Mercy Asiedu
- Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
| bɔbeasu | female |
|---|---|
| da a wɔwoo no | 1971 |
| languages spoken, written or signed | Akan |
| n'adwuma | film actor, ɔyɛfoɔ |
Mercy Asiedu (Wɔwoo no kotonimaa bosome a ɛtɔso nkron wɔ afe apem ahankron ne aduoson baako)[1] yɛ Ghana sinitwanii a wakyɛ wɔ sinitwa mu a waboa ama sini dwuma no akɔ so.[1][2][3] Ɛnam dwuma a ɔdii no wɔ anigyeɛ sini ne sini a yɛfrɛ no Asɔreba mu nti na ɛmaa ɔgyee din.[4][5] Nnipa pii no a nim no ɛnam sɛ ɔyɛ sinitwani a wagye din Wɔ wɔ Kumase sinitwa dwumayɛkuo no mu na ɔsane dii dwuma bebree wɔ sinitwa mu wɔ mfeɛ mpem mmienu no mu.[6]
Nnwuma
[sesa]Ansa na Mercy Asiedu de ne ho bɛhyɛ siniitwa mu no, na ɔyɛ adwuma sɛ obi a ɔpam ntadeɛ.[7] Ne nyame papa, Ɔsomafoɔ Kwadwo Sarfo na ɔmaa ne ho kɔɔ agodie wiase no mu. Mfiaseɛ no, ɔne anigyedeɛ kuo ketewaa bi bɔɔ nnwom, na ogyee asɔre asafo ahodoɔ ani, titiriw wɔ ɔmantam nhyiamu ase. Ɔkae sɛ: “Ná metaa yɛ nnwom wɔ asɔre nhyiamu ahodoɔ ase.”
Sinitwafoɔ a wadi mfie aduonum no taa de Ɔsomafoɔ Kwadwo Sarfo ho anuonyam ma sɛ ɔhunuu ne talente na ɔhyɛɛ ɔne ne mfɛfoɔ nkuran sɛ wɔnyɛ siniitwa. Ɔka kyerɛɛ Becky sɛ Ɔsomafoɔ Sarfo too nsa frɛɛ ɔne Agya Koo, ne Akrobeto sɛ wɔmmɛka anikasɛm apontoɔ kuo no ho, efirisɛ na wɔde wɔn ho ahyɛ dwumadie ahodoɔ a ɛte saa ara mu deda. "Me nyame papa boaa yɛn denam asɛm bi a ɔtwerɛe de boaa yɛn ma yenyaa nkɔsoɔ wɔ yɛn siniitwa adwuma mu, na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ da bi ɛbɛda adi sɛ ɛsom bo," ɔkae.
Mercy Asiedu adwuma nyaa nkɔsoɔ berɛ a ɔkɔɔ so yɛɛ sini ahodoɔ bi a Obaakofou, Sumsum, Aware, Kakra Yebedie, Agya Koo Trotro, Ghana Yonko, Emma Dodo Kunu, Divine Prayer, Obi Yaa, Sama Te Fie, ne Old Soldier ka ho. Dwuma a odii wɔ sini Asoreba mu no maa wogyee no toom kɛse wɔ wiase nyinaa atiefoɔ mu. "Efiri saa berɛ no, mayɛ sini ahodoɔ a wontumi nkan. Asoreba de me kyerɛɛ atiefoɔ a wɔdɔɔso, na ɛyɛ sini ahodoɔ a m'ani gye ho no mu baako, a ɛka I Know My Right ho. Ɛyɛ me ahohoahoa wɔ nea matumi ayɛ wɔ mfie no mu no ho," ɔdaa no adi wɔ JoyNews.
Wɔwoo Mercy Asiedu wɔ Kɔtɔnimaa 9, 1971, na ɔyɛ Ghana siniitwafoɔ a wayɛ adwumaden a waboa kɛseɛ wɔ sini adwuma mu. Ɔnyaa din wɔ ne dwumadie wɔ 1990 mfie no mu Ghana stage drama nsɛnkwaa apontoɔ mu na ɔbɛyɛɛ Kumawood sinitwanii a wɔagye din wɔ 2000 mfie no mu no mu baako, a wonim no sɛ ɔyɛ adwuma wɔ akwan ahodoɔ so na ɔtaa yɛ dwumadie a akyinnyegyeɛ wɔ mu. Ne sinitwa akwantuo no firii aseɛ wɔ ne mmabunuberɛ mu sɛ Kristo Asafo nsɛnkwaa apontoɔ kuo no fã.[7]
Ɔhyɛɛ sinitwa asɛ wɔ berɛ a na ɔyɛ abɛsirewa, a na ɔka Kristoni Asafo anigyeɛ kuo no ho..ɛnam dwumadie a ɔdi no wɔ sini mu sɛ obi a n'asɛm ɛyɛ den nti ama obiara nim no[8]. Watwa sini bebree wɔ Kumase sinitwa dwumayɛkuo no mu,sini a wɔyi no wɔ Kumase wɔ yɛn ara Akan kasa, Twi .[9][10] Ɔne Agya Koo, Lil Win, Kwaku Manu, Aboagye Brenya ayɛ sini sɛ yɛbɛka kakra a, ebi ho asɛm.[11]
N'abrabɔ.
[sesa]Wɔ Oforisuo bosome da a ɛtɔ so mmienu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dunson mu no, ɔwaree Nana Agyemang Badu Duah, Ɔhene a ɔwɔ Kunsu a ɛwɔ Ahafo Ano Anaafoɔ mansini wɔ Asante Mantam.[1][12][13] Ɔwɔ mma mmiɛnsa, mma mmarima mmienu ɛna ba baa Baako.[14][15]
Amanyɔsɛm
[sesa]Wɔ ɛbɔ bosome no mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du-nsia mu no ɔgyee ɔsono amanyɔkuo "New patroitic party" manpanin frankaatufoɔ Nana Addo Dankwa Akuffo-Addo tom sensane ne nkrataa so sɛ ɔmmɛyɛ Ɔmanpanin.[16] Wɔ Kitawonsa no mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du-nsia mu no, ɔbaa abɔtene sɛ ɔbɛ dɔme obiara a ɔbɛka sɛ ɔgyee sika wɔ kyineɛ amanyɔkuo "National Democratic Congress" a na saa berɛ no ɔsi akonnwa no so kɔɔ aborɔbɔ maa wɔn.[17]
Sini a ɔtwaeeɛ.
[sesa]- Ɔbaakofoɔ
- Sumsum Aware
- Kakra Yɛbɛdie
- Agya Koo Trotro
- Ghana Yɔnkoɔ
- Mmaa dodoɔ Kunu
- Divine Prayer
- Obi Yaa
- Saman Te fie
- Old Soldier
Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.
[sesa]- 1 2 3 Abedu-Kennedy, Dorcas (2020-07-11). "10 photos of Mercy Asiedu that show that age is just a number". Adomonline.com. Retrieved 2021-04-14.
- ↑ Serwaa, Adwoa (2014-11-20). Graphic Showbiz: Issue 946 November 20-23, 2014. Graphic Communications Group
- ↑ Dadson, Nanabanyin (2011-01-06). Graphic Showbiz: Issue 656 January 6-12 2011. Graphic Communications Group.
- ↑ Asumadu (2016-05-10). "Mercy Asiedu celebrates birthday as a Queen". News Ghana. Retrieved 2021-04-14.
- ↑ Owusu-Amoah, Gifty (22 June 2019). "New season of Concert Party starts June 23,2019". Graphic Online. Retrieved 14 April 2021
- ↑ "Mercy Asiedu, Other Kumawood Actors Clash On United Showbiz With Nana Ama McBrown". Peacefmonline.com - Ghana news. Retrieved 2021-04-14
- 1 2 "From seamstress to actress: The 25-year journey of Mercy Asiedu - MyJoyOnline". www.myjoyonline.com. 2021-09-21. Retrieved 2024-08-24.
- ↑ "Mercy Asiedu welcomes first child with husband after 3 years of marriage". www.ghanaweb.com. 2020-10-24. Retrieved 2020-11-22.
- ↑ "Kumkum Bhagya not a threat to Kumawood - Mercy Asiedu". GhanaWeb. 2016-07-12. Retrieved 2021-04-14.
- ↑ "Lilwin, Mercy Asiedu and others star in new movie 'Yi Wani'". GhanaWeb. 2016-06-18. Retrieved 2021-04-14
- ↑ Arthur, Erica Nana. "Kumawood Actor Agya Brenya reported dead — Starr Fm". Retrieved 2021-10-02.
- ↑ Mensah, Jeffrey (2021-02-16). "Mercy Asiedu flaunts handsome husband in loved-up photo; McBrown, Awuni shout". Yen.com.gh - Ghana news. Retrieved 2021-04-14.
- ↑ "Photo: Mercy Asiedu and hubby celebrate 4th wedding anniversary". Pulse Ghana. 2021-04-03. Retrieved 2021-04-14.
- ↑ "Mercy Asiedu flaunts her adorable son on social media for the first time". The Independent Ghana. 2020-03-11. Retrieved 2021-04-14.
- ↑ Mensah, Jeffrey (2020-07-09). "Photos of Kumawood actress Mercy Asiedu's only daughter pop up". Yen.com.gh - Ghana news. Retrieved 2021-04-14
- ↑ "Kumawood's Mercy Asiedu endorses Nana Addo". GhanaWeb. 2016-09-29. Retrieved 2021-04-14.
- ↑ "I'll curse anyone who says I'm for NDC – Mercy Asiedu". GhanaWeb. 2016-06-14. Retrieved 2021-04-14