Kobina Tahir Hammond

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Kobina Tahir Hammond
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
name in native languageKobina Tahir Hammond Sesa
given nameطاهر Sesa
family nameHammond Sesa
date of birth16 Ayɛwohomumɔ 1960 Sesa
place of birthAsokwa Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationlawyer, Amanyɔni Sesa
educated atUniversity of Ghana, Gray's Inn Sesa
work locationLondon Sesa
member of political partyNew Patriotic Party Sesa
candidacy in election2020 Ghanaian general election Sesa
religion or worldviewIslam Sesa

Kobina Tahir Hammond (wɔwoo no Ɔbɛnem 16, 1960)[1][2] yɛ Ghana ɔmanyɛni,Ɔyɛ mmrahyɛbaguani ma Adans-Asokwa mantam a ɛwɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana wɔ 3rd, 4th, 5th, 6th, 7th ne 8th Parliament wɔ 4th Ghanaian Republic. Ɔyɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no muni.[3][4]

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Hammond wɔ June 16, 1960 mu. Ɔfiri Asokwa kuro bi a ɛwɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana . Ɔwɔ Bachelor of Arts abodin krataa wɔ Mmara ne Amanyɔsɛm mu wɔ Ghana Suapɔn (UG) . Ɔnyaa abodin krataa no wɔ afe 1986.[1][2][5] Ɔsan nso yɛ Gray’s Inn, Holborn Mmara Sukuu, London, UK no ade. Efi hɔ no, onyaa Bachelor of Law wɔ afe 1991.[1][2][4]

Adwuma[sesa]

Na Hammond yɛ ɔhokafo wɔ Chancery Chambers a ɛwɔ London no mu.[5]

Amammui mu adwuma[sesa]

Hammond yɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no muni . Ɔbɛyɛɛ mmrahyɛbadwani firi Ɔbɛnem 2001 berɛ a ɔdaa ne ho adi sɛ ɔdii nkonim wɔ Ghana Amansan Abatoɔ mu wɔ December 2000. Efi saa bere no, wadi tumi mpɛn anum a ɛtoatoa so. Ɔno ne MP a ɔhwɛ Adamsi-Asokwa mantam so.[6][7] Wɔapaw no sɛ mmrahyɛbagua muni ama saa mantam yi wɔ Ghana Republic a ɛto so anan no mmrahyɛbagua a ɛto so abiɛsa, anan, anum, asia ne ason mu. Wɔsan paw no wɔ afe 2020 Amansan abatoɔ no mu sɛ ɔmmɛgyina hɔ wɔ Fourth Republic of Ghana mmrahyɛbagua a ɛtɔ so 8 no mu. Na Kobina yɛ Sikasɛm Boayikuo no muni, ne Mines and Energy Committee wɔ 7th Parliament a ɛwɔ 4th Republic of Ghana no mu.[4]

Abatow a wɔyɛ[sesa]

Wɔ afe 2000 mu no, Hammond dii nkonim wɔ amansan abatow no mu sɛ mmrahyɛbadwani ma Adans-Asokwa mantam a ɛwɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana . Odii nkonim wɔ New Patriotic Party no tekiti so.[8][9] Ná ne mansin no yɛ mmrahyɛbagua nkongua 31 no fa wɔ nkongua 33 a Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no dii wɔ saa abatow no mu maa Ashanti Mantam no mu . New Patriotic Party no nyaa mmrahyɛbagua nkongua 99 wɔ nkongua 200 mu.[10] Wɔde abatow 10,306 na ɛpaw no wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 19,407 mu. Eyi ne abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu 54.4% yɛ pɛ. Wɔpaw no sen Theresa Mensah a ofi National Democratic Congress, Nana Yaw Frimpong a ofi People's National Convention, Kwame Amoh a ofi Convention People's Party, Peter Kofi Essilfie a ofi National Reformed Party ne Prince Lawrence a ofi United Ghana Movement so Eyinom nyaa abatow 7,230, 1,001, 241, 92 ne 61 wɔ abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu. Eyinom ne 38.2%, 5.3%, 1.3%, 0.5% ne 0.3% yɛ pɛ wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu.[11]

Wɔpaw Hammond sɛ mmrahyɛbadwani mma Adansi-Asokwa mantam a ɛwɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana ne mprenu so wɔ afe 2004 Ghana amansan abatow no mu. Odii nkonim wɔ New Patriotic Party no tekiti so.[12] Na ne mansin no yɛ mmrahyɛbagua nkongua 36 no fa wɔ nkongua 39 a Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no dii wɔ saa abatow no mu maa Ashanti Mantam no mu.[13] New Patriotic Party no nyaa mmrahyɛbagua nkongua 128 wɔ nkongua 230 mu.[14] Wɔde abatoɔ 15,176 na ɛpaw no wɔ abatoɔ a ɛfata a wɔtoeɛ nyinaa mu 24,112 a ɛne abatoɔ a ɛfata nyinaa mu 62.9% yɛ pɛ. Wɔpaw no sen Seidu S. Adams a ofi Peoples’ National Convention ne Ɔsɔfo Evans Amankwa a ofi National Democratic Congress . Eyinom nyaa abatow a ɛfata nyinaa mu 0.7% ne 36.3%.[12]

Wɔ afe 2008 mu no, odii nkonim wɔ amansan abatow no mu wɔ New Patriotic Party tekiti so maa ɔmansin koro no ara.[15] Na ne mansin no ka mmrahyɛbagua nkongua 34 a ɛwɔ nkongua 39 a Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no dii wɔ saa abatow no mu maa Ashanti Mantam no mu no ho. New Patriotic Party no nyaa mmrahyɛbagua nkongua 109 wɔ nkongua 230 mu.[16] Wɔde abatoɔ 13,659 na ɛpaw no wɔ abatoɔ a ɛfata a wɔtoeɛ nyinaa mu 24,524 a ɛne abatoɔ a ɛfata nyinaa mu 55.7% yɛ pɛ. Wɔpaw no sen Alhaji Abdul-Lateef Madjoub a ofi Ɔman Democratic Congress, Amoako Anaafi a ofi Democratic Freedom Party ne Owusu-Boamah Francis a ofi Convention People's Party mu . Eyinom nyaa abatow a wɔtow no nyinaa mu 37.59%, 5.43% ne 1.28%.[15]

Ankorankoro asetra[sesa]

Hammond yɛ Nkramofo.[4] Ɔka Ahmadiya kuw no ho. Ɔwaree.[1]

Hwɛ nso[sesa]

  • MP a wɔpaw wɔn wɔ afe 2000 Ghana mmrahyɛbagua abatow mu din
  • MP a wɔpaw wɔn wɔ afe 2004 Ghana mmrahyɛbagua abatow mu din
  • MP a wɔpaw wɔn wɔ afe 2008 Ghana mmrahyɛbagua abatow mu din
  • MP a wɔpaw wɔn wɔ afe 2012 Ghana mmrahyɛbagua abatow mu din
  • MP a wɔpaw wɔn wɔ afe 2016 Ghana mmrahyɛbagua abatow mu no din

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 Ghana MPs - MP Details - Hammond, Kobina Tahir, 2016-05-06, archived from the original on 2016-05-06, retrieved 2023-06-11
  2. 2.0 2.1 2.2 Ghana MPs - MP Details - Hammond, Kobina Tahir, 2016-04-24, archived from the original on 2016-04-24, retrieved 2023-06-11
  3. Hon. Kobina Tahir Hammond, 2014-07-24, archived from the original on 2014-07-24, retrieved 2023-06-11
  4. 4.0 4.1 4.2 4.3 Parliament of Ghana, retrieved 2023-06-11
  5. 5.0 5.1 MPs (in American English), retrieved 2023-06-11
  6. '2022 Budget will be approved; action to start in 45 minutes' - K. T. Hammond - MyJoyOnline.com (in American English), 2021-11-30, retrieved 2023-06-11
  7. Fighting in Ghana’s Parliament unprecedented, pathetic – K.T Hammond (in American English), 2021-12-23, retrieved 2023-06-11
  8. Electoral Commission of Ghana. Parliamentary Result Election 2000. Electoral Commission of Ghana. 2007. p. 1.
  9. Peace FM (2014-12-17), Ghana Election 2000 Results - Adansi Asokwa Constituency, retrieved 2023-06-11
  10. Peace FM, Ghana Election 2000, retrieved 2023-06-11
  11. Peace FM (2014-12-17), Ghana Election 2000 Results - Adansi Asokwa Constituency, retrieved 2023-06-11
  12. 12.0 12.1 Elections 2004; Ghana's Parliamentary and Presidential Elections. Accra: Electoral Commission of Ghana; Friedrich Ebert Stiftung. 2005. p. 117.
  13. Kwaku Krobea Asante (2016-08-10), Statistics of Presidential and Parliamentary Election Results (in American English), retrieved 2023-06-11
  14. Peace FM (2014-12-17), Ghana Election 2004 Results - President, retrieved 2023-06-11
  15. 15.0 15.1 Ghana Elections 2008. Ghana: Friedrich Ebert Stiftung. 2010. p. 57.
  16. Peace FM (2014-12-17), Ghana Election 2008 Results - Ashanti Region, retrieved 2023-06-11