Samuel Valis-Akyianu

Ɛfi Wikipedia
Samuel Valis-Akyianu
Ghana High Commissioner to the Czech Republic
Ghana ambassador to Serbia and Montenegro
Ghana ambassador to Canada
ƆmanpanyinJohn Atta Mills
Ne ho asɛm
Awo bere
Samuel Valis-Akyianu
Owu bereJuly 2016
Ne manGhanaian
Sukuu a w'akɔ
  • Derbyshire Fire Training School
  • Fire Service Technical College
N'adwumaDiplomat

Samuel Valis-Akyianu (a wɔsan frɛ no Chief Akyianu; ? – July 2016) yɛ Ghana ɔman nanmusifo ne ɔmanyɛfo.[1]

Na ɔyɛ Ghana Ɔmanpanyin wɔ Canada na ɔyɛɛ Ghana Ɔnanmusifo wɔ Czech Republic ne Serbia ne Montenegro.[1]

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Valis-Akyanu nyaa ne Adansedi Krataa a ɛfa Ogya Mfiridwuma ho fii Derbyshire Ogya Ntetee Sukuu a ɛwɔ United Kingdom. Ɔsan nso nyaa ne Abodin krataa a ɛfa Ogya Siw Mfiridwuma ho fii Ogya Dwumadibea Mfiridwuma Sukuupɔn a ɛwɔ United Kingdom. Ná ɔwɔ ne Diploma wɔ Ogya Mfiridwuma mu nso.[1]

Adwuma[sesa]

Wɔ 2 April 1962 mu no, Valis-Akyanu hyɛɛ n’adwuma ase wɔ saa bere no Keteke Ogya Dwumadibea sɛ Ogyayɛfo wɔ Takoradi wɔ Ghana Atɔe Fam Mantam mu. Wɔ Oforisuo 1, 1964 mu no, ɔde ne ho kɔbɔɔ Ghana Ɔman Ogya Dwumadibea. Wɔ afe 1985 mu no, Bere tiaa mu Ɔman Bammɔ Bagua (PNDC) paw no sɛ Ogya Panyin a ɔreyɛ adwuma. Wɔ afe 1988 mu no, wɔhyɛɛ no ​​den na wɔpaw no sɛ Ogya Panyin titiriw. Na na ɔsan yɛ Central Regional Minister.[2] Wɔ afe 2001 mu no, wɔde Veronica Sharon Boakye Kufuor sii n’ananmu sɛ Ghana Ɔnanmusifo wɔ Czech Republic.[3]

Obubuo 2012 mu no, na ɔyɛ Ghana Ɔmannanmusifo wɔ Canada.[4][5] Na ɔyɛɛ Ghana Ɔnanmusifo nso wɔ Serbia ne Montenegro.[6]

Amanyɔsɛm[sesa]

Ná Valis-Akyanu yɛ National Democratic Congress (NDC) no muni na na ɔyɛ Mfinifini mantam no Titenani wɔ party no mu. Na ɔsan yɛ mmarahyɛ baguani kandifo na odii nkogu wɔ New Patriotic Party mmarahyɛbagua kandifo Christine Churcher anim.[7][8][9][10] Ɔdii nkogu wɔ abatoɔ 25,932 a ɛyɛ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu ɔha mu nkyekyɛmu 46 berɛ a Churcher nyaa abatoɔ 30,496 a ɛyɛ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu ɔha mu nkyekyɛmu 54.[11][12]

Ankorankoro asetena[sesa]

Valis-Akyianu waree Love Valis-Akyianu.[13][14] Ne maame ne Auntie Mercy Tandoh Essel na ne nuanom ne Maame Yaa Akyianu, Kwame Akyianu ne Susan Akyianu-Ntsiful.[15]

Ɔyɛ Emmanuel Valis-Akyianu agya, ɔmanyɛfoɔ a ɔsii akan wɔ Cape Coast North Constituency NDC Primary mu na ɔdii nkoguo wɔ Kwamina Mintah Nyarkoh anim.[7][16][17]

Ne wuo[sesa]

Valis-Akyanu wui wɔ Kitawonsa bosome no mu, afe 2016 mu.[18]

Beaɛ a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 Tribute to Ambassador Samuel Valis Akyianu, 2016-06-30
  2. Late Valis-Akyianu’s son to contest NDC Cape Coast North seat (in American English), 2019-07-19, retrieved 2023-12-18
  3. William G. M. Brandful (2013), Personal Reflections of a Ghanaian Foreign Service Officer - Whither Ghanaian Diplomacy? (in English), Dorrance Publishing, ISBN 978-1-4809-0006-6, retrieved 2023-12-18
  4. Valis-Akyianu - High Commissioner of Ghana to Canada (in English), 2012-11-10, retrieved 2023-12-18
  5. Modern Ghana (2013-06-18), Ghana's High Commissioner to Canada, H.E Mr. Samuel Valis-Akyianu visits Calgary
  6. 53rd independence celebration in Serbia (in English), retrieved 2023-12-18
  7. 7.0 7.1 Peace FM Online, Valis Akyianu’s Son To Contest NDC Cape Coast North Seat, retrieved 2023-12-18
  8. MModern Ghana (2009-06-09), District chief executives asked to be respectful
  9. allAfrica (2007-08-24), Ghana: Akyianu Predicts Victory for NDC in 2008
  10. Yaw Boadu-Ayeboafoh (2006-06-10), Daily Graphic: Issue 1,49760 June 10 2006 (in English), Graphic Communications Group, retrieved 2023-12-18
  11. West Africa (in English), West Africa Publishing Company Limited, 1996, retrieved 2023-12-18
  12. John Larvie, Kwasi Afriyie Badu (1996), Elections in Ghana, 1996 (in English), Electoral Commission, ISBN 978-9988-572-49-5, retrieved 2023-12-18
  13. » AVIOR Meets Ghana High Commissioner (in American English), archived from the original on 2023-12-05, retrieved 2023-12-18
  14. The Patriotic Vanguard (2013-07-15), Vancouver: Townhall Meeting with New Ghanaian High Commisioner to Canada (in English), retrieved 2023-12-18
  15. Ransford Tetteh (2010-07-20), Daily Graphic: Issue 1,8282 July 20 2010 (in English), Graphic Communications Group, retrieved 2023-12-18
  16. Valis Akyianu to contest as independent candidate for Cape Coast North (in English), 2020-01-28, retrieved 2023-12-18
  17. Seth Bokpe / info@theghanareport.com (2020-11-05), Valis Akyianu backtracks as independent candidate, declares support for NDC (in English), retrieved 2023-12-18
  18. Chief fire Officer Samuel Valis Akyianu laid to rest - 2/7/2016 (in English), retrieved 2023-12-18