Joseph Zaphenat Amenowode

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Joseph Zephinat Amenowode yɛ Ghana amanyɔni ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ. Na ɔyɛ mmrahyɛbaguani wɔ Hohoe South na na ɔyɛ Ɔmanpanyin wɔ Volta Mantam mu wɔ Ghana firi Ɔpɛpɔn 2009 kɔsii sɛ wɔyii no firii adwuma mu wɔ 6 Oforisuo 2012, wayɛ adwuma sɛ sukuupɔn mu ɔkyerɛkyerɛfoɔ ansa na ɔrekɔ amanyɔsɛm mu.

Mfitiase asetra ne Nhomasua[sesa]

Amenowode abusua no firi Ve-Deme a ɛwɔ Hohoe Municipal District wɔ Volta Mantam mu, wɔwoo no wɔ Accra, Ghana ahenkuro mu. Ɔkɔɔ Hohoe Evangelical Presbyterian Secondary School wɔ afe 1966 ne 1971 ntam hɔ nyaa General Certificate of Education (GCE) Ordinary Level, ɔkɔɔ Kpando Secondary School kɔyɛɛ ne adesua a ɛtɔ so nsia, na ɔwiee GCE Advanced Level wɔ afe 1973 mu.Ne sukuupɔn mu adesua a edi kan no wɔ Kwame Nkrumah Suapɔn a ɛhwɛ Nyansahu ne Mfiridwuma so a onyaa Bachelor of Arts Honors abodin krataa wɔ afe 1979 mu, ɔtoaa so afe foforo de wiee adesua akyi abodin krataa wɔ afe 1980 mu. Wɔ afe 1991 mu no, onyaa master’s degree wɔ sukuupɔn koro no ara mu, ɔkɔɔ Pratt Institute wɔ New York City baabi a owiee Master of Professional Studies abodin krataa wɔ Art Therapy mu wɔ afe 1997.

Adwuma[sesa]

Na Amenowode yɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ wɔ University of Education Winneba a ɛwɔ Central Region of Ghana. Mfiase no na ɔkyerɛ ade wɔ Ghana Nhomasua Dwumadibea.

Amammui mu adwuma[sesa]

Joseph Amenowode yɛ National Democratic Congress muni, ɔdii kan gyinaa hɔ maa afe 2004 Ghana amansan abatoɔ, ɔdii nkonim wɔ dodoɔ 17,720 (75.6%) na ɔdii n’akongua wɔ Fourth Republic of Ghana mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nnan no mu. Ɔdii nkonim denam abatoɔ a ɔnyaeɛ no mu 89% (abatoɔ 20,605 a ɛfata a wɔtoo no mu 18,340). Ɔkɔɔ so kuraa n’akongua so wɔ afe 2008 abatoɔ no mu. Wɔ afe 2009 mu no, Ghana Ɔmanpanyin John Atta Mills paw no sɛ Volta Mantam Ɔmanpanyin, dibea a ɔdii mu kɔsii sɛ ɔgyaee no wɔ aban mu nsakraeɛ bi a Ɔmanpanyin Mills yɛeɛ wɔ afe mfitiaseɛ

Ankorankoro asetra[sesa]

Ɔyɛ Kristoni a ɔyɛ Global Evangelical Church no muni. Ɔwaree na ɔwɔ mma baason.

Nsɛm a Wɔde Kyerɛw Nsɛm[sesa]