Isaac Osei

Ɛfi Wikipedia
Onionyamfo
Isaac Osei
Mmrahyɛbadwani ma Subin
Bere
7 Ɔpɛpɔn 2009 – 7 Ɔpɛpɔn 2017
ƆmanpanyinJohn Atta Mills & John Dramani Mahama
OdikanfoSampson Kwaku Boafo
AnanmusiniEugene Boakye Antwi
Ne ho asɛm
Awo bere29 March 1951 (1951-03-29) (age 73)
Kumasi, Asanti Mantam (Ghana), Gold Coast (now Ghana)
Ne manGhanani
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
NehokaniMarian F. Osei
Mma5
Sukuu a w'akɔAchimota School University of Ghana Williams College
N'adwumaEconomic Consultant

Isaac Osei yɛ kane Mmarahyɛbadwani wɔ Subin Mansini mu wɔ Asanti Mantam mu.[1] Ɔsan nso yɛ kan 'Tema Oil Refinery' no kwankyerɛfoɔ panin ne Ghana Kokoɔ Boayikuo no adwumayɛfoɔ panin na berɛ bi na ɔyɛ Ghana Aban anan mu sini wɔ United Kingdom.[2] Na Osei yɛ Ghana Hyɛn Gyinabea ne Hyɛn Gyinabea Aban, Algebra Securities Ltd, 'Algebra Capital Ltd, ne Intravenous Infusions Ltd' dwamtenani.[3][4]

Ne mmɔfrase ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Isaac Osei wɔ Oforisuo bosome da ɛtɔ so aduonu- nkron wɔ afe apem ahenkron aduonum -baako mu wɔ Asanti Newtown a ɛwɔ Asanti Mantam mu, Kumasi. Ɔkɔɔ Ɔman Mfitiaseɛ Sukuu wɔ Kumasi firi afe apem ahenkron aduonum- nson de kɔsi afe apem ahenkron aduosia mu , na ɛno akyi no ɔkɔɔ Achimota Mfitiaseɛ Sukuu firi afe apem ahenkron aduosia kɔsi afe apem ahenkron aduosia -mmiɛnsa. Ɔkɔɔ Achimota Sukuu mu wɔ afe apem ahenkron aduosia - mmiɛnsa mu. Bere a ɔwiee Achimota Sukuu wɔ afe apem ahenkron aduoson mu no, ɔsuaa adeɛ wɔ Ghana Suapɔn, Legon baabi a ɔwiee sukuu wɔ B.Sc. (Hons) Degree wɔ Sikasɛm mu wɔ afe apem ahenkron aduoson -mmiɛnsa. Ɔkɔɔ so suaa Nkontaabu ne Akontaabuo wɔ Sikasɛm Asoɛe a ɛwɔ Colorado Sukuupɔn mu wɔ Boulder, U.S.A. Nea ɛka ho no, Osei wɔ abodin krataa a ɛkorɔn wɔ Nkɔso Sikasɛm mu, wɔ Williams College a ɛwɔ Massachusetts, U.S.A. firi afe apem ahenkron aduoson -nsia de kɔsi afe apem ahenkron aduoson -nson.

Adwuma[sesa]

Ɔhyɛɛ n’adwuma ase wɔ 'Ministry of Finance and Economic Planning' wɔ Ghana baabi a ɔyɛɛ adwuma wɔ Industry, Mining and Forestry Division ansa na ɔretu akɔ Macro- Economic Section of the Ministry.

Ɔhyehyɛɛ 'Ghanexim Economic Consultants Ltd' na ɔde afotuo maa Wiase Sikakorabea, USAID ne Ghana Aban wɔ nnwuma pii mu wɔ Ghana. Ná Owura Osei nso yɛ E.K Osei & Engineers & Contractors Company, ne Intravenous Infusions Ltd, adwumakuo a ɛyɛ nnuru a wɔde fa ntini mu ne nea wɔde twitwiw nipadua mu kakraa bi wɔ Afrika Atɔe fam no kwankyerɛfo panyin. Osei yɛ sikasɛm ho ɔbenfo wɔ n’adwuma mu. Mprempren ɔyɛ Ghana 'Ports and Harbors Authority' no dwamtenani. Kane no na ɔyɛ 'Tema oil Refinery no Managing director' ne 'Ghana CoCoa Board' no soafo panyin.[3]

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔpaw Osei sɛ ɔnanmusifo wɔ United Kingdom ne Ireland firi Mfeɛ mpem mmienu ne baako mu de kɔsi Mfeɛ mpem mmienu ne nsia mu (2001–2006). Bere a na ɔwɔ London no, wɔpaa no sɛ Ɔdwamtenani wɔ Commonwealth Ɔkyerɛwfo Dwumadibea, UK, amrado badwa no mu.

Wɔyii no sɛ Ghana Cocoa Board (Cocobod) no panyin wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nsia mu no, Owura Osei dii Adwumakuo no anim ma wɔde sika yɛɛ nhyehyɛɛ a ɛbɛma aba a wɔnya no akɔ soro, kookoo yareɛ ne mmoawa a wɔsɛe nnɔbaeɛ ano ne saa ara nso na adwadie ho nhyehyɛeɛ a ɛmaa Cocobod nyaa botaeɛ a ɛyɛ nwonwa a ɛyɛ ɔpepem baako kookoo tɔn pii wɔ mfe mmiɛnsa mu, na ɛyɛ kyerɛtohɔ a na ɛso bi nni saa bere no. Ɔyɛɛ Amanaman Ntam Kookoo Ahyehyɛdeɛ no mpanyimfo boayikuo no dwamtenani abadiakyiri, na na ɔyɛ Wiase Nyinaa Kookoo Sikasɛm Ho Afotuo Badwani.

Na ɔyɛ 'Cocoa Marketing Company (UK) Ltd' dwamtenani na na ɔyɛ 'Aluworks Ghana Ltd', 'Cocoa Processing Company Ltd' ne 'WAMCO' mpanyimfo kuo no muni. Ɔyɛɛ adwuma sɛ 'Intravenous Infusions Limited' kwankyerɛfo panyin, ansa na John.A. Kufuor na ɔkyerɛwee. Ɔsomm wɔ saa dibea no mu firi mfeɛ mpem mmienu ne baako de kɔsi mfeɛ mpem mmienu nensia mu.[1] Ɔgyinaa sɛ Mmarahyɛbadwani wɔ New Patriotic Party din mu maa Subin Mansin wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe mu na ɔdii nkonim. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe Ghana amansan abatoɔ mu no ɔnyaa mma mpem aduanan num ne aduonum- nnwɔtwe (45,058 ) firii mma mpem aduosia baako, Ɔha ne aduokron -num c61,195) a ɛfata a wɔtoeɛ no mu a ɛyɛ Ɔha mu abupɛn aduoson mmiɛnsa akyire po nsia 73.6%.[5] Wɔ Mfeɛ mpem mmienu ne du mu no ɔgyinaa hɔ sɛ ɔmampanin a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔmampanyin wɔ afe 2010 New Patriotic Party ɔmampanyin mfitiase abatow no mu. Ɔdii nea ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ Alan John Kyeremanten akyi, berɛ a wɔpaw Ghana Ɔmampanyin Nana Akufo-AddoNew Patriotic Party no frankaa tufoɔ. Wɔpaa no sɛ Tema Oil Refinery CEO wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du-nson mu kɔsii sɛ ɔgyaeɛ adwuma wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du-nkron (2019). Wɔde anuonyam ama no sɛ ɔhyɛɛ aseɛ yɛɛ adwuma a ɛhia sɛ wɔto mu na ama refinery no adwumayɛ ne ahotosoɔ atu mpɔn wɔ berɛ a na ɛyerae mpɛn mmiɛnsa a wɔayɛ nhyehyɛeɛ sɛ wɔbɛto mu ansa na wɔrepaw no .

Wɔsan nso de kan TOR MD no ho anuonyam ma sɛ ɔtuaa 120tph steam boiler a ɛma steam generation capacity kɔ soro ma adwumayɛbea adwumayɛ na ɛhwɛ ma Refinery no utility system no yɛ nea wotumi de wɔn ho to so.

Ankorankoro asetra[sesa]

Ɔyɛ Kristoni (Katolekni), a waware na ɔwɔ mma nnum, a wɔn mu mmiɛnsa yɛ mmaranimfo.[1]

Beaɛ menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 Hon. Isaac Osei, 2013-10-04, archived from the original on 2013-10-04, retrieved 2023-11-28{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  2. https://www.modernghana.com/news/117485/1/h-e-isaac-osei-distinquished-and-honorable-diploma.html
  3. 3.0 3.1 Isaac Osei, Ghana Ports & Harbours Authority: Profile and Biography (in English), retrieved 2023-11-28
  4. https://ghanamps.com/mps/details.php/?id=202
  5. Peace FM (2014-12-17), Ghana Election 2008 Results - Subin Constituency, retrieved 2023-11-28