Kwakye Addo

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Kwakye Addo
MMrahyɛbadwani ɛwɔ Afram Plains South Mpɛsoaso
Bere
7 January 2001 – 6 January 2005
ƆmanpanyinJohn Agyekum Kufour
Ne ho asɛm
Awo bere23 February 1951 (1951-02-23) (age 73)
Afram Plains South, Eastern Region Gold Coast (now Ghana)
Ne manGhanaGhana
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Sukuu a w'akɔAbetifi Training College, Ghana
N'adwumaAmanyɔni
N'adwumaPolitical teacher

Kwakye Addo About this soundsɛnea yɛbɔ "Kwakye Addo"  (yɛwoo no wɔ Ɔgyefoɔ bosome mu, da a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa wɔ afe apem ahankron ne aduonum baako) ɔyɛ Ghana amanyɔni,na Ɔsan ka mmarahyɛbedwakuo a ɛtɔ so mmienu ne mmiɛnsa wɔ Adehyeman a ɛtɔ so nan mu na ɔgyinaa mu maa Afram Plains Anaafoɔ abatoɔ mpɛsoa so wɔ Atɔeɛ Mantamu.[1]

Abrabɔ ahyɛaseɛ ne nnwomasua[sesa]

Addo yɛwoo no wɔ Ɔgyefoɔ bosome mu da a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa wɔ Afram Plains Anaafoɔ wɔ Atɔeɛ Mantam wɔ Ghana.

Ɔkɔɔ Abetifi Training Kollegyi na ɛhɔ na ɔnyaa abodin krataa a ɛma no kwan ma no yɛ ɔkyerɛkyerɛni.[1]

Nnwuma[sesa]

Addo yɛ amanyɔsɛm kyerɛkyerɛni na ɔsan yɛ kanee mmarahyɛbɛdwani ma Afram Plains Anaafoɔ firi mfeɛ mpem mmienu ne baako de kɔsii mfeɛ mpem mmienu ne num.[1]

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔtoo aba maa Addo kɔɔ mmarahyɛbedwam wɔ Adehyeman a ɛtɔ so nan wɔ GhanaƆpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so nson wɔ afe apem ahankron aduokron mmiɛnsa (1993) ɛberɛ a wɔbɔɔ ne din sɛ ɔno na wadi nkunim wɔ Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ a wɔtoo no wɔ Ɔpɛnimaa bosome da a ɛtɔ so aduonu nkron wɔ afe apem ahankron aduokron mmienu mu (1992).

Ɔsan too aba maa no bio maa no kɔɔ mmarahyɛbedwam a ɛtɔ so mmienu mu wɔ Adehyeman a ɛtɔ so nan wɔ Ghana mu a ɔgyinaa mu sɛ National Democratic Congress amanyɔkuoni a ɔdii nkunim wɔ Ɔpɛnimaa bosome mu wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996) wɔ Ghana abatoɔ mu maa Afram Plains Anaafoɔ abatoɔ mpɛsoa so wɔ Atɔeɛ Mantam wɔ Ghana. Ɔnyaa mma mpem dubaako ahanan ne aduokron num firii aba dodoɔ a wɔtoeɛ a ɛno nso yɛ mpem aduonu baako aduonum ne aduonu num a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu aduanan mmienu akyiripɔ aduanan a ɛkyɛn nea ɔne wɔn sii akan a ɛyɛ Raphael Kofi Ahaligah a ɔyɛ IND amanyɔkuo ba, Daniel Kwaku Adjepong a ɔyɛ NPP amanyɔkuo ba ne Edward Ofori Addo a ɔyɛ CPP amanyɔkuo ba, mma a wɔnyaeɛ na ɛdidisoɔ yi; mpem nsia ɔha nnwɔtwe ne nan, mpem mmienu aduokron nkron ne nan, ne ɔha ne aduosia nnwɔtwe.[2]

Ɛwɔ mfeɛ mpem mmienu (2000) Ghana abatoɔ mu no.[1][3][4] Ɔnyaa mma mpem nson ne dubaako firii mma dodoɔ a wɔtoeɛ a na ɛyɛ mpem dunum aduonu ne nkron a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu aduanan nsia akyiripɔ du.

Wɔtoo aba maa no kyɛɛn Anthony Adongo a ɔgyinaa mu sɛ kɔntenkorɔ no, John Addo Amponsah a ɔyɛ New Patriotic Party amanyɔkuo ananmusini ne Anthony Mensah a ɔyɛ National Reform Party amanyɔkuo ananmusini. Owura Adongo nyaa mma mpem nan ahansia ne aduosia a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu aduasa akyiripɔ aduosia. NPP amanyɔkuo ananmusini John,nyaa mpem mmienu ne aduoson nkron a ɛyɛ ɔha mu nkyekyɛmu du mmiɛnsa akyiripɔ aduoson firii mma dodoɔ a wɔtoeɛ no mu.Owura Mensah a ɔyɛ NRP amanyɔkuo ba no nyaa mma no mu ɔha mu nkyekyɛmu nkron akyiripɔ aduosia.[5] Ɔdii nkoguo maa Raphael Kofi Ahaligah dii nkonim wɔ berɛ a amanyɔkuo mma no kɔtoo aba yii mpanimfoɔ a wɔbɛsi wɔn anan mu no.[6]

Abrabɔ[sesa]

Addo yɛ Kristoni.[1]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

^ FM, Peace. "Ghana Election 1996 Results - Afram Plains South Constituency"​. Ghana

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 ^ FM, Peace. "Ghana Election 1996 Results - Afram Plains South Constituency"​. Ghana
  2. [2] FM, Peace. "Ghana Election 1996 Results - Afram Plains South Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 6 October 2020.
  3. [3] FM, Peace. "Parliament – Afram Plains South Constituency Election 2000 Results". Ghana Elections – Peace FM. Retrieved 2 September 2020.
  4. [4] "Ghana Election afram-plains-south Constituency Results". www.graphic.com.gh. Retrieved 2 September 2020.
  5. [5] "Parliament: Eastern Region". Peace FM Online. Retrieved 4 September 2020.
  6. FM, Peace. "Parliament – Afram Plains South Constituency Election 2000 Results". Ghana Elections – Peace FM. Retrieved 2 September 2020.