Nana Ayew Afriye

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Hon.
Nana Ayew Afriye
Member of Ghana Parliament for
Effiduase-Asokore Constituency
Mprenpren
Bere
7 January 2021
ƆmanpanyinNana Addo Dankwa Akufo-Addo
Ne ho asɛm
Awo bere22 January 1978 (1978-01-22) (age 46)
Effiduase, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana
Oxford University
University of Leeds
N'adwumaPolitician
N'adwumaDoctor
CommitteesHealth Committee; Finance Committee

Dr. Nana Ayew Afriye[1]Ghana amanyɔni na ɔyɛ Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so nson (7) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan no muni a ogyina Effiduase-Asokore Mmrahyɛbadwam mpɛsoa ananmu wɔ Ashanti Mantam mu[2]Ɔman Ho Dɔ Kuo Foforɔ (New Patriotic Party) no tekiti so.[3][4]

Ne mmofraase abrabɔ ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Afriye wɔ Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so aduonu mmienu (22) 1978 na ofiri Effiduase wɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana. Wɔ afe 2004 mu no, onyaa ne Bachelor wɔ Aduruyɛ ne Bachelor wɔ Oprehyɛn Ho Ɔbenfo mu (Bachelor of Medicine and Bachelor of Surgery) wɔ Ghana Suapɔn mu (University of Ghana) na ɔsan nso nyaa Post Graduate abodin krataa wɔ Akwahosan Sikasɛm (Post Graduate Certificate in Health Economics) mu wɔ Oxford Suapɔn mu (Oxford University). Wɔ afe 2009 mu no, ɔsan nyaa ne MA wɔ Sikasɛm ho nhyehyɛe sohwɛ mu (MA in Economics Policy Management) wɔ Ghana Suapɔn mu. Wɔ afe 2011 mu no, onyaa ne MPH wɔ Akwahosan Sikasɛm mu wɔ Leeds Suapɔn mu (University of Leeds) a ɛwɔ United Kingdom (UK).[5]

Adwuma[sesa]

Na Afriye yɛ St. Johns Ayaresabea ne Awo a ɛwɔ Tantra Hills wɔ Accra no panyin (CEO - St. Johns Hospital and Fertility).[5] Ɔsan nso yɛ Ɔmanfoɔ Akwahosan Asoɛeɛ Titenani (Head Institutional Public Health) wɔ Ridge Ayaresabea (Ridge Hospital).[3]

Amanyɔsɛm[sesa]

Afriye yɛ New Patriotic Party no muni na ɔyɛ mmarahyɛbadwani ma Effiduase-Asokore Mmrahyɛbadwam mpɛsoaAshanti Mantam mu.[3][6][7]

Boayikuw ahorow[sesa]

Afriye yɛ Akwahosan Boayikuo no Titenani (Chairperson for the Health Committee) na ɔsan yɛ Sikasɛm Boayikuo no muni (member of the Finance Committee).[3][8][9][10]

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Afriye yɛ Kristoni. Ɔwɔ mma baasa (3).[3]

Ntotoho[sesa]

  1. "Nana Ayew Afriye". DailyGuide Network (in American English). Retrieved 2022-08-08.
  2. GTonline (2022-07-22). "Electorates venting spleen on MPs worrisome - Ayew Afriyie". Ghanaian Times (in American English). Retrieved 2022-08-08.
  3. 3.0 3.1 3.2 3.3 3.4 "Parliament of Ghana".
  4. "NPP supporters in Effiduase-Asokore call for annulment of primaries - MyJoyOnline.com". www.myjoyonline.com (in American English). 2020-06-21. Retrieved 2022-08-08.
  5. 5.0 5.1 "Afriye, Nana Ayew". Ghana MPS (in American English). Retrieved 2022-08-08.
  6. "Ayew Afriyie suggests constitutional amendment for only MPs to be Speakers of Parliament". Citinewsroom - Comprehensive News in Ghana (in American English). 2022-03-13. Retrieved 2022-08-08.
  7. Starrfm.com.gh (2019-02-12). "Election 2020: Ayew Afriyie to go unopposed in Effiduase/Asokore Constituency — Starr Fm" (in American English). Retrieved 2022-08-08.
  8. "Shield the Hippocratic Oath". Modern Ghana (in English). Retrieved 2022-08-08.
  9. MyNewsGH (2022-07-25). "'Failed' NPP doesn't make NDC an option – Dr. Nana Ayew Afriyie". MyNewsGh (in American English). Retrieved 2022-08-08.
  10. "Don't interfere in Medical, Dental Council operations - MP warns politicians". Graphic Online (in British English). Retrieved 2022-08-08.