Isaac Kobina Nyame-Ofori

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Isaac Kobina Nyame-Ofori
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameIsaac Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni Sesa
position heldMember of the 3rd Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 2nd Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
member of political partyNational Democratic Congress (Ghana) Sesa

Isaac Kobina Nyame-Ofori yɛ Ghana amanyɔni, okuani ne mmrahyɛbadwam a ɛtɔ so mmiɛnsa mu nnipa wɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nan no mu.[1] Na ɔyɛ kane mmarahyɛbadwani ma Sefwi-Wiawso mpɛsua no wɔ Atɔeɛ Mantam mu ne Kyiniiɛ Amanyɔkuo (NDC) no mu kuoba.[2]

Amanyɔsɛm[sesa]

Na Nyame-Ofori ka adehyeman Ghana a ɛtɔ so nan ne mmarahyɛbadwam a ɛtɔ so mmiɛnsa no ho. Ɔyɛ National Democratic Congress (NDC) kuoba ne nea Ogyina ma Sefwi-Wiawso mpasua a ɛwɔ Atɔeɛ mantam (Western Region) mu wɔ Ghana.[3] Ne amanyɔsɛm dwumadie no hyɛɛ aseɛ wɔ berɛ a ogyinaa wɔ mfeɛ mpem mmienu (2000) Ghana nyinaa abatoɔ mu wɔ NDC amanyɔkuo no ananmu na odii nkunim.[4]

Mfeɛ mpem mmienu (2000) Abatoɔ

Wɔyii Nyame-Ofori sɛ mmarahyɛbadwani ma Sefwi-Wiawso mpasua no wɔ mfeɛ mpem mmienu (2000) Ghanamamfoɔ nyinaa abatoɔ no mu. Odii nkunim wɔ abatoɔ no mu ɛwɔ NDC amanyɔkuo no ananmu. Ne mpasua no ka mmarahyɛbadwam nkonnwa nkron (9) wɔ dunkron (19) a NDC amanyɔkuo no dii nkunim faeɛ wɔ saa abatoɔ no mu maa Atɔeɛ Mantam a obɛsii John Kwaku Danso ananmu.[5][6]

National Democratic Congress (NDC) bɛyɛɛ dɔmkuma a na wɔkura mmarahyɛbadwafie nkonnwa aduokron mmienu (92) wɔ mmarahyɛbadwafie nkonnwa dodoɔ ahanu (200) no mu wɔ adehyeman Ghana a ɛtɔ so nan ne mmarahyɛbadwam a ɛtɔ so mmiɛnsa no mu. Ɔde mma mpem aduasa mmienu, ahanson ne aduonum mmiɛnsa (32,753) firi mma dodoɔ a ɛbaeɛ a ɛyɛ mpem aduonum mmienu, ahanwɔtwe ne aduowɔtwe mmiɛnsa (52,883) no mu.[1] Na mma a onyaeɛ no gyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduosia mmiɛnsa ne akyirepɔ nkron (63.9%) wɔ mma dodoɔ a ɛbaeɛ no nyinaa mu. N'akansifoɔ a odii wɔn so nkunim ne Kwasi Blay a ogyina maa New Patriotic Party (NPP) amanyɔkuo no ne Francis Kwabena Bih a ɔno nso gyina maa Convention People's Party (CPP) amanyɔkuo no. Kwasi Blay nyaa mma mpem dunwɔtwe, ahanum ne aduasa nson (18,537) a na egyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduasa nsia ne akyirepɔ baako (36.1%) ɛna Francis Kwabena Bih nso nyaa mma ohunu a na egyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu ohunu.[1]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]