Jacob Scherrer Arthur

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Jacob Scherrer Arthur
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Mfantsiman West Mpɛsoa so
Bere
7 January 2001 – 6 January 2005
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
MpɛsoaMfantsiman West
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Mfantsiman West Mpɛsoa so
Bere
7 January 1997 – 6 January 2001
Ne ho asɛm
Ne manGhana Ghana
N'adwumaAmanyɔni

Scherrer Arthur, a.k.a Jacob, yɛ Ghanani amanyɔni ne akuoba wɔ mmarahyɛbadwam mmienu ne mmiɛnsa no mu wɔ kwasafoman a ɛtɔ so nan a agyina hɔ ma Mfantseman West mpasua a ɛwɔ mfinimfin mantam wɔ Ghana. Ɔyɛ anamsini de ma kyinie amanyɔkuo (NDC) no.[1][2]

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔdikan too aba yi Jacob kɔ mmarahyɛbadwam a na ɔyɛ anamsini de ma kyinie amanyɔkuo (NDC) no wɔ Ahinime bosom mu wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia (December 1996) Ghanaman nyinaa abatoɔ ɛkɔso a na ɔyɛ mmarabyɛdwanni firi Ɔpɛpɔn bosom da a ɛtɔ so nson wɔ afe apem ahankron ne aduokron nson (7 January 1997) de ma Mfantseman West mpasua a ɛwɔ mfinimfin mantam mu wɔ Ghana.[3]

Abatoɔ[sesa]

Wɔ afe ahankron ne aduokron nsia (1996) no, ɔnyaa mma mpem dunkron, ɔha ne aduoson mmienu (19,172) firii mma dodoɔ a na ɛyɛ mpem aduonu baako, ahankron ne nan (21,904) no mu a na agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduoson baako akyiri pɔ aduanan (71.40%) de Kyɛn nea ɔne no resi akan no Comfort Ohene-Darko a na ɔyɛ anamsini de ma CPP amanyɔkuo no nso nyaa mma mpem mmienu, ahanson ne aduasa mmienu (2,732), Kenneth Appiah Mends a na ɔyɛ anamsini de ma NCP amanyɔkuo no annya amma no bi na Isaac Kow Taylor a na ɔyɛ frankatuni de ma NPP amanyɔkuo no nso annya amma no bi.[4] Wɔ mfe mpem mmienu (2000) Ghanaman nyinaa abatoɔ no, ɔnyaa mma mpem dunsia ne dunwɔtwe wɔ abatoɔ no mu a na agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduanan akyiri pɔ ohunu (40.00%) na ɔde dii nkonim.[3] Ɔne amanyɔkuo afoforɔ bi gyinaeɛ a na wɔyɛ ; Ɔsono Amanyɔkuo (NPP), National Reform Party (NRP), People's National Convention (PNC) ne Convention People's Party (CPP). Saa nkorɔfoɔ yi nyaa mma no mu aduasa nwɔtwe akyiri pɔ aduanan (38.40%), ɔha nkyekyɛmu mmienu akyiri pɔ du (2.10%), ɔha nkyekyɛmu ohunu akyiri pɔ aduowɔtwe (0.80%) na ɔha nkyekyɛmu aduonu baako akyiri pɔ aduokron (21.90%) wɔ abatoɔ no mu. Mma dodoɔ no nyinaa yɛ mpem aduonu mmiɛnsa, ahansia ne aduosia nkron (23,669).[3][5][6]

N'adwuma[sesa]

Jacob yɛ mmarahyɛbadwanni dadaw wɔ Mfantseman West mpasua a ɛwɔ mfinimfin mantam mu wɔ Ghana.[7]

N'abrabɔ[sesa]

Jacob Scherrer Arthur yɛ kristoni.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. "Electrification Project to continue next year". www.ghanaweb.com. 14 December 2002. Retrieved 6 September 2020.
  2. "Central Region". www.ghanareview.com. Retrieved 6 September 2020.
  3. 3.0 3.1 3.2 FM, Peace. "Ghana Election 2000 Results – Mfantseman Constituency". Ghana Elections – Peace FM. Retrieved 3 September 2020.
  4. FM, Peace. "Parliament – Mfantseman Constituency Election 1996 Results". Ghana Elections – Peace FM. Retrieved 6 September2020.
  5. "Ghana Election mfantseman-west Constituency Results". www.graphic.com.gh. Retrieved 6 September 2020.
  6. FM, Peace. "Parliament – Mfantseman Constituency Election 2000 Results". Ghana Elections – Peace FM. Retrieved 6 September 2020.
  7. http://psephos.adam-carr.net/countries/g/ghana/ghana20003.txt[bare