Kwaku Acheampong Bonful

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Kwaku Acheampong Bonful
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
date of birth31 Ɔpɛpɔn 1947 Sesa
date of death1 Ɔsanaa 2002 Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationlawyer, Amanyɔni Sesa
position heldMember of the 2nd Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 1st Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
educated atUniversity of Ghana, Ghana School of Law Sesa
religion or worldviewKinilisyano Sesa

Kwaku Acheampong Bonful (wɔwoo no wɔ Ɔpɛpɔn bosome mu ne da  a ɛtɔ so aduasa baako wɔ afe apem ahankron ne aduanan nson (31 January,1947),na ɔyɛ Ghana amanyɔni ne ɛkuoba de ma mmarahyɛbɛdwam a ɛdi kan ne deɛ ɛtɔ so mmienu wɔ Kwasafoman a ɛtɔ so nan a ɔgyina maa Prestea-Huni Valley abatoɔ mpesua so wɔ Atɔeɛ Mantam mu wɔ Ghana.[1][2][3]

Abrabɔ ahyeaseɛ ne sukuu[sesa]

Wɔwoo Bonful wɔ Ɔpɛpɔn bosome ne da a ɛtɔ so aduasa baako wɔ afe apem ahankron ne aduanan nson (31 January 1947) wɔ Prestea-Huni Valley a ɛwɔ Atɔeɛ Mantam mu wɔ Ghana. Ɔkɔɔ Kalini Party of School,a ɛwɔ Germany na ɛhɔ na ɔnyaa abodin krataa. Ɔsan kɔɔ University of Ghana ne Ghana School of Law na ɔnyaa LLB ne Bachelor of Law wɔ a ɔsuaa political science of law wieɛ no.[2]

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔyii Bonful maa no bɛyɛɛ mmarahyɛbɛdwam kuoba wɔ berɛ a ɔgyinaa mu maa National Democratic Congress amanyɔkuo no mu de maa Prestea-Huni Valley abatoɔ mpɛsua so wɔ Atɔeɛ Mantam mu wɔ afe apem ahankron ne aduokron mmienu mu (1992) Ghana abatoɔ mu no.[4] [5]Wɔtoo aba maa no bio wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia abatoɔ no mu (1996). Ɔnyaa mma no mu mpem du-nkron ahanan ne aduasa mmiɛnsa (19,433) a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu aduasa mmienu ne akyiripɔ aduokron (32.90%) de kyɛɛn Akwasi Gyima-Bota, Benjamin Bekoe, Emmanuel Ewudzi, Joseph Imbiah Tismark, Nana Nuako ne Albert Kwaku Obbin,wɔn mma a wɔnyae na ɛdidisoɔ yi deɛ ɔdi kan nyaa mma no mu mpem dunwɔtwe ahanan ne aduokron nwɔtwe (18,498),deɛ ɔtɔ so mmienu nyaa mma no mu mpem mmienu ahaanu ne aduasa nan (2,234), deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa nyaa mma no mu mpem baako ahansia ne du-nwɔtwe (1, 618), deɛ ɔtɔ so nan nyaa mma no mu mpem baako ahaasa ne aduonum (1,350) na deɛ ɔtwa toɔ nso nyaa mma no mu hwee (0).[6] Albert Kwaku Obbin a ɔgyinaa mu de maa Osono kokuroko amanyɔkuo (NPP) no dii no so nkonim wɔ berɛ a ɔnyaa mma no mu mpem du-nkron ɔha ne aduasa baako (19,131) a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu aduanan nnwɔtwe ne akyiripɔ aduanan (48.40%) de dii Bonful a na ɔne no ɛpere akonwa no so nkonim,Bonful nyaa mma no mu mpem du-mmienu ahaanu ne aduanan (12,240) a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu aduasa baako ne akyiripɔ hwee (31.00%) de firii mma a na ne dodoɔ yɛ ɔha mu nkyekyɛmu ɔha (100%)   mu.[7]

Adwumasɛm[sesa]

Na Bonful yɛ Ɔsoafoɔ abɛdiakyire a ɔhwɛ ahobambɔ nsɛm so na Ɔsan yɛ mmarahyɛbɛdwam kuoba de ma Prestea -Huni  Valley abatoɔ mpɛsua so de firi afe apem ahankron ne aduokron mmiɛnsa (1993) de kɔpem mfeɛ mpem mmienu ne baako mu(2001)[8]. Na ɔyɛ obi a wagye nteteɛ wɔ mmara mu sɛ mmaranimni.[1]

Berɛ A owuiɛ[sesa]

Bonful nyaa lɔre akwanhyia wɔ Tarkwa -Bogoso kwan so da Yawoada. Ɔwuu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne mmienu mu wɔ Ɔsanaa bosome da a ɛdi kan mu (1st August,2002).[8][1]

Beaɛ a mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 https://www.modernghana.com/news/733608/facts-about-the-presteahuni-valley-constituency.html
  2. 2.0 2.1 Book title: Ghana Parliamentary Register 1992-1996 Publisher: Ghana Publishing Corporation Date: 1993 Page: 151
  3. http://www.ghanareview.com/parlia/Western.html
  4. http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2016/parliament/western/223/index.php
  5. http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2012/parliament/western/223/index.php
  6. http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/parliament/western/223/index.php
  7. http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/parliament/western/223/index.php
  8. 8.0 8.1 https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Ex-Deputy-Minister-Of-Interior-Dead-26212