Emmanuel Kwasi Bedzrah

Ɛfi Wikipedia
Emmanuel Kwasi Bedzrah
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameEmmanuel Sesa
date of birth28 Kotonimma 1967 Sesa
place of birthGhana Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni, surveyor Sesa
position heldMember of the 7th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 6th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 5th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
educated atGhana Institute of Management and Public Administration, University of Ghana Sesa
member of political partyNational Democratic Congress (Ghana) Sesa
religion or worldviewKinilisyano Sesa

Emmanuel Kwasi Bedzrah yɛ Ghana amanyɔni ne Mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nson a ɛwɔ Ghana Republic of the Fourth Republic no muni a ɔgyina Ho West Abatoɔ Mpasua ananmu wɔ Firaw Mantam mu wɔ National Democratic Congress tekiti so.

Mfitiaseɛ asetena ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Bedzrah wɔ 28 Kɔtonima 1967. Ɔfiri Tsitso-Awudome, kuro bi a ɛwɔ Firaw Mantam mu wɔ Ghana. Onyaa ne diploma sɛ Chartered Surveyor wɔ Ghana Institute of Surveyors. Ɔsan nso nyaa ne Construction Technicians Certificate I (CTC I) firii Takoradi Polytechnic ne Bachelor of Science abodin krataa wɔ Administration mu wɔ Ghana Suapɔn mu. Ɔwɔ master's degree wɔ Ghana Institute of Management and Public Administration (GIMPA).

Adwuma ne amammuisɛm[sesa]

Ansa na ɔrehyɛn amammuisɛm mu no, na Bedzrah yɛ adwumayɛni panin wɔ Procurement na Project Management Consultancy.

Wɔpaw no sɛ ɔmmɛgyina Ho West amansin ananmu wɔ afe 2008 Ghana amansan abatoɔ no mu. Ɔwɔ mmarahyɛ bagua mu firi 7 Ɔpɛpɔn 2009. Wɔ mmarahyɛbadwa mu no, wasom wɔ boayikuo ahodoɔ mu, a ebi ne; Adwuma ne Adan Boayikuo, ne Daa Ahyɛdeɛ Boayikuo.

Wɔ afe 2021 mu no, Bedzrah ne Alexander Kwamena Afenyo-Markin, Abdul-Aziz Ayaba Musah, Johnson Kwaku Adu ne Laadi Ayii Ayamba boom wɔkaa ntam wɔ ECOWAS Mmarahyɛbadwa no Nhyiam Kɛseɛ 2021 a ɛsiiɛ wɔ Freetown wɔ Sierra Leone no mu.

N'asetena Mu[sesa]

Bedzrah aware na ɔwɔ mma baanan. Ɔda ne ho adi sɛ ɔyɛ Kristoni