Kwaku Agyenim-Boateng

Ɛfi Wikipedia
Kwaku Boateng
Minister of Education and Social Welfare
Bere
1964–1966
ƆmanpanyinKwame Nkrumah
OdikanfoAlfred Jonas Dowuona-Hammond
Minister for Interior
Bere
1961–1964
ƆmanpanyinKwame Nkrumah
OdikanfoAshford Emmanuel Inkumsah
AnanmusiniLawrence Rosario Abavana
Minister for Information
Ne ho asɛm
Awo berec. 1926
Akyem Abuakwa, Gold Coast
Owu bere1 May 2006 (aged 80)
Cape Town, South Africa
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoConvention People's Party
NehokaniMrs. Eleanor Boateng
MmaPaul Boateng; Rosemary Boateng
Sukuu a w'akɔKing's College London
N'adwumaBarrister, Evangelist

kwaku Boateng (Wɔwoo no Obubuo, afe Apem, Ahankron ne aduonu nsia) yɛ Ghana amanyɔni wɔ mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nson wɔ kwasafoman/ Adehyeman a ɛtɔ so nan no mu.

Abrabɔ Ahyaseɛ Ne Nwomasua[sesa]

Awofoɔ a wɔwoo kwaku Boateng ne Ɔpanin Acheampong ne Maame Anima Acheampong a wɔfiri Old Tafo wɔ Akyem Abuakwa, Gold Coast. Ɔhyɛɛ sukuu ase wɔ Old Tafo Mfitiaseɛ Sukuu ( Old Tafo Primary School) na ɔtoaa so wɔ Bɛgorɔ Ntoasoɔ Sukuu ( Begoro Senior School) wɔ ne mfimfini sukuu adesua no mu. Ɔkɔɔ Mfantsipim Sukuu, a ɛwɔ Oguaa , (Cape Coast), wɔ afe Apem, Ahankron ne Aduanan Baako (1941) mu na ɔtenaa hɔ kɔsii afe Apem, Ahankron ne Aduanan Nnan (1944), bere a ɔdane kɔɔ Baasere Ntoasoɔ Sukuu ( Presbyterian Senior High School ) a ɛwɔ Odumase Krɔbɔ na ɛhɔ na onyaa ne Cambridge Sukuu Abɔdin krataa no. Boateng kɔɔ Fourah Bay College, Freetown, Sierra Leone, wɔ afe apem, Ahankron ne Aduanan nwɔtwe (1948) mu nanso ofii hɔ wɔ afe Apem Ahankron ne Aduanan Nkron (1949) mu na ɔde ne din kɔhyɛɛ King’s College London Sukuupɔn mu. Owiee sukuu wɔ afe Apem Ahankron ne Aduonum Nnan (1954) mu, nyaa ne Bachelor of Laws Abɔdin krataa, na wɔfrɛɛ no ​​kɔɔ Engiresi Baa a ɛwɔ Gray’s Inn wɔ afe Apem Ahankron ne Aduonum-nson (1955). Wɔfrɛɛ no ​​kɔɔ Ghana Bar akyire yi wɔ saa afe no mu na akyire yi ɔkɔɔ La Chambers sɛ oduruyɛfoɔ kumaa.

Boateng hyɛɛ n’ankasa mmara adwuma ase wɔ afe Apem Ahankron ne Aduonum-nsia (1956) mu na ɔkɔɔ so yɛɛ kokoam adwuma kosii Ɔpɛnimaa saa afe no mu, bere a wɔpaw no sɛ Mmarahyɛ Bagua no muni maa Tafo mantam no.[1]

Ammanyɔsɛm[sesa]

kwaku Boateng yɛ Convention People’s Party -CPPno muni na ɔsom wɔ dibea ahodoɔ mu wɔ Nkrumah aban mu. Na ɔyɛ Amanneɛbɔ Soafo [2]na, wɔ afe 1961 mu no, ɔbɛyɛɛ Ɔman no mu Ɔsoafo.[3]Ɔyɛ Nhomasua Soafoɔ wɔ Kwame Nkrumah ase firi Ayɛwohomumɔ bosome no mu wɔ afe 1964.[4][5]

Nnɔmmumfa[sesa]

Ɔgyefuo bosome no da a ɛtɔ so aduonu nan (24), Afe Apem Ahankron ne Aduosia Nsia (1966) atuateɛ a Ɔman Ahofadi Badwa (National Liberation Party ) no yɛeɛ akyi no, Boateng ne aban no mufo afoforo kɔɔ nnommumfa mu. Ɔne n’abusua kɔɔ United Kingdom.

Dwumadie Nkaeɛ[sesa]

Bere a na ɔyɛ Nhomasua Soafo no, Boateng buee Bible Fie, Bible Fekuo a ɛwɔ Ghana no adwumayɛbea ti wɔ Kwame Nkrumah ananmu wɔ afe Apem Ahankron ne Aduosia Num (1965). Ɔyɛ Bible Fekuw no sohwɛfoɔ kosii ne wuo mu.[9] Ɛrekɔ n’amammui adwuma no awiei no, Boateng bɛyɛɛ ɔsɛmpakafo.

Abusuabɔ[sesa]

Paul Boateng, Nglesi Abrokyiman mu amanyɔni a na ɔyɛ Brent South Mmarahyɛbadwani no firi afe Apem Ahankron ne Aduɔwɔtwe Nson 1987 kɔsi mfeɛ Mpem Mmienu ne Num 2005 no yɛ ne ba. Kwaku Boateng yere ne Awuraa Eleanor Boateng a na ɔyɛ Scotlandni. Ne nuanom ne Andrew Boateng, a ofiri New York, ne Francis Boateng, Los Angeles Polisifoɔ Dwumadibea (a ɔwɔ Adwadie mu Nsɛmmɔnedie Dwumadibea) no so panyin. Wɔ Afe Apem Ahankron ne Aduonum (1950) mfitiaseɛ mu no, Kwaku Boateng ne ababaa bi nyaa ayɔnkofa, na ɔwoo ɔbabarima, Isaac Boateng maa no. Kwaku Boateng ne J. B. Danquah nam awareɛ so yɛɛ abusuafoɔ.

Ne Wuo[sesa]

Kwaku Boateng wuu wɔ Ɔbnem 2, Mfeɛ Mpem Mmienu ne Nsia a na wadi mfeɛ Aduowɔtwe wɔ ne ba Paul fie a ɛwɔ Cape Town, South Africa no .



woo no maa Opanin Acheampong ne Madam Anima Acheampong a wɔfiri Old Tafo wɔ Akyem Abuakwa, Gold Coast. Ɔhyɛɛ aseɛ suaa sukuu wɔ Old Tafo Primary School na ɔtoaa so wɔ Begoro Senior School maa ne mfimfini sukuu adesua. Ɔkɔɔ Mfantsipim Sukuu, Cape Coast, wɔ afe 1941 mu na ɔtraa hɔ kosii afe 1944, bere a ɔdan kɔɔ Presbyterian Ntoaso Sukuu a ɛwɔ Odumase Krobo na ɛhɔ na onyaa ne Cambridge Sukuu Adansedi krataa no. Boateng kɔɔ Fourah Bay College, Freetown, Sierra Leone, wɔ afe 1948 mu nanso ofii hɔ wɔ afe 1949 mu na ɔde ne din kɔhyɛɛ King’s College London Sukuupɔn mu. Owiee sukuu wɔ afe 1954 mu, nyaa ne Bachelor of Laws abodin krataa, na wɔfrɛɛ no ​​kɔɔ Engiresi Bar a ɛwɔ Gray’s Inn wɔ afe 1955. Wɔfrɛɛ no ​​kɔɔ Ghana Bar akyiri yi wɔ saa afe no mu na akyiri yi ɔkɔɔ La Chambers sɛ oduruyɛfo kumaa.[6]

Baabi a Menyaa Mmoa Friiɛ[sesa]

  1. Ghana Sowah Commission (1968), Report of the Sowah Commission: Appointed Under the Commission of Enquiry Act, 1964 (Act 250) and N.L.C. Investigation and Forfeiture of Assests Decree, 1966 N.L.C.D. 72 to Enquire Into the Assests of Specified Persons (in English), State Publishing Corporation (Printing Division), retrieved 2023-10-01
  2. Special to The New York Times (1960-12-24), "SOVIET FILMS FOR GHANA; Official Urges They Be Used as Solution to Censorship", The New York Times (in American English), ISSN 0362-4331, retrieved 2023-10-01
  3. Robin Bidwell (1974-02), Guide to Government Ministers: The Major Power and Western Europe, 1900-1971 (in English), Taylor & Francis Group, ISBN 978-0-7146-3017-5, retrieved 2023-10-01 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  4. "Article 1 -- No Title", The New York Times (in American English), 1964-05-02, ISSN 0362-4331, retrieved 2023-10-01
  5. The Spokesman-Review - Google News Archive Search, retrieved 2023-10-01
  6. Berekum West MP commissions maternity ward for Nkyekyemamu community (in English), 2020-01-22, retrieved 2023-10-04