Simon Osei Mensah

Ɛfi Wikipedia
Onuonyamfo
Simon Osei-Mensah
Asanti Mantam Soafoɔ
Mprenpren
Bere
Ɔgyefoɔ 2017
OdikanfoPeter Anarfi-Mensah
Member of the Ghana Parliament
for Bosomtwe Constituency
Bere
7 Ɔpɛpɔn 2013 – 6 Ɔpɛpɔn 2017
ƆmanpanyinJohn Mahama
AnanmusiniYaw Osei Adutwum
Member of Parliament for Bosomtwe Constituency
Bere
7 Ɔpɛpɔn 2009 – 6 Ɔpɛpɔn 2013
ƆmanpanyinJohn Atta Mills
John Mahama
Member of Parliament for Bosomtwe Constituency
Bere
7 Ɔpɛpɔn 2005 – 6 Ɔpɛpɔn 2009
ƆmanpanyinJohn Kufuor
OdikanfoPoku Adu-Gyamfi
Ne ho asɛm
Awo bere27 May 1961 (1961-05-27) (age 62)
Ne manGhananiGhana 
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Mma5
Sukuu a w'akɔUniversity of National and World Economy
N'adwumaEconomist/Banker[1]

Simon Osei-Mensah a wɔwoo no Kɔtɔnimaa bosome da ɛtɔ so aduonu nson wɔ afe apem ahenkron aduosia baako mu no yɛ Ghana amanyɔni, a na ɔyɛ Mmarahyɛbadwani wɔ mmrahyɛbadwa a ɛtɔ so Nsia wɔ Ghana Adehyeman nnan no mu. Na ɔyɛ New Patriotic Party amanyɔkuoni wɔ Ghana. Ɔyɛ Asanti Mantam soafoɔ wɔ Ghana.[2] Ɔmanpanyin Nana Addo Danquah Akuffo-Addo na ɔpaw no wɔ Ɔpɛpɔn bosome mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nson mu . Ɛna mmarahyɛbadwafoɔ no penee so wɔ Ɔpɛpɔn bosome mu wɔ afe korɔ no ara mu.[3]

Mfitiase Asetra ne Nwomasua[sesa]

Wɔwoo Osei-Mensah wɔ Kɔtonimaa bosome da ɛtɔ so aduonu nson wɔ Afe apem ahenkron aduosia baako mu.[3] Ɔfiri Yachie kuro a ɛwɔ Asanti mantam mu. Ɔnyaa suahunu mu abodin krataa wɔ sikasɛm mu wɔ Ɔman ne Wiase Sikasɛm Suapɔn mu wɔ Sofia, Bulgaria, wɔ afe apem ahenkron aduokron baako mu. Ɔsan nso wɔ Sikakorabea ho Abodin krataa a ɛfiri Adwumayɛ Asoɛeɛ a ɛwɔ Odense, Denmark, a ɔnyaeɛ wɔ afe apem ahenkron aduokron nnwɔtwe mu.[4]

Adwuma[sesa]

Osei-Mensah yɛ sikasɛm ho ɔbenfo ne sikakorabea dwumayɛni. Ɔyɛɛ adwuma sɛ adwumayɛ sohwɛfo wɔ Kuapa Kokoo Credit Union ansa na ɔrepɛ sɛ ɔnya amammuo dibea.[4]

Amammuo mu adwuma[sesa]

Osei-Mensah yɛ New Patriotic Party amanyɔkuo ni.[4][5][6] Ɔbɛyɛɛ mmarahyɛbadwani firi Ɔpɛpɔn bosome mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne num berɛ a ɔdaa ne ho adi sɛ ɔdii nkonim wɔ Amansan Abatoɔ mu wɔ Ɔpɛnimaa bosome mu wɔ Mfeɛ mpem mmienu ne nnan mu. Ɔtuu mmirika dii afe a ɛtɔ so mmienu ne mmiɛnsa na ɔdii nkonim. Na ɔyɛ ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Bosomtwe mansini so.Wɔpaa no sɛ mmarahyɛbadwani maa saa mansini yi wɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nnan no mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nnan, nnum ne nsia mu. Wɔ Ɔpɛpɔn bosome mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu mu, bere a n’apam no san baa n’adwuma mu akyi no, Ɔmampanyin Nana Akuffo-Addo paa no sɛ Asanti mantam soafo.[8]

Abatoɔ Ahodoɔ[sesa]

Wɔpaa Osei-Mensah sɛ mmarahyɛbadwani maa Bosomtwe mansini a ɛwɔ Asanti Mantam mu nea ɛdi kan wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnan Ghana amansan abatoɔ no mu. Ɔdii nkonim wɔ New Patriotic Party amanyɔkuo no din mu.[5] Na ne mansin no yɛ mmarahyɛbadwa nkonnwa aduasa nsia no fa wɔ nkonnwa aduasa nkron a New Patriotic Party amanyɔkuo no dii wɔ saa abatoɔ no mu wɔ Asanti Mantam no mu.[9] New Patriotic Party no nyaa dodow no ara a ɛyɛ mmarahyɛbadwa nkonnwa ɔha ne aduonu nnwɔtwe firii nkonnwa ahanu ne aduasa no mu.[10] Wɔde mma mpem aduonu nnwɔtwe, ne aduonum mmienu (28,052 votes ) na ɛpaa no wɔ abatoɔ a ɛfata a wɔtoeɛ nyinaa mu a na ɛyɛ mpem aduasa nnan ahanu ne aduonu num (34,225 total valid votes cast) a ɛne abatoɔ a ɛfata a wɔtoeɛ nyinaa mu ɔha mu abupɛn aduowɔtwe mmienu (82% ) yɛ pɛ. Wɔpaa no sen Suleiman Mohammed a ɔfiri National People's Convention amanyɔkuo no mu, Edward Isaac Boateng a ofi National Democratic Congress amanyɔkuo no mu ne Paul Adomako Ansah a ɔfiri Convention People's Party amanyɔkuo no mu. Yeinom nyaa abatoɔ a ɛfata nyinaa mu 1.0%, 14.3% ne 2.8% sedeɛ wɔn din didisoɔ no.[5]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe mu no, ɔdii nkonim wɔ amansan abatoɔ no mu wɔ New Patriotic Party amanyɔkuo no din mu maa ɔmansin korɔ no ara.[6] Na ne mansin no yɛ mmarahyɛbawa nkonnwa aduasa nnan no fa wɔ nkonnwa aduasa nkron a New Patriotic Party amanyɔkuo no dii wɔ saa abatoɔ no mu wɔ Asanti Mantam no mu.[11] New Patriotic Party no nyaa mmarahyɛbadwa nkonnwa Ɔha ne nkron (109 seats) wɔ nkonnwa Ahanu aduasa (230seats) mu.[12] Wɔde mma mpem aduonu num, ahenkron aduowɔtwe nwɔtwe ( 25,988 votes) na ɛpaa no wɔ abatoɔ a ɛfata wɔtoeɛ a na ɛyɛ mpem aduasa nson, ɔha ne aduokron nnan( 37,194 total votes ) a wɔtoeɛ nyinaa mu, a ɛne 69.87% yɛ pɛ, na wɔpaw no sene Suleiman Mohammed a ɔfiri People’s National Convention, Dr. Joseph Oteng Adjei a ɔfiri National Democratic Congress ne Gilbert Adler Alhassan a ɔfiri Convention People’s Party. Eyinom nyaa abatow a wɔtow no nyinaa mu 1.46%, 27.67% ne 0.99%.[6]

Wɔ afe 2012 mu no, ɔdii nkonim wɔ amansan abatoɔ no mu bio wɔ New Patriotic Party tekiti so maa ɔmansin korɔ no ara. Wɔde abatow 34,790 na ɛpaw no wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 52,269 mu. Eyi ne abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 66.56% yɛ pɛ. Wɔpaw no sen Joe Oteng-Adjei a ofi National Democratic Congress, Kwame Ofosu Chei a ofi Progressive People’s Party ne Yaw Wiredu a ofi People’s National Convention. Eyinom nyaa abatow a wɔtow no nyinaa mu 32.97%, 0.36% ne 0.11%.

Ankorankoro asetra[sesa]

Osei-Mensah yɛ Katolek Kristoni. Ɔwaree na ɔwɔ mma baanum.

Beaɛ a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. Ghana MPs - MP Details - Osei-Mensah, Simon, 2016-04-25, archived from the original on 2016-04-25, retrieved 2023-10-03
  2. Kojo Akoto Boateng (2017-01-24), List of Nana Addo’s 10 Regional Minister-nominees (in American English), retrieved 2023-10-03
  3. 3.0 3.1 Kojo Akoto Boateng (2017-02-18), Parliament approves Nana Addo’s regional minister nominees (in American English), retrieved 2023-10-03
  4. 4.0 4.1 4.2 Ghana MPs - MP Details - Osei-Mensah, Simon, 2016-04-25, archived from the original on 2016-04-25, retrieved 2023-10-03
  5. Peace FM (2014-12-17), Ghana Election 2004 Results - Adansi Asokwa Constituency, retrieved 2023-10-03
  6. Peace FM (2014-12-17), Ghana Election 2008 Results - Adansi Asokwa Constituency, retrieved 2023-10-03