Stephen Obimpeh

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Hon.
Stephen Obimpeh
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ North Dayi
Bere
7 January 1993 – 6 January 2001
OdikanfoParliament suspended
AnanmusiniAkua Sena Dansua
Chief of Naval Staff (Ghana)
Bere
June 1979 – December 1981
OdikanfoKen Dadzie
AnanmusiniCaptain J. W. Boateng
Ne ho asɛm
Awo bere
Stephen George Obimpeh

26 September 1941 (1941-09-26) (age 82)
North Dayi, Volta Region Ghana
Ne manGhana Ghana
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Sukuu a w'akɔGhana Military Academy
N'adwumaAmanyɔni
N'adwumaNavy Officer

Stephen George ObimpehGhana amanyɔni. Na ɔka Ghana mmarahyɛbadwam a ɛtɔ so mmienu wɔ 4th Republic mu. Na ogyina hɔ ma North Dayi abatow mpesua a na ɛwɔ Ghana Firaw Mantam. N'a ɔyɛ sraani wɔ Ghana Navy mu.[1]

Ne mmofraberem[sesa]

Wɔwoo Obimpeh 26 Ɛbɔ 1941 wɔ Vakpo a ɛwɔ Ghana Firaw Mantam.[2] Ɔhyɛɛ sukuu ase wɔ Vakpo ɛna ɔtoaa so wɔ Ghana Secondary Technical School(GSTS) wɔ Takoradi. Wɔfaa no wɔ Ghana Military Academy mu. Ɔsan toaa n'adesua so wɔ Britannia Royal Naval College Dartmouth, U.K. Wɔfaa no adwuma mu wɔ Ghana Armed Forces wɔ afe 1963 mu.[3]

N'adwuma mu nsɛm[sesa]

N'a Stephen Obimpeh yɛ po so ɔsraani panyin. Na ɔsan yɛ titrani a ɔda Association of Retired Naval Officers ano.[3]

Amanyɔsɛm[sesa]

Yɛtoo aba maa Obimpeh kɔɔ mmarahyɛbadwam wɔ National Democratic Congress din mu. Wɔpaw no de ma North Dayi abatoɔ mpesua wɔ Ɔpɛnimaa 1996 Ghana abatoɔ mu. Bere a na ɔyɛ mmarahyɛbadwani no na ɔyɛ guamtrani ma Finance Select Committee. Na ɔyɛ Minister for Health wɔ Ghana fi afe 1993 kosi afe 1996. Ɔsan somee sɛ Minister of Agriculture fi afe 1996 kosi 1997.[3]

Wɔ afe 1996 abatow no mu no onyaa 39,445 mma efi mma a wɔtoo nyinaa mu; eyi gyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛm aduɔkron baako (91.7%). Wɔn a wɔne no gyinaa wɔ saa abatow no mu ne Vincent Wilson Bulla ne Augustine Yawo Adjei. Wonyaa mma 2,634 egyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛm asia (6.1%) ne mma 944 egyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛm mmienu (2.2%). Wɔgyinaa wɔ People's Convention Party(PCP) ne New Patriotic Party(NPP) din mu.[4]

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Obimpeh yɛ Kristoni.[2]

Beae a minyaa mmoa fii[sesa]

  1. https://kasapafmonline.com/wp-content/uploads/2021/07/EXPULSION-OF-KOKU-ANYIDOHO2.pdf
  2. 2.0 2.1 https://ghanamps.com/mp/obimpeh-stephen-george-2/
  3. 3.0 3.1 3.2 https://ppa.gov.gh/about-us/former-chairs-ceos/commodore-steve-obimpeh-rtd/
  4. https://elections.asaaseradio.com/1996/volta/68