Samiu Kwadwo Nuamah

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Samiu Kwadwo Nuamah
MP for Kwadaso
Bere
January 2017 – 2021
ƆmanpanyinNana Akuffo-Addo
OdikanfoOwusu Afriyie Akoto
Ne ho asɛm
Awo bere25 July
Tanoso, Kumasi
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
CommitteesMines and Energy committee, poverty reduction strategy committee

Samiu Kwadwo Nuamah yɛ Ghana nhomanimfoɔ, ne amanyɔni. Ɔyɛ Ɔsono kokroko amanyɔkuo (New Patriotic Party -NPP) no mu ni na ɔyɛ Mmarahyɛbadwani a ɔwɔ hɔ mprempren yi ma Kwadaso Mansini no.

Abrabɔ ahyaseɛ[sesa]

Wɔwoo Nuamah wɔ Kitawonsa da a ɛtɔ so aduonu-num, na ofiri Tanoso, Kumasi kurotia a ɛwɔ Asante mantam mu wɔ Ghana. Ɔwɔ engineering doctorate (EngD) ne master's degree wɔ The University of Nottingham UK ne Cranfield University UK,[1] na ɛno akyi no ɔmaa ɔkasa wɔ University of Ghana ansa na ɔrehyɛn mmarahyɛ bagua mu wɔ mfeɛ Mpem Mmienu ne du-nson (2017) mu.

2015 mmarahyɛbadwafie[sesa]

Ayɛwohomumɔ , mfeɛ Mpem Mmienu ne du-num (2015 ) mu no, Nuamah sii akan wɔ amansin mu mfitiaseɛ abatoɔ no mu a na ɔwɔ anidasoɔ sɛ ɔbɛnya abatoɔ a ɛdɔɔso a ɛbɛma watumi asi akan wɔ amansin no mmarahyɛ bagua abatoɔ no mu. Nnipa baanum afoforo a nea odi tumi mprempren Owusu Afriyie Akoto ne Josephine Hilda Addo a na anka ɔyɛ Mmarahyɛ Bagua no muni ma ɔmantam no ka ho na wɔpere abatow no. Ɔdii nkonim wɔ abatoɔ no mu de abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu 191.[2]

2016 amansan abatoɔ[sesa]

Wɔ abatoɔ 68541 a wɔtoo wɔ Ghana amansan abatoɔ no mu no, Nuamah dii nkonim. Ɔnyaa mma no mu bɛyɛ ɔha nkyekyem aduɔkron ne akyire (90%,) na ɔboroo n'akansifoɔ Monica Buamah a ɔfiri Kyiniiɛ amanyɔkuo (National Democratic Congress-NDC) , David Akwasi Adongo a ɔfiri (People’s National Convention-PNC) ne Kwame Boateng Antwi a ɔfiri (Convention People’s Party -CPP) mu sɛ ɔngyinaa mu ma adehyeɛ a wɔwɔ Kwadaso mantam a ɛwɔ Ghana Mmarahyɛbadwa no.[3]

N'ankasa abrabɔ[sesa]

Nuamah aware Nana Akosua Serwaa Nuamah na ɔne no wɔ abofra baako.[4]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Nuamah, Samiu Kwadwo (in American English), retrieved 2023-10-02
  2. https://www.graphic.com.gh/news/politics/owusu-afriyie-akoto-named-as-akufo-addo-s-pick-as-agric-minister.html
  3. MPs (in American English), retrieved 2023-10-02
  4. MPs (in American English), retrieved 2023-10-02