Ashford Emmanuel Inkumsah

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Ashford Emmanuel Inkumsah, na ɔyɛ oduro yɛfo ne amanyɔni. ɔsoom sɛ soafo wɔ asoeɛ ahorɔw pii wɔ adehyeman a edikan no mu. ɔSoom sɛ mmarahyɛ bedwa no gua mu tenani abediakyire a odi kan firi afe 1965 kosi afe 1966.

Ne mmɔfra ase ne Nhomasua[sesa]

Wɔ woo Inkumasah wɔ afe 1900 wɔ Sekondi a ɛwɔ atɔe fam wo Gold Coast (Enne Ghana).  Na ne papa yɛ ɔkomfoɔ wɔ ahanta, nanso ɔsakrae bɛyɛɛ Metodiseni. ɔhyɛɛ sukuu ase wɔ seondi Methodist School na ɔtoaa so kɔɔ Mfantsipim School, a ɛwɔ Cape Coast ma no wiee wɔ afe 1921.

Nnwuma ne amanyɔsɛm[sesa]

Wɔ January afe 1922 nnwumakuo a wɔn de Miller Brothers Limited a ɛwɔ Kumasi no fa noo adwum mu. Wɔ June, afe 1922 mu no, ɔde no ho kɔ dɔɔm nnwumakuo a ne din de F & A. Swanzy Transport bosome nsia a na ɔyɛ adwuma sɛ otintimfo.  Woyii no akyiri kɔɔ adwumakuo a ne din de Swanzy Company Limited ma no yɛɛ adwuma sɛ otintimfo kosii afe 1927 a ɔsan n’akyi kɔɔ Sekondi. ɔne adwumakuo a ɛne Pickering & bethods yɛ adwuma mfie mienu ne fa wɔ Sekondi. Wɔ tetee Inkumasa sɛ nnuro mu nimdeɛfo firi afe 1931 kosi 1934 na wɔ December, afe 1934 mu no, obuee ono anakasa n’adwuma a ɛne Asfordinks DruG Store wo Sekondi.

Bre a ɔwɔSekondi no, ɔde ne ho kɔ dɔɔm Senkondi afotumakuo a ɛne ‘’Town Council” no mfie du. Wɔ afe 1949 mu no, ɔde ne ho kɔ dɔɔm Nkruma Conventions Peoples Party (CPP) wɔ bre a na wɔrehyehyɛ no. Wɔ mfie mienu akyi no, wɔ too aba yi no sɛ mmarahyɛ badwani a ogyina hɔ ma Ahantaman mpɛsoa so wɔ amanyɔkuo CPP din mu. Wɔ kɔɔ so too aba yii no sɛ mmarahyɛ bawdani wɔ abatoɔ ahorɔw a ɛkɔɔ so no mu mpɛn pii kosii sɛ wotuu Nkruma aban no gui. Wɔ paw no sɛ soafo a ɔhwɛ Nnwuma so wɔ afe 1951 na wo afe 1959 mu no, wɔ paw no soafo a ɔhwɛ adansie so. Mfie bi akyiri no, wopaw no soafo a ɔhwɛ afiesɛm so. Wɔ afe 1961 mu no, wɔ paw no sɛ soafo a ɔhwɛ apɔwmuden so na wɔ afe 1963 mu no, wɔpaw no sɛ soafo a ɔhwɛ nktahodie so.  ɔsoom wɔ saa asoeɛ no kosi sɛ 1965 a wɔpaw no sɛ soafo a ɔhwɛ afiesɛm so ne mmarahye bedwa no gua mu tenani abediakyire a odi kan, na eyi kɔɔ so kosii February 1966

N'asetenamu nsɛm[sesa]

Inkumasah waree Florence Inkumasah a w’anya ne baabi ko. Atuoto ne anigyeɛ dwumadie a ɔpɛ.

Nkekaho[sesa]