Kosi Kedem

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Kosi Kedem
Member of Parliament for Hoheo South Constituency
Bere
7 January 1993 – 6 January 2005
AnanmusiniJoseph Zaphenat Amenowode
Ne ho asɛm
Awo bere15 April 1945 (1945-04-15) (age 78)
Hoheo South
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana
University of Cape Coast
N'adwumaPolitician
N'adwumaLibrarian

Kosi Kedem About this soundsɛnea yɛbɔ "Kosi Kedem" (wɔwoo no Oforisuo bosome da ɛtɔso edu num wɔ afe apem ahankono ne aduanan num) na ɔyɛ Ghana amanyɔni a ɔka mmarahyɛbedwa a ɛtɔso mmienu ne mmiɛnsa wɔ adehyeman a ɛtɔso nan ma Hohoe south abatoɔ mpɛsoasofoɔ wɔ Fraw mantam mu.[1][2]

Abrabɔ ahyaseɛ ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Kedem wɔ Oforisuo bosome da ɛtɔso edu num wɔ afe apem ahankono ne aduanan numɛwɔ Hohoe south wɔ Fraw Mantam mu wɔ Ghana. Ɔwie suapɔn wɔ University of Ghana mu a ɔyɛɛ Bachelor of Arts. Ɔsan kɔɔ suapɔn wɔ Cape Coast a ɔyɛ Ɔbenfoɔ wɔ nwomakrabea mu.

Adwumayɛ[sesa]

Na Kedem yɛ mmarahyɛbedwani dada ma Hohoe south abatoɔ mpɛsoasofoɔ wɔ Fraw mantam mu wɔ Ghana

Amanyɔsɛm[sesa]

Ɔtoo aba yii Kedem sɛ ɔnkɔ mmarahyɛbedwafie a edi kan wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔso nan wɔ Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔso nson wɔ afe apem aha nkono ne aduokono mmiɛnsa ɛno akyiri no ɔde too dwa sɛ wadi nkunim wɔ afe apem aha nkono ne aduokono mmienu Ghana mmarahyɛbedwafoɔ abatoɔ no mu.[3]

Wɔsan too aba yii no sɛ ɔnkɔ mmarahyɛbedwa a ɛtɔso mmienu ɛwɔ Ghana adehyeman a ɛtɔso nan wɔ National Democratic Congress amanyɔkuo din mu berɛ a Ghanafoɔ too aba wɔ Ɔpɛpɔn bosome no mu maa Hohoe south abatoɔ mpɛsoasofoɔ wɔ Fraw mantam mu.

Abatoɔ[sesa]

Ɔtoo aba yii Kedem sɛ mmarahyɛbedwani ma Hohoe south abatoɔ mpɛsoasofoɔ wɔ afe apem mmienu Ghana abatoɔ no mu. Wɔtoo aba yii no wɔ NDC din mu.

Ne mpɛsoa no ka mmarahyɛbedwafie nkonnwa edu nson no de firi nkonnwa edu nkono no mu a NDC amanyɔkuo no dii nkunim wɔ Fraw mantam mu.[4] NDC amanyɔkuo no ɛdɔm dodoɔ nkonnwa aduokono mmienu de firii nkonnwa ahanu wɔ mmarahyɛbedwafie wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔso nan mu.[4]

Aba dodiɔ a ɔtoo maa no no yɛ mpem edu mmiɛnsa, ɔha mmiɛnsa ne nsia, de firi nnipa mpem aduonu nkono, ne aduasa mmiɛnsa a ɛtoo aba no mu a ɛyɛ ɔha mu nkyekyɛ mu aduanan nson de broo Bennett K. Dkye ogyinaa mu ma NPP , Delalli Ndo a ɔyɛ nkontɛkrorɔ, James Flolu R.Senya ma NRP.

Yei yɛ mpem nkono ne aduanan mmiɛnsa, mpem nan,aha nan ne aduonwɔtwe nkono, ɔha nwɔtwe ne aduasa nan ne aha nan ne aduonum a ɛyɛ ɔha mu nkyekyɛ mu aduasa mmienu ne akyiripɔ mmienu, edu nsia, mmiɛnsa ne edu nsia a ɛtoo aba no mu.

Abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Kedem yɛ Nyamesom ni.

Beaeɛ a menyaa nɛm no[sesa]

  1. http://gbdc.gov.gh/honourable-kosi-kedem
  2. http://www.ghanamps.com/news-events/details.php?id=5821
  3. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/volta/
  4. 4.0 4.1 https://www.fact-checkghana.com/statistics-presidential-parliamentary-election-results/