Muhammad Bawah Braimah

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Hon. Alhaji
Muhammad Bawah Braimah
Member of Parliament for Ejura-Sekyedumase Constituency
Mprenpren
Bere
7 January 2021
Ne ho asɛm
Awo bere
Muhammad Bawah Braimah

28 November 1959 (1959-11-28) (age 64)
Kulungugu, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
N'adwumaPolitician
N'adwumaMunicipal Chief Executive
CommitteesPublic Accounts Committee; Defense and Interior Committee

Alhaji Muhammad Bawah BraimahGhana amanyɔni na ɔyɛ Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so nson (7) a ɛwɔ Ghana Amansi n a ɛtɔ so anan (4) no muni a ogyina Ejura-Sekyedumase Mmrahyɛbadwam mpɛsoa ananmu wɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ɔman Demokrasi Mmarahyɛ Badwa (National Democratic Congress) tekiti so.[1][2][3]

Ne mmofraase abrabɔ[sesa]

Wɔwoo Braimah wɔ 28 Obubuo 1959 na ofiri KulunguguUpper East RegionGhana.[4] Ɔkɔɔ Tamale Ntoaso Sukuu a na ɛwɔ na onyaa ne O Level adansedie krataa (GCE Ordinary Level). Onyaa ne MBA wɔ Ntotoeɛ mu (MBA in Management) wɔ Almond Asoɛe (Almond Institute).[5]

Adwuma[sesa]

Braimah yɛ NADMO Kuropɔn Ntamgyinafoɔ (Municipal Coordinator for NADMO) firi afe 2009 kosi afe 2013 na akyiri yi ɔbɛyɛɛ Kuropɔn no sohwɛfoɔ panin (Municipal Chief Executive) maa Ejura-Sekyedumase Kuropɔn Nhyiamu (Ejura-Sekyedumase Municipal Assembly) firi afe 2013 kosi afe 2016.[4] Ɔsan nso yɛ Mubabra Adwumakuw a Wɔahyehyɛ (Mubabra Company Limited) a ɛwɔ Ejura no Ntotoeɛ sohwɛfoɔ (Managing Director).[5]

Amanyɔsɛm[sesa]

Braimah yɛ Ɔman Demokrasi Nhyiam Kuw (National Democratic Congress) no muni na ɔyɛ mmarahyɛbadwani ma Ejura-Sekyedumase Mmrahyɛbadwam mpɛsoa a ɛwɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana.[1][6][7] Wɔ afe 2016 Ghana amansan abatoɔ mu no, Braimah nyaa amba 23,277 dii nkonim wɔ mmarahyɛ badwa no mu bere a NPP mmarahyɛ badwani Mohammed Salisu Bamba nyaa amba 21,795. CPP ɔpɛfoɔ Abdalla Mahawan Sani nso nyaa amba 132 bere a PNC ɔpɛfoɔ Laari Samuel nyaa amba 83.[8] Wɔ afe 2020 Ghana amansan abatoɔ mu no, ɔsan dii nkonim wɔ mmarahyɛ badwa atenaeɛ no mu nyaa amba 30,056 bere a NPP mmarahyɛ badwa mu ɔkannifoɔ Mohammed Salisu Bamba nyaa amba 25,009. CPP ɔpɛfoɔ Adams Hussein nso nyaa amba 119 bere a PNCɔpɛfoɔ Laari Samuel nyaa amba 53.[9][10][11]

Boayikuw ahorow[sesa]

Braimah yɛ Ɔmanfoɔ Akontaabuo Boayikuo (Public Accounts Committee) no muni na ɔsan yɛ Defense ne Interior Committee no muni.[1]

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Braimah yɛ Nkramoni.[1]

Animuonyamhyɛ[sesa]

Ejura Mmabun a Wɔhaw Wɔn no (Concerned Youth of Ejura) hyɛɛ Braimah anuonyam wɔ mmɔden a ɔbɔe wɔ nhomasua a ɛkɔ anim wɔ mpɔtam hɔ no ho.[12]

Ntotoho[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 "Parliament of Ghana". www.parliament.gh. Retrieved 2022-08-09.
  2. "Speed up action to resolve murder of social activist's – Ejura Sekyedumase MP charges Police – MyJoyOnline.com". www.myjoyonline.com (in American English). 2021-06-29. Retrieved 2022-08-09.
  3. "NDC MP insists he was never bribed to approve Akufo-Addo ministers". Modern Ghana (in English). Retrieved 2022-08-09.
  4. 4.0 4.1 "Mohammad Bawah Braimah, Biography". www.ghanaweb.com. Retrieved 2022-08-09.
  5. 5.0 5.1 "Bawah, Braimah Muhammad". Ghana MPS (in American English). Retrieved 2022-08-09.
  6. "Ejura MP mourns #FixTheCountry campaigner, calls for calm". www.classfmonline.com (in English). 2021-06-29. Retrieved 2022-08-09.
  7. "Ejura Sekyedumase MP demands full-scale investigation into killing of youth". Citinewsroom – Comprehensive News in Ghana (in American English). 2021-06-30. Retrieved 2022-08-09.
  8. "NDC snatches Ejura Sekyedumasi from NPP". Graphic Online (in British English). Retrieved 2022-08-09.
  9. FM, Peace. "2020 Election – Ejura Sekyedumase Constituency Results". Ghana Elections – Peace FM. Retrieved 2022-08-09.
  10. "Parliamentary Results for Ejura Sekyedumase". www.ghanaweb.com. Retrieved 2022-08-09.
  11. "Ejura Sekyedumase Summary – 2020 Elections". www.modernghana.com. Retrieved 2022-08-09.
  12. admin (2019-04-10). "Ejura Sekyedumase MP honoured for promoting education". Ghanaian Times (in American English). Retrieved 2022-08-09.