Kwaku Kwarteng

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Hon.
Kwaku Kwarteng
MP
MP for Obuasi West
Mprenpren
Bere
2013
ƆmanpanyinJohn Mahama
Deputy Minister for Finance
Mprenpren
Bere
April 2017
ƆmanpanyinNana Akuffo-Addo
Ne ho asɛm
Awo bere
Kwaku Agyemang Kwarteng

12 February 1969 (1969-02-12) (age 55)
Kokofu, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Mma3
Sukuu a w'akɔKNUST, University of Ghana
N'adwumaPolitician
N'adwumaEconomist, Engineer
CommitteesFinance Committee (Chairperson); Communications Committee

Kwaku Agyemang Kwarteng (wɔwoo no Ɔgyefoɔ 12, 1969)[1] yɛ Ghana aban mfiridwumayɛfoɔ (civil engineer), sikasɛm ho ɔbenfoɔ (economist), ne amanyɔni. Ɔyɛ Mmarahyɛbadwani a ɔdi mfeɛ mmienu wɔ Obuasi Anafoɔ Mmrahyɛbadwam mpɛsoa mu wɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana. Ɔyɛ Ghana Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo (New Patriotic Party) no muni na ɔyɛ sikasɛm ɔsoafoɔ abadiakyiri (deputy minister of finance).[2][3][4][5]

Abrabɔ[sesa]

Ne mmofrase abrabɔ[sesa]

Wɔwoo Kwaku Kwarteng wɔ Ɔgyefoɔ bosome da a ɛtɔ so dummiɛnu (12), afe 1969, wɔ Kokofu wɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana. Ɔkɔɔ Kwame Nkrumah Nyansahu ne Mfiridwuma Suapɔn (Kwame Nkrumah University of Science and Technology) a ɛwɔ Kumasi a ɛbɛn hɔ no, baabi a onyaa Nyansahu mu Bachelor abodin krataa wɔ aban mfiridwuma mu (Bachelor of Science degree in civil engineering) wɔ afe 1996 mu.[6] Akyiri yi onyaa Nyansahu mu Ɔbenfo abodin krataa nso wɔ aban mfiridwuma ho nimdeɛ mu (Master of Science degree also in civil engineering) wɔ suapɔn koro no ara mu wɔ afe 2013 mu.[6][7] Ɔsan nso wɔ M.A. wɔ Sikasɛm ho nhyehyɛeɛ mu (M.A. in Economic Policy Management) wɔ Ghana Suapɔn mu (University of Ghana) wɔ afe 2009 mu.[6][8][9]

Adwuma[sesa]

Kwaku Kwarteng adwumayɛ asetra mu dodow no ara ayɛ amanyɔsɛm. Ɔyɛɛ Ghana Aban kasamafoɔ (Government of Ghana spokesperson) wɔ sikasɛm ho (finance) firi afe 2006 kosi afe 2009.[6] Bere a John Agyekum Kufour aban no gyaee tumidi wɔ afe 2009 mu no, ɔbɛyɛɛ nhyehyɛe ho ɔfotufo (policy advisor) maa Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo (New Patriotic Party) firi afe 2010 kosi afe 2013.[8]

Wɔ afe 2011 mu no wɔpaw no sɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo (New Patriotic Party) kandifo sɛ ɔnkɔsi akan wɔ Obuasi Anafoɔ Mmrahyɛbadwam mpɛsoa a wɔabɔ no foforo no mu. Wɔ afe 2012 Amansan abatoɔ mu no, ɔne John Alexander Ackon a ofiri Ɔman Demokrasi Mmarahyɛ Badwa (National Democratic Congress), Abubakar Sadick Iddris a ofiri Nnipa Kuw a Ɛkɔ Nkɔso (Progressive People’s Party), Aishetu Tahiru a ofiri Ɔman Demokrasi Kuw (National Democratic Party), Mohammed Issifu a ɔfiri People’s National Convention, ne Isaac Fordjour a ɔde ne ho no sii akan (Independent candidate). Kwarteng nyaa amba 31,101 wɔ abatoɔ 48,254 a ɛfata a wɔtoeɛ no mu, a ɛyɛ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu 64.45%.[8] Bere a ɔwɔ mmarahyɛ badwa mu no, wasom wɔ boayikuw ahorow pii mu a Nkitahodi Boayikuw (Communications Committee) ne Ohia a Wɔtew So Ho Nhyehyɛe Boayikuw ka ho (Poverty Reduction Strategy Committee).[8]

bosome Ɔpɛpɔn afe 2017 mu no, Ɔmanpanyin Nana Akufo-Addo yii Kwarteng ne Charles Adu Boahen sɛ wɔnyɛ sikasɛm soafoɔ abadiakyiri (deputy ministers of finance).[10] Na ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwuma wɔ Ken Ofori-Atta ase.[11] Mmarahyɛ Badwa no Boayikuo a ɛpaw Kwarteng no hwehwɛɛ mu wɔ bosome Ɔbɛnem afe 2017 mu.[12][13][14][15] Bere a wɔreyɛ ne nhwehwɛmu no, ɔkae sɛ John Dramani Mahama nniso no agyaw cedis ɔpepepem nson (7 billion cedis) a aka a wontuae wɔ ahyehyɛde ahorow a ɛwɔ ɔman no mu no. Nnipa kakraa bi kuw (The minority) no buu asɛm no animtiaa kae sɛ ɛka a ɛte saa biara nni hɔ. Kwarteng nso san kaa ɔpɛ a aban no wɔ sɛ ɔbɛtew mfɛntom (interest rate) no so.[16][17] Boayikuw no penee so maa dibea a wɔpaw no sɛ ɔnyɛ no.[18]

Wɔ afe 2016 Ghana amansan abatoɔ mu no, ɔde amba 32,049 dii nkonim wɔ mmarahyɛ badwa no mu bere a NDC mmarahyɛbadwani a ɔpɛ sɛ ɔyɛ John Alexander Ackon nyaa amba 11,587.[19]

Wɔ afe 2020 Ghana amansan abatoɔ mu no, ɔde amba 33,383 dii nkonim wɔ mmarahyɛ badwa no mu bere a NDC mmarahyɛbaguani a ɔpɛ sɛ ɔyɛ Faustilove Appiah Kannin nyaa amba 15,141.[20]

Ɔsan nso yɛ Ɔsoafoɔ Abadiakyiri a ɔhwɛ Sikasɛm so (Deputy Minister for Finance).[5]

Boayikuw ahorow[sesa]

Ɔsomm sɛ Sikasɛm Boayikuw (Finance Committee) no muni na ɔsan nso yɛɛ Ohia a Wɔtew So Boayikuw (Poverty Reduction Committee) no mu.[21] Bere a ɔwɔ mmarahyɛ badwa mu no, wasom wɔ boayikuw ahorow pii mu a Nkitahodi Boayikuw (Communications Committee) ka ho.[22] Mprempren ɔyɛ Sikasɛm Boayikuw (Finance Committee) no Titenani (Chairperson )[23][24] na ɔsan yɛ Nkitahodi Boayikuw no muni.[9]

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Kwarteng aware a ɔwɔ mma baasa (3). Ɔyɛ Katolekni.[8]

Ntotoho[sesa]

  1. "Ghana MPs – MP Details – Kwarteng, Agyemang Kwaku". ghanamps.com. Retrieved 2017-11-15.
  2. "Hon. Agyemang Kwaku Kwarteng". odekro.org. Archived from the original on 15 November 2017. Retrieved 15 November 2017.
  3. "kwaku kwarteng vetting parliament – Google Search". www.google.com.gh (in English). Retrieved 2017-11-15.
  4. "Home | Ministry of Finance | Ghana". www.mofep.gov.gh (in English). Archived from the original on 2023-05-25. Retrieved 2017-11-15.
  5. 5.0 5.1 "Kwaku Kwarteng cuts sod for road project in Obuasi". Citinewsroom – Comprehensive News in Ghana (in American English). 2020-07-19. Retrieved 2020-07-19.
  6. 6.0 6.1 6.2 6.3 "Ghana Parliament member Kwaku Agyeman Kwarteng". www.ghanaweb.com (in English). Archived from the original on 2017-11-16. Retrieved 2017-11-15.
  7. "Impact of Mining CASE STUDY: OBUASI" (PDF). Retrieved 2017-11-15.
  8. 8.0 8.1 8.2 8.3 8.4 Ghana, ICT Dept. Office of Parliament. "Parliament of Ghana". www.parliament.gh. Retrieved 2017-11-15.
  9. 9.0 9.1 "Parliament of Ghana". www.parliament.gh. Retrieved 2022-08-31.
  10. "Kwaku Kwarteng, Oppong Nkrumah, among first batch of Deputy Ministers". Modern Ghana (in British English). Retrieved 2017-11-15.
  11. "Ofori-Atta, Kwarteng and Adu-Boahen for Finance Ministry" (in American English). 2017-01-10. Retrieved 2017-11-15.
  12. "Minority Leader jabs Kweku Kwarteng over tax exemptions" (in American English). 2017-03-28. Retrieved 2017-11-15.
  13. "Vetting of 54 ministers, deputies begins March 27". m.classfmonline.com (in English). Archived from the original on 2017-11-15. Retrieved 2017-11-15.
  14. "Deputy Ministers Vetting Begins". dailyguideafrica.com (in American English). 2017-03-27. Archived from the original on 30 March 2017. Retrieved 2017-11-15.{{cite web}}: CS1 maint: unfit URL (link)
  15. "Parliament Appointments C'ttee resumes sitting – The Ghanaian Times". www.ghanaiantimes.com.gh (in English). Retrieved 2017-11-15.
  16. "Arrears could be more than 7 billion – Kwaku Kwarteng". Retrieved 2017-11-15.
  17. "Minority Leader jabs Kwaku Kwarteng". Today Newspaper (in American English). 2017-03-29. Archived from the original on 2017-11-15. Retrieved 2017-11-15.
  18. "Parliament approves eleven deputy ministers". citifmonline.com (in American English). April 2017. Retrieved 2017-11-15.
  19. "Ashanti Region – 2016 Results". www.modernghana.com. Retrieved 2022-08-31.
  20. FM, Peace. "2020 Election – Ashanti Region Results". Ghana Elections – Peace FM. Retrieved 2022-08-31.
  21. "Kwaku Agyeman Kwarteng | Ministry of Finance | Ghana". www.mofep.gov.gh. Archived from the original on 2020-10-25. Retrieved 2020-12-07.
  22. "Parliament vets 54 ministers March 27". Starr Fm (in American English). Archived from the original on 15 November 2017. Retrieved 2017-11-15.
  23. Segbefia, Sedem (2021-11-25). "2022 budget will address debt challenges – Kwaku Kwarteng". The Business & Financial Times (in British English). Retrieved 2022-08-31.
  24. "Government needs $1bn loan to pay salaries, debts – Kwaku Kwarteng – MyJoyOnline.com". www.myjoyonline.com (in American English). 2022-07-20. Retrieved 2022-08-31.