Laadi Ayii Ayamba

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Hon.
Laadi Ayii Ayamba
MP
Member of the Ghana Parliament
for Pusiga Constituency
Mprenpren
Bere
7 January 2013
Ne ho asɛm
Awo bere26 December 1961 (1961-12-26) (age 62)
Pusiga, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Mma5
Sukuu a w'akɔUniversity of Education, Winneba
N'adwumaPolitician
N'adwumaTrained Teacher

Laadi Ayii AyambaGhana amanyɔni na ɔyɛ Mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so awɔtwe (8th) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) no muni a ogyina Pusiga Mmrahyɛbadwam mpɛsoa ananmu wɔ Atifi Apueɛ MantamƆman Demokrasi Mmarahyɛ Badwa (National Democratic Congress) tekiti so.[1] Na ɔyɛ mmarahyɛ badwa a ɛtɔ so nsia (6th) ne nson (7th) no muni nso. Ɔyɛ ɔbaa a ɔyɛ adwumaden (woman activist) na ne dodoɔ no ara di nsɛm a ɛfa mmaa ho wɔ mmarahyɛ badwa no fam.[2][3] Odii dwuma sɛ Boayikuo a ɛhwɛ Bɔbeasu ne Mmofra so no guamtrani (chairperson of the Committee on Gender and Children) wɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4th) no mmarahyɛ badwa a ɛtɔ so (6th) mu firi afe 2013 kosi afe 2017.[4][5]

Ne mmofrase abrabɔ ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Laadi Ayi Ayamba wɔ Ɔpɛnimma bosome da ɛtɔ so aduonu nsia (26) afe 1961, Ɔyɛ Pusiga kuromni a ɛwɔ Atifi Apueɛ Mantam. Ɔkɔɔ mfinimfini sukuu wɔ Pusiga Ntoasoɔ Mfinimfini Sukuu mu (Pusiga Continuation Middle School). Ɔtoaa n’adesua so fi saa bere no wɔ Gbewaa Akyerɛkyerɛfo Ntetee Kɔlege (Gbewaa Teacher Training College), faako a owiee sɛ ɔkyerɛkyerɛfo a wɔatete no (trained teacher). Akyiri yi ɔkɔɔ Nhomasua Suapɔn (University of Education), Winneba baabi a onyaa abodin krataa wɔ Mfitiase Nhomasua mu (bachelor's degree in Basic Education).[6]

Adwuma[sesa]

Ayamba hyɛɛ n’adwuma ase sɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ (teacher ) firi afe 1981 kosi afe 1991. Saa berɛ no na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ panin (head-teacher) kosii afe 2000, baabi a Ghana Nhomasua Dwumadibea no san paw no sɛ Ɔpanin (Officer) a ɔhwɛ Da Nkokoaa Sukuu Ahorow (Day Nursery Schools) so.[7]

Amanyɔsɛm[sesa]

Mmarahyɛbadwani[sesa]

Ayamba yɛ Ɔman Demokrasi Mmarahyɛ Badwa (National Democratic Congress) muni na ɔfaa n’akongua wɔ mmarahyɛ badwa mu sɛ Mmarahyɛbadwani ma Pusiga Mmrahyɛbadwam mpɛsoa a ɛwɔ Atifi Apueɛ Mantam bere a onyaa amba sen n’asɔretiafo Simon Akunye Atingban ne Osman Aludiba Ayuba a na wɔrepere dibea koro no ara no. Odii nkonim wɔ abatoɔ no mu a ne nyinaa yɛ amba 15,847 wɔ abatoɔ 29,592 a ɛfata mu, a ɛyɛ 46.78% wɔ abatoɔ a ɛfata nyinaa mu.[6]

ECOWAS[sesa]

Wɔ afe 2021 mu no, Laadi ne Alexander Kwamena Afenyo-Markin, Abdul-Aziz Ayaba Musah, Johnson Kwaku Adu ne Emmanuel Kwasi Bedzrah kaa ntam wɔ ECOWAS Mmarahyɛ Badwa no Nhyiamu soronko 2021 (Extraordinary Session 2021 of the Parliament of the ECOWAS) a ɛkɔɔ so wɔ Freetown wɔ Sierra Leone no mu.[8]

Boayikuw a Ɛhwɛ Bɔbeasu ne Mmofra So no Titenani[sesa]

Ɔyɛɛ Mmarahyɛ Badwa Boayikuo a ɛhwɛ Bɔbeasu ne Mmofra so no Titenani (Chairperson of the Parliamentary Committee on Gender and Children) ogyinaa Ghana ananmu wɔ Geneva, Switzerland wɔ Amanaman Nkabom Apam a Ɛfa Nyiyim a Wɔtu Mmea Nyinaa Fi hɔ nhyiamu a ɛtɔ so aduonum nkron (59th session of UN Convention on the Elimination of all forms of Discrimination against Women - CEDAW) no mu de boaa mmɔden a Ghana rebɔ sɛ wɔbɛhwɛ sɛ wɔbɛyi nyiyim afiri hɔ nyiyim a wɔyɛ tia mmea nyinaa.[5] Wɔ ne dwumadie mu no ɔkaa sɛ Ghana rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛdi amammerɛ mu nneyɛeɛ a epira a ne bere atwam ho dwuma denam mmara a wɔbɛbɔ de abara saa nneyɛeɛ no so.[5] Ɔsan nso kaa ɔman no nhyehyɛeɛ a ɛfa Asetena mu Tumi a Wɔde Ko Tia Ohia (Livelihood Empowerment Against Poverty - LEAP) a wɔde adi dwuma na ɛhia sɛ wɔhyɛ mu den wɔ nkuraaseɛ a mmabaa nkumaa tu kɔ nkuropɔn mu na ɛboa wɔn ma wɔtena wɔn nkitahodiɛ mu na wɔnya nimdeɛ a ɛfata a wɔde bɛma wɔn fekuw ahorow.[5] Ɔsan nso dii nyansahyɛ a mmarima ne mmea boayikuw (gender committee) no de mae sɛ oguamtrani (chairperson) no anim sɛ wɔbɛma nna ho nkyerɛkyerɛ akɔ soro wɔ sukuu ahorow mu na aboa ma wɔasiw mmabun nyinsɛn (teenage pregnancy) a ɛkɔ soro no ano.[5][9]

Sii so dua Anamɔntuo Mmara a Wɔde Di Dwuma (Affirmative Action Bill)[sesa]

Ɔyɛ ɔbea a ɔkamfo kyerɛ a ɔboaa Affirmative Action Bill no na ɔboaa mmara no nhyehyɛe a ɛbɛma wɔahwɛ ahu sɛ ɔha biara mu nkyem aduanan (40) a wɔde bɛma mmea de wɔn ho ahyɛ amanyɔsɛm mu na afei nso ɛsɛ sɛ wɔma mmea kwan ma wosi akan wɔ wɔn akuw ahorow no ''nkongua a ahobammɔ wom'' ho na ama wɔahwɛ ahu sɛ nneɛma pa bi bɛba mmea ananmusifo.[5]

Afe 2020 abatoɔ[sesa]

Ɔkuraa n’akongua so wɔ afe 2020 Ɔpɛnimma abatoɔ no mu berɛ a odii nkonim wɔ abatoɔ dodoɔ no ara mu 63.[10] Odii nea ɔsɔre tia no paa Abdul-Karim Zanni Dubiure a ofi NPP no so nkonim denam abatow 14,929 a onyaa a egyina hɔ ma 42.31% bere a 14,866 gyina hɔ ma 42.13% no so.[11]

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Ayamba yɛ Nkramoni. Wagyae awareɛ (divorced) na ɔwɔ mma dunum (5).[12]

Ntotoho[sesa]

  1. "Ghana MPs – List of MPs". www.ghanamps.com. Retrieved 2019-02-15.
  2. "Gender Ministry Empowers Women Caucus In Parliament : Ministry of Gender, Children and Social Protection". www.mogcsp.gov.gh. Retrieved 2021-01-28.
  3. "I will continue to project gender issues- Pusiga MP". BusinessGhana. Retrieved 2021-01-28.
  4. "Gender Ministry in dire need of resources". Citi 97.3 FM – Relevant Radio. Always (in American English). 2014-07-20. Retrieved 2021-01-28.
  5. 5.0 5.1 5.2 5.3 5.4 5.5 "Ghana on track to eliminate discrimination against women". Graphic Online (in British English). Retrieved 2021-01-28.
  6. 6.0 6.1 "Ghana MPs – MP Details – Ayamba, Laadi Ayii". www.ghanamps.com. Retrieved 2019-03-09.
  7. "Parliament of Ghana". www.parliament.gh. Retrieved 2019-03-09.
  8. author; ANAETO, Fred (2021-03-29). "1st Extraordinary Session 2021 of ECOWAS Parliament: Adoption of the Strategic Plan (2020–2024) as the first priority". ECOWAS Parliament Website (in American English). Retrieved 2022-02-04. {{cite web}}: |last1= has generic name (help)
  9. Dogbevi, Emmanuel (2016-03-06). "Parliament calls for strict implementation of Children's Act". Ghana Business News (in American English). Retrieved 2021-01-28.
  10. "Laadi wins Pusiga seat by 63 votes". www.ghanaweb.com (in English). 2020-12-08. Retrieved 2021-01-28.
  11. "Parliamentary Results for Pusiga". www.ghanaweb.com. Retrieved 2021-01-28.
  12. "Ghana MPs – MP Details – Ayamba, Laadi Ayii". www.ghanamps.com. Retrieved 2020-02-24.