electricity Company of Ghana, ECG) mu pɛn. Ɔde abosome nnwɔtwe na ɛyɛɛ saa ara. Ɔmanpanin dedaw a wɔanya ne baabi kɔ H.E J.E Mills paw no sɛ ɔsuafoɔ. Ɔmanpanin dedaw Mahama nso paw no sɛ ɔsuafoɔ nso wɔ Ɛbɔ bosome no da ɛtɔ so nkron afe mpem mmienu ne du nnum (2015) mu.[1]

Wɔ Ahinime bosome no mu wɔ afe mpem mmienu ne du nson (2017) mu no, wɔpaw no kaa Supavisɔri Bɔɔde de ma Ghana National Gas Company Limited (GNGC).[2]

N'amanyɔsɛm mu nsɛm[sesa]

Nayina gyinaa People's Convention Party (PCP) din mu wɔ West Mamprusi abatoɔ mpɛsoa so a ɛwɔ Walewale wɔ afe apem aha nkron ne aduokron nsia (1996) mu wɔ abatoɔ mu. Wɔ saa abatoɔ no mu no, ɔde ɔha nkyɛmu aduonu nnan (24%) dii ntwo wɔ aba wɔtoo yɛ no mu. Akyire yi, ɔde ne ne kɔbɔɔ NDC amanyɔkuo no na ɛmaa ɔnyaa ho kwan som sɛ amanykuo no baanodani wɔ Atifido mantam. Atta-Mills aban no paw no sɛ Atifido mantam no suafoɔ na ɔdii afe baako wɔ aban mu wɔ Ɔpɛpɔn bosome no ne da ɛtɔ so aduonu nnum afe mpem mmienu ne du mu no, aban no yɛɛ nsakraeɛ maa wɔde Moses Magbenba sii n'anan mu sɛ Atifido Mantam Suafoɔ na ɛno maa NDC foɔ pii ani gyee ɛfiri sɛ na wɔka sɛ, Nayina yɛ pɛsɛmenkominya, ahantan ne kankanbi na ɛno na ɛde mpaepaemu baa amanyɔkuo no mu berɛ na ɔte soɔ no.

Ɛno maa ɔtwee ne ho firii NDC ho de ne ho kɔbɔɔ NPP amanyɔkuo no.

Nwuma a wɔayɛ[sesa]

  • Atifido Mantam Baanodani de ma NDC amanyɔkuo no.
  • Fɔma Bɔɔde Mɛmba de ma adwumakuo a ɛhwɛ anyinam ahoɔden so wɔ Gaana. (ECG)[3]
  • Ɔsuafoɔ dedaw de ma Atifido Mantam no.
  • Na ɔka kuo wɔ paw wɔn sɛ wɔn nhwɛ Ghana mmara kunini a wɔyɛɛ no afe apem aha nkron ne adoukron mmienu (1992) mu no ho.
  • Supavisɔri Bɔɔde de ma Ghana National Gas Company Limited (GNGC) no ɔka ho.[2]

Baabi a minyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Mahama paw no sɛ ɔsuafoɔ (PDF), 2023-12-20
  2. 2.0 2.1 Wɔpaw no kaa Ghana Gas mpaninfoɔ titire ho., 2023-12-20
  3. https://ecg.com.gh/images/reports/Annual_Reports/ECG%20ANNUAL%20REPORT%202012.pdf