Joshua Alabi

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ wei wɔ Asante Twi mu

Joshua Alabi (Ɔbɛnem 1, 1958) Ɔyɛ Ghanni Russian a yatete no sɛ nwomasuani ne amanyɔni, a ɔyɛ ɔkwankyerɛfoɔ panin abadeɛkyire ma University of Professional Studies, Accra (UPSA) firi 2012 kɔpem 2016.[1] Ɔyɛɛ opanin kwankyerɛfoɔ ma suapɔn no firi 2009 kɔpem 2012 ne abadeakyire firi 2005 kɔpem 2008.[2]Ghana amanyɔsɛm, Alabi yɛ National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo ba ɔgyina hɔ ma Krowor abatoɔ mpɛsoa so wɔ Accra Ponponi mantam mu firi 1997 kɔpem 2001 ne ɔsuafoɔ a ɔhwɛ Nkran ne Serem mantam mu firi 1997 kɔpem 2001.[3]

Alabi ka National Democratic Congress amanyɔkuo sane ka wɔn a ɔboa maa Nkran mantam NDC amanyɔkuo gyinaeɛ wɔ 2001 berɛ a wɔn dii nkoguo wɔ 2000 Ghana nyinaa abatoɔ mu. Ɔwieeɛ no ɔgyina sɛ otitenani ma NDC amanyɔkuo a ɛwɔ Nkran pomponi mantam mu firi 2001 kɔpem 2005.[4]

Joshua Alabi
Member of Parliament for Krowor Constituency
Bere
7 January 1997 – 6 January 2001
ƆmanpanyinJerry John Rawlings
OdikanfoJ.A. Tawiah
AnanmusiniEmmanuel Adjei Boye
Greater Accra Regional Minister
Bere
12 January 2000 – 6 January 2001
ƆmanpanyinJerry John Rawlings
OdikanfoDaniel Ohene Agyekum
Northern Regional Minister
Bere
January 1998 – January 2000
ƆmanpanyinJerry John Rawlings
OdikanfoAlhaji Gilbert Seidu Iddi
Greater Accra Regional Minister
Bere
January 1997 – January 1998
ƆmanpanyinJerry John Rawlings
OdikanfoMichael Afedi Gizo
AnanmusiniDaniel Ohene Agyekum
Ne ho asɛm
Awo bere
Joshua Alabi

1 March 1958 (1958-03-01) (age 66)
Accra, Greater Accra Region
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
NehokaniGoski B. Alabi
Mma2
Sukuu a w'akɔStrathclyde University
Plekhanov Russian University of Economics
N'adwumaProfessor, Politician

Nabrabɔ ne nwomasua

Ɔyɛ Ga abusuakuo a wɔfiri Nungua, Ɔwoo Alabi wɔ Ɔbɛnem bosome ne da a ɛdi kan afe apem ahankron aduonum nnwɔtwe(Ɔbɛnem 1,1958) wɔ Accra. Ne papa yɛ fitani ne kuani na ne maame yɛ dwadini. Ɔhyɛɛ ne mmɔfra ne adanta sukuu wɔ St. John's Preparatory Suuu (ɛnɛ yi St. John's Grammar Sukuu) wɔ Achimota, a ɛwɔ Nkran, firi 1965 kɔpem 1971. Afei ɔkɔ toa so wɔ Tamale ntoasoɔ Sukuu ɛhɔ na ɔnyaa A-Level abɔdin firi 1971 kɔpem 1976.

Alabi wie nenteteeɛ sɛ prɔfɛhyenaa Accountancy ne Marketing wɔ Institute of Professional Studies (IPS) firi 1976 kɔpem 1980. Akyire no ɔtuu kwan kɔɔ amanɔne kɔyɛɛ ne maseta degree wɔ

Industrial Economics (MSc) firii Moscow Institute of National Economy, Plekhanov (mprempren ɛyɛ Russian Economics Suapɔn) wɔ 1986 ne MSc in International Marketing firii Strathclyde Suapɔn wɔ Glasgow Scotland ɛhɔ na ɔbɔɔ naba so wɔ 1992.[5]

Ɔyɛ Prɔfɛsa wɔ Marketing afa mu wɔ UPSA, Ɔka Chartered Institute of Marketing (CIM), Ghana.[6]

Nwumasua mu adwumayɔ

Ɔwie ne nteteeɛ a ɛdi mu wɔ IPS, Alabi nyaa adekyerɛ mu kwan wɔ Northern School of Business wɔ Tamale firi 1980 kɔpem 1981 ansana ɔfiri hɔ akɔtoa n'adesua so wɔ Soviet Union anya degree abɔdin ahodoɔ. Ansana ɔrebɛyɛ kyansela abadeakyire no, Alabi dii mfeɛ aduonu ne akyire sɛ suapɔn kyerɛkyerɛni firi 1987 kɔpm 2005. Wɔ naberɛsoɔ no na ɔyɛɛ panin a na ɔda Marketing Department ano 1989, Dean wɔ Management Fakɔɔti firi 2003 kɔpem 2005. Ɔbɔɔ no abaso sɛ panin wɔ suapɔn akyerɛkyerɛfoɔ no wɔ 2001, suapɔn no abadwakuo bɔɔ no prɔfɛsa wɔ 2008. Ɔbɔɔ nabaso sɛ suapɔn no so panin firi 2005 kɔpem 2012.[7]

Amanyɔsɛm

Ɔyii Alabi sɛ mmarahyɛbadwani a ɔgyina hɔ ma amanfoɔ a ɔwɔ Krowor abatoɔ mpɛsoa so wɔ Nkran mantam mu wɔ National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo no din mu firi 1997 kɔpem 2001. Berɛ a ɔwɔ mmarahyabadwafie no, na Alabi ka abadwakuo a wɔhwɛ dwadie ho (1997 kɔpem 2001); sane ka abadwakuo a wɔhwɛ nnuane ne mfudeɛa firi (1997 kɔpem 2001).

Agokansiemu adwumayɔ

Wɔ agokansie mu no, Alabi yɛ twerɛtwerɛfoɔ panin ma Ghana League Clubs Association (GHALCA) firi 1994 kɔpem 1997. Afei na ɔsane ka Ghana Football Association's abadwakuo no ho (GFA) na ɔyɛ nanmusini ma Ghana Black Stars abadwakuo no firi 1994 kɔpem 1997.

Nabrabɔ

Alabi yɛ kristoni. Ne yere ne Goski B. Alabi, a ɔno nso yɔ nwomasua mu prɔfɛsa wɔ ntotoeɛ ne akannie mu. Wɔwɔ mma baanu (2).[8][9]

Abasobɔ

Obubuo bosome ne da a ɛtɔ so aduonu nkron afe mpem mmuenu ne du-nsia(Obubuo 29,2016) mu no Ghana Ɔmanpanin John Dramani Mahama bɔɔ Alabi aba so sɛ “Officer of the Order of the Volta” honour.[10]

Kitawonsa bosome afe mpem mmienu ne du-num 2015, Alabi gyee abasobɔ firii Chartered Institute of Bankers (CIB) sɛ nkaeɛ ne nsesaeɛ a ɔde baa IPS sɛ ɛbɛyɛɛ suapɔn ankasa, ne ne mmɔdenmmɔ wɔ sikasɛm ntoroeɛ mu.[11]

Yɛbɔɔ ne di sɛ abibiman Vice-Chancellor afe 2013 mu no ɔno na ɛdi kan. Bio, Alabi nyaa abasobɔ firii National Union of Ghana Students, (NUGS) hɔ wɔ ne mmoa ɔde aboa nwumasua wɔ Ghana.[12]

Chartered Institute of Marketing Ghana (CIMG) bɔɔ Alabi aba so sɛ Ghanani a ɔdi akotene wɔ dwadie mu wɔ Ghan wɔ 2012 mu .[13]

IMANIfoɔ maa no abasobɔ sɛ Ghana's Most Influential Public Sector Leader wɔ afe 2012.[14]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ

  1. "Akufo-Addo Congratulates Prof Alabi". www.ghanaweb.com.
  2. "Professor Joshua Alabi Appointed Rector Of IPS". ModernGhana.com. Retrieved 3 March 2017.
  3. "Rawlings Reshuffles Cabinet". ModernGhana.com. Retrieved 3 March 2017.
  4. Eshun, Martha (26 July 2004). "Ghana: NDC is Committed to Democratic Governance - Joshua Alabi". Accra Mail (Accra). Retrieved 3 March 2017.
  5. "History". www.upsa.edu.gh. Archived from the original on 12 February 2017. Retrieved 3 March 2017.
  6. "Welcome to UPSA | University of Professional Studies, Accra". upsa.edu.gh.
  7. "Alabi appointed Rector of IPS". www.ghanaweb.com. Retrieved 4 March 2017.
  8. "Prof Alabi and wife celebrates 20 years of marriage". www.ghanaweb.com (in English). 15 October 2018. Retrieved 27 January 2021.{{cite web}}: CS1 maint: url-status (link)
  9. "My wife is competent for First Lady job – Joshua Alabi". www.ghanaweb.com (in English). 14 May 2018. Retrieved 27 January 2021.{{cite web}}: CS1 maint: url-status (link)
  10. "Prof. Joshua Alabi [[:Nhwɛsoɔ:Sic]] National Award". www.upsa.edu.gh. Archived from the original on 5 August 2017. Retrieved 4 March 2017. {{cite news}}: URL–wikilink conflict (help)
  11. "Charted Institute Of Bankers Honour Prof. Joshua Alabi - UPSA". UPSA. 5 July 2015. Retrieved 4 March 2017.
  12. "Professor Joshua Alabi-A Rare Gem Retires | Lifestyle -". thebftonline.com (in English). Archived from the original on 4 March 2017. Retrieved 4 March 2017.
  13. Obour, Samuel K. "Alabi, Esther Cobbah win top marketing awards - Graphic Online". www.graphic.com.gh (in British English). Retrieved 4 March 2017.
  14. "Prof. Alabi, Dr. Mbia named in IMANI top-5 leaders". www.ghanaweb.com.