Sampson Kwaku Boafo

Ɛfi Wikipedia
Hon.
Sampson Kwaku Boafo
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Subin
Bere
7 January 1996 – 6 January 2009
OdikanfoJoseph Alexander Tuffour Sarkodie
AnanmusiniIsaac Osei
Ashanti Regional Minister
Bere
2004–2006
ƆmanpanyinJohn Kufuor
Ne ho asɛm
Ne manGhana Ghana
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
N'adwumaLawyer
CommitteesDefence, Interior and Judiciary Committees

Sampson K.Boafo yɛ Ghana mmrahyɛbedwani sane yɛ ɔmanyɔni ma NPP amanyɔkuo no. Ɔyɛ mmrahyɛbedwani ma Subin mpɛsoa wɔ mmrahyɛbedwafie a ɛtɔso nan wɔ Ghana adehyeman amanmuo a ɛtɔso nan. Ghana.

Adwuma[sesa]

Boafo yɛ ɔmanyɔni, ɔtɛmmuafoɔ wasane ne ate Founder City Temple International. Ɔsom sɛ mmrahyɛbedwani ma Subin mpɛsoa toaso mprɛnsa.

Amanyɔsɛm[sesa]

Boafo dikan som mmrahyɛbedwafie wɔ Asante Akyem ɛwɔ afe apem ɔha nkron ne aduoson nkron wɔ Ghana adehyeman amanmuo a ɛtɔso mmiɛnsa wɔ Hilla Limann a w'anya ne baabi kɔ.

N'amanyɔ adwuma no ankɔ awieyɛ pa firi sɛ ankyɛ biara na ɛwɔ Ɔpɛnimaa bosome ne da ɛtɔso aduasa baako wɔ afe apem ɔha nkron ne aduowɔtwe mu na asraafoɔ bɛdii ɔman no so. Na Jerry John Rawlings na yɛ wɔn kandifoɔ. Boafo sane baa mmrahyɛbedwafie wɔ afe apem ɔha nkron ne aduokron nson wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔso nan. W'asom wɔ akuokuo a ɛwɔ mmrahyɛbedwafie ɛbinom ne ahobanbɔfoɔ ma ɔman Ghana ne asɛmdifoɔ nso. Na Boafo yɛ suafo wɔ oman panin dadaa John Agyekum Kuffour berɛ so ma Subin mpɛsoa a ɛwɔ Asante mantam. Ɔwoo no wɔ Asante mantam. Na ɔyɛ Suafoɔ a ɔhwɛ Ahennie ne Amammerɛ so.

Abatoɔ[sesa]

Ɔdikan baa mmrahyɛbedwafie wɔ NPP amanyɔkuo ne din mu maa Subin mpɛsoa wɔ Asante mantam wɔ afe apem ɔha nkron ne aduokron nsia wɔ Ghana abatoɔ kɛseɛ no mu. Ɔnyaa mma mpem aduasa nnwɔtwe ahanan ne du mmienu(38,412) firii mma mpem adonum mmiɛnsa ahasa ne aduanan nan(53,344) a ɛgyina hɔ ma ɔha mu abupɛn aduonum num n'akyire pɔ aduoson(55.70%) de tia Sarkodie Joseph J.A Tuffour a ɔwɔ NDC amanyɔkuo ɔnyaa mma mpem du baako ahanu ne aduowɔtwe(11,280) a ɛgyina hɔ ma ɔha mu abupɛn du nsia n'akyire pɔ aduanan(16.40%). Asamoah Comfort a ɔgyina mu ma IND amanyɔkuo nyaa mma apem baako ɔha nnwɔtwe ne aduasa nson(1,837) a ɛgyina hɔ ma ɔha mu abupɛn mmienu n'akyiri pɔ aduoson(2.70%). ne Hussien Aminu ɔnyaa mma apem baako ɔha nnwɔtwe ne du num(1,815) a ɛgyina hɔ ma ɔha mu abupɛn mmienu n'akyire pɔ aduosia(2.60%). Ɔsane baa mmrahyɛbedwafie wɔ mfeɛ mpem mmienu must(2000) abatoɔ no akyi. Ɔnyaa mma mpem aduanan nan ɔha nkron ne nson(44,907) firii mma mpem aduonum nsia ɔha nnwɔtwe ne aduokron nnwɔtwe(56,898) a ɛgyina hɔ ma ɔha mu abupɛn aduoson nnwɔtwe n'akyiri pɔ aduokron(78.90%) de tia Kwame Adu Boffour a ɔdɔm NDC amanyɔkuo. Ɔnyaa mma mpem nkron ɔha ne aduoson nson a ɛgyina hɔ ma ɔha mu abupɛn du nsia(16.00%), Huseini Aminu a ɔwɔ PNC amanyɔkuo no nyaa mma apem baako ɔha num ne aduanan baako(1,541) na Serwaa Kyeretwie a ɔwɔ CPP amanyɔkuo nso nyaa mma apem baako ahasa ne aduoson nson(1,373). Boafo sane baa mmrahyɛbedwafie maa Subin mpɛsoa a ɛwɔ Asante mantam wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan(2004) Ghana abatoɔ kɛseɛ no akyi. Ɔdii nkunim maa NPP amanyɔkuo no. Na ne mpɛsoa ka nkonnwa aduasa nsia(36) a NPP amanyɔkuo nya firii nkonnwa aduasa nkron(39) ɛwɔ Asante mantam. NPP amanyɔkuo no nyaa nkonnwa no dodoɔ wɔ mmrahyɛbedwafie, ɔnyaa ɔha ne aduonu nnwɔtwe(128)firii nkonnwa ɔhanu ne aduasa(230). Ɔnyaa mma mpem aduanan mmienu ɔha nson ne du mmien(42,712)firii mma mpem aduosia baako ɔha ne aduasa mmiɛnsa(61,133) a ɛgyina hɔ ma ɔha mu abupɛn aduosia nkron n'akyiri pɔ nkron(69.9%) wɔ aba dodoɔ a ɔtooeɛ. Ɔdii nkunim wɔ Huseini Aminu Ali a ɔwɔ PNC amanyɔkuo ɔnyaa mma mpem nnwɔtwe ahanan ne aduokron baako(8,491) a ɛgyina hɔ ma ɔha mu abupɛn baako n'akyiri pɔ nan(1.4%), Abraham Kwesi Mensah a ɔwɔ NDC amanyɔkuo ɔnyaa mma apem baako ɔha ne aduokron nnwɔtwe(1,098) a ɛgyina hɔ ma ɔha mu abupɛn du nnwɔtwe n'akyiri pɔ mmienu(18.2%), Kwame Appiah Boateng a ɔwɔ CPP amanyɔkuo ɔnyaa mma apem baako ɔha nsia ne du baako(1,611) a ɛgyina hɔ ma ɔha mu abupɛn mmienu n'akyire pɔ nsia(2.6%) ne Charles Hagan Kofi a ɔgyina mu ma ɔno ara ne ho so nyaa mma mpem nan ɔha nnwɔtwe ne aduosia mmiɛnsa(4,863) a ɛgyina hɔ ma ɔha mu abupɛn nnwɔtwe(8%) nyinaa so.

N'abrabɔ

Na Sampson K. Boafo yɛ ɔkristoni

Beaeɛ mmoa firiiɛ[sesa]

1.https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/S-K-Boafo-pulls-out-140404

2.https://en.wikipedia.org/w/index.php?title=List_of_MPs_elected_in_the_2004_Ghanaian_parliamentary_election&oldid=970850055

3.https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Wontumi-is-an-exceptional-chairman-Sampson-Kwaku-Boafo-493973

4.http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/parliament/ashanti/39/index.php

5.http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/parliament/ashanti/39/index.php

6.https://www.fact-checkghana.com/statistics-presidential-parliamentary-election-results/

7.https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2004/ashanti/39/

8.http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2008/index.php