J.B. Danquah

Ɛfi Wikipedia
(Ɛfiri J. B Danquah)
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Nana
Joseph Boakye Danquah
Ne ho asɛm
Awo bere
Joseph Kwame Kyeretwie Boakye Danquah

Ɔpɛnimma bosome da a ɛtɔ so dunwɔtwe wɔ afe apem ahanwɔtwe ne aduokron num (1895)1
Bepong,Gold Coast
Owu bereƆgyefuo bosome da a ɛtɔ so nan wɔ afe apem ahankron ne aduosia num(1965)
Nsawam,Ghana
Ne manGhana
AmanyɔkuoUnited Gold Coast Convention
NehokaniElizabeth Vardon
RelationsNana Akufo-Addo (great-nephew)

Kwaku Boateng (brother)

J. B. Danquah-Adu (grand-nephew)
Mma4
Sukuu a w'akɔUniversity of London
N'adwumaMmaranimfoɔ, Amanyɔni

Joseph Kwame Kyeretwie Boakye Danquah (firi Ɔpɛnimma bosome da a ɛtɔ so dunwɔtwe wɔ afe apem ahanwɔtwe ne aduokron num(1895) de kɔ si Ɔgyefoɔ bosome da a ɛtɔ so nan wɔ afe apem ahankron ne aduosia num(1965) ) na ɔyɛ Ghana amanyɔni, ɔbemfo, mmaranimfoɔ san so ka yɛn nananom a wɔko gyee ɔman Ghana sii hɔ no ho. Odii dwuma soronko wɔ berɛ aborofo bɛdii Ghana so ne berɛ wɔkɔeɛ akyi no nso a na wɔfrɛ Ghana Gold Coast no, yɛbɔ ne din sɛ nipa a ɔmaa nnɛ Ghana din.[1] Wɔ ne amanyɔsɛm dwumadie mu no, na ɔka wɔn a na wɔreko tia Kwame Nkrumah a na ɔyɛ Ghana mampanini ne mfahodie pre kuo mu panini. Watson Commission a na wɔrehwehwɛ basabasaeɛ a esii wɔ Nkran wɔ afe apem ahankron ne aduanan nwɔtwe(1948) mu no ka ne ho asɛm sɛ ɔyɛ "Gold Cost amanyɔsɛm mu nipa wagye din pa ara yɛbu no.[2] Sɛ abakɔsɛm nu ɔbemfoɔ, ɔhwehwɛɛ abakɔsɛm faa Akan nnipakuo ho, na ɔmaa wɔn kuro din a ɛbɛfata wɔn sɛ ɔman no nya mfahodie a. Na ɔpɛ sɛ awoɔ nnidisoɔ hunu wɔn nkyi ne wɔn man ho abakɔsɛm.[3]

Abrabɔ ahyɛaseɛ ne nwomasua[sesa]

Yɛwoo Danquah wɔ Ɔpɛnimma bosome da a ɛtɔ so dunwɔtwe(18) wɔ afe apem ahanwɔtwe ne aduokron num mu (1895) wɔ Bepong a ɛwɔ Kwahuapueeɛ mantam mu wɔ Ghana (kane Gold coast). Ɔfiri Ofori Panini Fie adehyeɛ abusua no mu a na wɔyɛ Akyem man ahemfo, ne abusua a wɔde akotene yie wɔ Ghana amanyɔsɛm mu. Ne nua barima panini ne Nana Sir Ofori Atta l na ne babarima ne Paul Danquah.

Odii mfeɛ nsia no, ɔhyɛɛ sukuu ase wɔ Basel Mission Sukuu a ɛwɔ Kyebi. Ɔkɔɔ Basel Mission ntoasoɔ sukuu wɔ Begoro. Ɔtwerɛɛ ne nsɔhwɛ wiee di nkunim wɔ afe apem ahankron ne dummienu (1912) mu no, Vidal J.Buckle a ɔyɛ mmaranimfoɔ a ɔtumi di asɛm wɔ kɔɔto (barrister) a na ɔyɛ adwuma wɔ nkran faa no adwuma mu sɛ kɔɔto twerɛtwerɛfoɔ (clerk), saa adwuma yi bɛkanyan n'anigyeɛ wɔ mmara mu.

Otwaa Civil Service nsɔhwɛ wiee wɔ afe apem ahankron ne dunan(1914) mu no, Danquah bɛyɛɛ kɔɔto twerɛtwerɛfoɔ(clerk) wɔ Asɛnnibea Kunini(Supreme Court) a wɔ Gold Coast mu a ɛmaa no nyaa suahunu a ɛnam so maa ne nua barima, Nana Sir Ofori Atta I a na wabɛyɛ ɔhene mfeɛ mmienu a adi kan no mu sɛ Omanhene Tribunal twerɛtwerɛfoɔ (secretary) wɔ Kyebi. Ɛnam ne nua barima so maa wɔyii no sɛ Ahemfo a ɛwɔ Apueeɛ mantam nhyiamu twerɛtwerɛfoɔ abediakyire. Ɛnam N'adwene mu na emu dɔr nti ne nua barima no de ne kɔɔ Britain wɔ afe apem ahankron ne aduonu baako (1921) mu sɛ ɔnkɔsua mmara.

Adwuma[sesa]

Berɛ a Danquah baa Ghana wɔ afe apem ahankron ne aduonu nson (1927) mu no, ɔbewuraa private legal practice mu. Wɔ afe apem ahankron ne aduonu nkron (1929) mu no ɔboaa J.E. Casely Hayford ma ɔtee Gold Coast Youth Conference (GCYC) a na ɔyɛ wɔn twerɛtwerɛfoɔ panin firi afe apem ahankron ne aduasa nson (1937) de kɔ si afe apem ahankron ne aduanan nson (1947) mu.[4] Wɔ afe apem ahankron ne aduasa baako(1931) mu no, Danquah yɛɛ krataa bi a ɔtoo din The Times of West Africa, a wɔfrɛ no West Africa Time, a ɛyɛ koowa krataa( newspapeer) a adi kan wɔ Ghana a wɔdii ho dwuma wɔ afe apem ahankron ne aduasa baako(1931) ne afe apem ahankron ne aduasa num (1935) mu.[5] Krataa ne fa baabi a na wɔfrɛ no mmaa bea (Women's Corner) na Mabel Dove a ɔyɛ mmaranimfoɔ titire a yɛfrɛ no Francis Dove ba. Ɔbɛyɛɛ Danquah yere a odi kan wɔ afe 1933 mu a ɔwoo babarima baako maa no. Akyire no, Danquah bɛwaree Elizabeth Vardon.

Amanyɔsɛm

Danquah bɛkaa kuo a na wɔhyɛ mmara wɔ afe apem ahankron ne aduanan nsia mu(1946). Wɔ afe 1947 mu no ɔboa maa wɔtee United Gold Coast Convention (UGCC) a na wɔnyaa mfahodie a na nnipakuo a na wɔka ho bi ne ahemfo, abemfo ne mmaranimfoɔ[6] bi te sɛ George Alfred Grant, Robert Benjamin Blay, R.A. Awoonor-Williams, Edward Akufo-Addo, ne Emmanuel Obetsebi-Lamptey.Danquah abakɔsɛm nhwehwɛmu nam so maa no gyee Nkrumah agyina a na ɛfa Gold Coast mfahodie ho sɛ ɔbɛsesa din Gold Coast no ayɛ no Ghana.[7]

Danquah dwumadie wɔ University of Ghana teeɛ mu[sesa]

Danquah di dwumasom wɔ University of Ghana teeɛ mu, Suapɔn ɛso wɔ Ghana.[8] Ɔtumi maa nnipa tee suapɔn yi si nka yie wɔ afe 1948 berɛ a Britishni bi bɛkaa nnwomasua a ɛwɔ soro ho nsɛm sɛ suapɔn kɛseɛ baako a ɛrebɛba Nigeria a wɔne University of London na ɛbedi dwuma na ɛbɛyɛ ketewa ama abibirem atɔeɛ foɔ nyinaa.[9]

Ne kyere ne ne wuo ho nsɛm[sesa]

Danquah gyina sɛ mampanini gyinafoɔ tiaa Nkrumah wɔ Oforisuo bosome mu wɔ afe apem ahankron ne aduosia baako mu(1961) nanso ɔdii nkuguo wɔ abatoɔ no mu. Wɔ Ahinime bosome da a ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ afe apem ahankron ne aduosia baako (1961) mu no, wɔnam Preventive Detention Act so kyeree Danquah sɛ watete sɛ ɔde ne aka nhyehyɛeɛ a wɔde resubvert CPP aban.[10] Wɔgyaa no wɔ Ayɛwohommumɔ bosome da a ɛtɔ so aduonu mmienu wɔ afe apem ahankron ne aduosia mmienu (1962) mu. Wɔtoo aba yii no sɛ Ghana Bar Association kuo no panini akyire no.

Wɔkyeree Danquah bio wɔ Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so nnwɔtwe wɔ afe apem ahankron ne aduosia nan(1964) mu, sɛ watete sɛ ɔreyɛ nhyehyɛeɛ bɔne bi atia mampanini no. Berɛ na ɔwɔ Nsawam Medium Prison a na wɔrehwehwɛ saa nsɛm no mu no, ɔnyaa akoma yareɛ wuiɛ wɔ Ogyefoɔ bosome da a ɛtɔ so nan wɔ 1965 mu.[11]

Abusua[sesa]

Kwaku Boateng ne J. B. Danquah bɛyɛɛ anuafoɔ ɛnam awareɛ so.[12]

Din pa a ɔgya too hɔ[sesa]

Wɔsii J. B. Danquah Memorial Lecture Series wɔ afe apem ahankron ne aduosia nwɔtwe (1968) mu sɛ nkae deɛ ma Danquah, a na ɔsan so yɛ Ghana Academy of Arts and Science (GAAS)[13] mu kuoba. Wɔyɛɛ saa nnoɔma yi nyinaa sɛdeɛ wɔde bɛkae n'adwuma pa.[14]

Danquah Circle, ntwaahobea a ɛwɔ Osu a ɛwɔ Nkran na wɔde too no.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://archive.today/20120909053337/http://www.niica.on.ca/Ghana/jbdanquah.aspx
  2. http://articles.ghananation.com/articles/flagbearers-of-ghana/3016-dr-j-b-danquah-1895-1965.html
  3. https://www.modernghana.com/amp/news/1021213/big-six-enduring-lessons-from-the-founding-father.html
  4. http://vibeghana.com/2013/01/17/tribute-to-j-b-danquah/
  5. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Daily_Graphic_(Ghana)
  6. https://www.graphic.com.gh/news/politics/ghana-pays-tribute-to-founders.html
  7. http://www.bookrags.com/biography/joseph-b-danquah/
  8. http://graphic.com.gh/news/general-news/39283-name-university-of-ghana-after-dankwa-prof-ewusi.html
  9. "Archive copy". Archived from the original on 2017-09-21. Retrieved 2022-08-08.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  10. http://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/people/person.php?ID=167
  11. "Archive copy". Archived from the original on 2015-08-05. Retrieved 2022-08-11.{{cite web}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  12. Archive copy, archived from the original on 2021-10-27, retrieved 2022-08-08{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  13. Archive copy, archived from the original on 2015-05-25, retrieved 2023-06-04{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  14. Archive copy, archived from the original on 2022-08-13, retrieved 2022-08-08{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)