Kwaku Ampratwum-Sarpong

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Hon.
Kwaku Ampratwum-Sarpong
Member of the Ghana Parliament
for Mampong Constituency
Ɛdɔm keseɛyes
Deputy Minister for Foreign Affairs and Regional Integration (Political and Economic)
ƆmanpanyinNana Akuffo-Addo
Ne ho asɛm
Awo bere
Kwaku Ampratwum-Sarpong

8 January 1958 (1958-01-08) (age 66)
Mampong, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Nehokaniyes
Mmathree
Sukuu a w'akɔUniversity of Westminster, London
N'adwumaConsultant
N'adwumaConsultant
CommitteesSpecial Budget Committee, Trade, Industry and Tourism Committee

Kwaku Ampratwum-SarpongGhana amanyɔni ne Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so nson (7) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) ne Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so awɔtwe (9) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) no muni a ogyina Mampong Mmrahyɛbadwam mpɛsoa ananmu wɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ɔman Ho Dɔ Kuo Foforɔ (New Patriotic Party) no tekiti so.[1] Mprempren ɔyɛ Ɔsoafo Abadiakyiri a ɔhwɛ Amannɔne Nsɛm ne Mpɔtam Nkabom so (Deputy Minister for Foreign Affairs and Regional Integration).

[2][3][4][5]

Ne mmofrase abrabɔ ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Kwaku Ampratwum-Sarpong wɔ Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so awɔtwe (8), afe 1958, wɔ Mampong wɔ Ashanti Mantam mu. Ɔwɔ post graduate abodin krataa wɔ Adan Ho Nsɛm mu (post graduate diploma in Housing Management) wɔ Westminster Suapɔn mu (University of Westminster), London.[6] Ɔkɔɔ ne mfitiaseɛ adesua wɔ Ghana Suapɔn (University of Ghana) mu baabi a onyaa B.A.(Hons) abodin krataa (B.A.Hons Degree). Ɔsan nso wɔ adwumayɛfoɔ adansedie krataa a ɛkɔ anim (advanced executive certificate) a ɛfiri Sukuu a Wɔawie a Ɛhwɛ Aban ne Akannifo So (Graduate School of Governance and Leadership) a ɛwɔ Nkran (Accra), Ghana. Ampratwum-Sarpong nso yɛ Asoɛe a Wɔagye atom a ɛhwɛ Adan ne Akwankyerɛfo Asoɛe (Chartered Institute of Housing and the Institute of Directors) a ɛwɔ United Kingdom no muni a ɔka ho.[1][7]

Adwuma[sesa]

Kwaku Ampratwum-Sarpong yɛ Ɔpanin Abadiakyiri (Deputy High Commissioner) wɔ Ghana Amannɔne Nsɛm Ho Dwumadibea (Ghana's Foreign Affairs Ministry) firi afe 2006 kosi afe 2009 na ɔsan nso yɛ Ghana-India Adwumayɛ Nkitahodiɛ (Ghana-India Business Network), Nkran (Accra) no kwankyerɛfoɔ panin (executive director).[6] Ɔyɛ Amannɔne Nsɛm Boayikuw a ɛwɔ Mmarahyɛ Badwa (Foreign Affairs Committee in Parliament) no mu no Titenani Abadiakyiri (Vice Chairman).[8][9] Ansa na ɔrekɔ amanyɔsɛm mu no, na Ampratwum-Sarpong yɛ ɔfa som adwuma sohwɛfo (divisional service manager) wɔ Hanover wɔ Hackney Ltd, UK firi afe 2002 kosi afe 2005. Efi afe 1991 kosi afe 2002 wɔ London Brough of Hackney, UK no, na ɔsan yɛ ɔfa som adwuma sohwɛfo (divisional service manager). Efi afe 1990 kosi afe 1991 na ɔyɛ adwumayɛfo panyin (senior administration officer) wɔ London Brough of Lambeth, UK.[1]

Amanyɔsɛm[sesa]

Ɔyɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforɔ (New Patriotic Party) no muni na ɔyɛ mmarahyɛbadwani ma Mampong Mmrahyɛbadwam mpɛsoa.[10][11] Odii nkonim wɔ mmarahyɛ badwa atenaeɛ maa Mampong Mmrahyɛbadwam mpɛsoa no mu wɔ afe 2016 abatoɔ no mu a onyaa amba 36,532 wɔ abatoɔ 48,085 a ɛfata a wɔtoeɛ no mu. Mohammed Kojo Aboasu a ofi Ɔman Demokrasi Nhyiam Kuw (National Democratic Congress), Rebecca Otum a ofi Nnipa Ɔman Ho Dɔ Kuw (People’s Patriotic Party), Osei Kofi Edward Adepa a ofi Nkabom a ɛkɔ Anim Kuw (United Front Party), Ahmed Ibraham Saleh a ofi Nnipa Ɔman Nhyiam Kuw (People’s National Convention), Christopher Adansi Bona a ofi Nhyiam Nnipa Kuw (Convention People’s Party), ne Richmond Akuoko a ofi Nnipa Kuw Kɛse a Wɔaboaboa Ano (Great Consolidated People’s Party) na wɔyɛɛ saa afoforo a wɔpɛ sɛ wɔyɛ saa.[6][12] Ɔsan dii nkonim wɔ mmarahyɛ badwa atenaeɛ mu maa Mampong Mmrahyɛbadwam mpɛsoa no wɔ afe 2020 abatoɔ no mu a onyaa amba 36,159 a ɛyɛɛ abatoɔ a ɛfata a wɔtoeɛ no mu 69.8%. Frank Amoakohene a ofi Ɔman Demokrasi Nhyiam Kuw (National Democratic Congress) nyaa amba 14,070 a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoo no nyinaa mu 27.2% bere a Bright Adomako, a ɔde ne ho kandifoɔ no nyaa amba 1,576 a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu 3%.[13]

Boayikuw ahorow[sesa]

Ɔyɛ Aguadi (Trade), Nnwuma (Industry) ne Nsrahwɛ (Tourism) Boayikuw (Committee ) no muni na ɔsan yɛ Bɔgyete Boayikuw Titiriw (Special Budget Committee) no muni.[1]

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Waware na ɔwɔ mma baasa (3). Kwaku Ampratwum-Sarpong yɛ Kristoni.[6] Ɔpɛ mpataayi (fishing), bɔɔlbɔ hwɛ (watching football), akenkan (reading) ne tete nnwom a otie (listening to classical music).[7]

Ntotoho[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 "Parliament of Ghana". www.parliament.gh. Retrieved 2022-08-19.
  2. "DEPUTY FOREIGN MINISTER, HONOURABLE KWAKU AMPRATWUM-SARPONG BIDS FAREWELL TO OUTGOING AMBASSADOR OF THE PHILIPPINES TO GHANA, H.E. MS. SHIRLEY HO-VICARIO – Ministry Of Foreign Affairs and Regional Integration" (in American English). Retrieved 2022-08-19.
  3. "Implementation of ECOWAS protocols relevant – Kwaku Sarpong". Graphic Online (in British English). Retrieved 2022-08-19.
  4. Asare, Fred Quame (2022-05-06). "Deputy Foreign Affairs Minister calls for action to curb insurgency in West Africa – MyJoyOnline.com". www.myjoyonline.com (in American English). Retrieved 2022-08-19.
  5. Nartey, Laud (2022-03-03). "Economic prosperity can't be achieved without peace and security – Dep Foreign Affairs Minister". 3NEWS.com (in American English). Archived from the original on 2022-10-04. Retrieved 2022-08-19.
  6. 6.0 6.1 6.2 6.3 "Ghana MPs – MP Details – Ampratwum, Sarpong Kwaku". www.ghanamps.com. Retrieved 2019-03-13.
  7. 7.0 7.1 "Deputy Minister for Foreign Affairs and Regional Integration (Political & Economic) – Ministry Of Foreign Affairs and Regional Integration" (in American English). Retrieved 2022-08-19.
  8. "Gov't being proactive with US talks over Gitmo Two – MP" (in American English). Retrieved 2019-03-13.
  9. "'Don't treat Ghanaian migrants as criminals'". Graphic Online (in British English). 2019-02-06. Retrieved 2019-03-13.
  10. "Profile of Deputy Foreign Affairs Minister-designate, Kwaku Ampratwum-Sarpong". Citinewsroom – Comprehensive News in Ghana (in American English). 2021-04-22. Retrieved 2022-08-19.
  11. Effah, Evans (2022-05-19). "NPP will lose if elections are held today – Dep. Foreign Affairs Minister". Pulse Ghana (in English). Retrieved 2022-08-19.
  12. "Parliament – Ashanti Region Election 2016 Results". Peace FM. Retrieved 2019-04-27.
  13. FM, Peace. "2020 Election – Mampong Constituency Results". Ghana Elections – Peace FM. Retrieved 2022-08-19.