Poku Adu-Gyamfi

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Poku Adu-Gyamfi
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Bosomtwe Mpɛsoa so
Bere
7 January 1997 – 6 January 2005
ƆmanpanyinJohn Agyekum Kufour
AnanmusiniSimon Osei Mensah
Ne ho asɛm
Awo bereBosomtwe, Ashanti Region, Ghana
Ne manGhana Ghana
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Sukuu a w'akɔUniversity of Hohenhem
N'adwumaAmanyɔni

Poku Adu Gyamfi (About this soundsɛnea yɛbɔ "Adu-Gyamfi" ) yɛ Ghanani amanyɔni ne mmarahyɛbadwani a na ogyina hɔ ma Bosomtwe mpɛsua a ɛwɔ Asante MantamGhana mmarahyɛbedwafie a ɛtɔ so mmiɛsa wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so nan.[1][2]

Abrabɔ mfitiaseɛ ne nnwomasua[sesa]

Wɔwoo Adu wɔ Bosomtwe, a ɛwɔ ɔman Asante mantamGhana.[1] Ɔkɔɔ Hohenhem asuapɔn na ɔsan kɔɔ kuadwuma ho nyansahunu adesua bea a ɛwɔ beaɛ a nsuo ne ewia bɔ (Hans-Ruthenberg-Institute).[3]

Amanyɔsɛm[sesa]

Adu na odikan a ɔsono amanyɔkuo (NPP) no too aba yii no kɔɔ mmarahyɛbadwam wɔ Ghanaman nyinaa abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ Ahinime bosom no mu wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996). Ɔnyaa abatoɔ no mu mma mpem dubaako, ahansia ne nsia (11,606) firii mma mpem aduonu mmienu, ahanum ne aduasa nson (22,537) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduasa nan akyiri pɔ aduosia (34.60%) de kyɛn Joseph Oteng-Adjei ne kyinie amanyɔkuo mma no a wɔnyaa abatoɔ no mu mma mpem nson, ahansa ne aduasa nkron (7,339), Bernard Kwabena Asamoah a ɔyɛ anamsini de ma akokɔ amanyɔkuo no so nyaa mma mpem mmiɛnsa, ahasa ne aduowɔtwe nkron (3,389) ɛna Joseph Appiah a na ɔyɛ anamsini de ma PNC amanyɔkuo no nso nyaa mma ahanu ne mmiɛnsa (203) firii abatoɔ no mu.[4] Ghanaman nyinaa abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ mfe mpem aduonu wɔ Bosomtwe mpasua a ɛwɔ Ashanti Mantam wɔ Ghana no, ɔnyaa mma mpem dunum, ɔha ne aduosia (15,160) firii mma mpem aduonu mmienu ne aduowɔtwe num (22,085) a na agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduosia mmiɛnsa akyiri pɔ aduasa (63.30%) ɛkyɛn Joseph O. Adjei, anamsini de ma kyinie amanyɔkuo (NDC) a ɔno nso nyaa mma no mu mpem nson, ahasa ne aduosia baako (7,361) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduasa mmienu akyiri pɔ aduonu (32.20%), Suleiman Mohammed a na ɔyɛ anamsini de ma PNC amanyɔkuo no nyaa mma ahanu ne aduonu num (225) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu baako akyiri pɔ ohunu (1.00%) ɛna Violet Kankam a ɔyɛ anamsini de ma akokɔ amanyɔkuo no so nyaa mma ɔha ne aduonu nkron (129) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu ohunu akyiri pɔ aduosia (0.60%).[1][5] Simon Osei Mensah betuu adeɛ so wɔ mfe mpem mmienu ne nan (2004) mmarahyɛbadwam abatoɔ no.[6]

N'adwuma[sesa]

Na ɔyɛ mmarahyɛbadwanni wɔ mfe apem ahankron ne aduokron nson (1997) de kɔsi mfe mpem aduonu ne num (2005) de ma Bosomtwe mpasua a ɛwɔ Asante mantamGhana.[1][2]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 https://ghanamps.com/mp/adu-gyamfi-poku/
  2. 2.0 2.1 "MP pleads with public to stop harassing them for money". www.ghanaweb.com. 2004-01-19. Retrieved 2020-09-02.
  3. Archive copy, archived from the original on 2022-11-18, retrieved 2022-04-16{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  4. FM, Peace. "Ghana Election 1996 Results - Bosomtwe Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2020-10-04.
  5. FM, Peace. "Parliament - Bosomtwe Constituency Election 2000 Results". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2020-09-02.
  6. FM, Peace. "Parliament - Bosomtwe Constituency Election 2004 Results". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2020-09-02.