Jump to content

Hyptis pectinata

Ɛfi Wikipedia
Hyptis pectinata
taxon
short nameH. pectinata Sesa
taxon nameHyptis pectinata Sesa
taxon rankspecies Sesa
parent taxonHyptis Sesa
taxon common namecomb bushmint, 櫛穗香苦草 Sesa
basionymNepeta pectinata Sesa
GRIN URLhttps://npgsweb.ars-grin.gov/gringlobal/taxonomydetail.aspx?id=401710 Sesa
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Hyptis pectinatanhwiren bi a ɛwɔ mint abusua, Lamiaceae mu[1]. Wɔtaa twa no wɔ Ghana fi wuram de di dwuma wɔ mpɔtam hɔ nnuruyɛ mu[2][3].

Ɛwɔ Afrika mmeae a ɛhɔ yɛ hyew, ne Brazil, na ɛsan wɔ wiase mmeae afoforo te sɛ Amerika ne Asia.

Senea ɛte[sesa]

Hyptis pectinata yɛ nhabannuru a ɛtra hɔ daa a ne tenten tumi nyin kɔ soro bɛyɛ mita 2. Ɛwɔ ntini a ɛyɛ huam a ɛyɛ skwɛɛ, na ɛwɔ mint abusua no mu. Nhaban no yɛ mmerɛw, ɛne ne ho di anim ne anim, na ɛwɔ anoano a ɛyɛ nsensanee. Ne tenten yɛ sɛntimita 5-10 na ne tɛtrɛtɛ yɛ sɛntimita 2-5, na sɛ wɔabubu a, ne hua te sɛ minty hua. Afifide no sow nhwiren nketewa a ɛte sɛ ntini a mpɛn pii no ɛyɛ pɛpol anaa lavender na wɔahyehyɛ no sɛ nhwiren a ɛte sɛ nsɔe.

Ma wɔde yɛ[sesa]

Amammerɛ mu Nnuruyɛ[sesa]

Wɔde Hyptis pectinata adi dwuma wɔ amanne kwan so aduruyɛ mu wɔ amammerɛ ahorow mu wɔ Ghana. Sɛ nhwɛso no, wɔ Ghana no, wɔde sa ɔhome mu yare, honam ani yare, ne yafonu mu aduanyam mu nsɛm. Wɔtaa de nhaban ne ntini no yɛ nnuru a wɔde hyɛ nipadua mu, nea wɔde sra honam ani ne nea wɔnom[4].

Kuayɛ mu[sesa]

Wɔ mmeae bi no, wɔde Hyptis pectinata di dwuma sɛ abɔde mu nnuru a wɔde kum nkoekoemmoa esiane sɛ ekum mmoa a wɔsɛe ade nti. Wɔahu sɛ ngo a ɛho hia a woyi fi afifide yi mu no tumi ko tia mmoawa ne fungal, na wei ama ayɛ ade a ɛsom bo wɔ kuayɛ mu[2][5].

Aduruyɛ[sesa]

Wɔde afifide yi yɛ nnuru wɔ mmeae pii a osu tɔ na owia bɔ kɛse. Ɛboa ma ayamtu, home a ensi so, ɛko tia mmoawa, ɛyɛ adwuma sɛ aduru a ɛma obi nya nna ho akɔnnɔ, ɛma mogya no mu tew, na ɛmma mmogyatuo gyae[2].

Wɔnom afifide yi nsu a wɔanoa ma ayamtu, wabɔ, koko mu yaw, ɔhome ho nsɛm, ne nsamanwaw gyae. N'afã horow a wɔayam no boa ma mberɛbo mu haw ahorow gyae na ɛma mmarima nya nna mu ahoɔden. Wobetumi de afifide no ayɛ powder na wɔayɛ no sɛ tii de asa atiridii. Bark decoction sa brayɛ ho haw ne atiridiinini[2]. Wɔde nhaban yɛ tii de tew mogya no ho na wɔde sa akisikuru. Ahaban no tumi ma honam ani trotorootoro kama, na nhaban a wɔanoa no sa akuru ahorow, titiriw asikyireyareɛ.

Beaɛ a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. Filed as Hyptis pectinata (L.) Poit. [family LAMIACEAE] on JSTOR, retrieved 2024-07-03
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 Hyptis pectinata - Useful Tropical Plants, retrieved 2024-07-03
  3. USDA Plants Database, retrieved 2024-07-03
  4. Adenilson dos Santos, Alan Santos Oliveira, Mikaella Tuanny Bezerra Carvalho, André Sales Barreto, Jullyana de Souza Siqueira Quintans, Lucindo José Quintans Júnior, Rosana de Souza Siqueira Barreto (2024-06-21), "H. pectinata (L.) Poit - traditional uses, phytochemistry and biological-pharmacological activities in preclinical studies: a systematic review", Journal of Ethnopharmacology, p. 118478, doi:10.1016/j.jep.2024.118478, ISSN 0378-8741, retrieved 2024-07-03{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  5. Phenology of Hyptis pectinata and effects of cattle manure and cutting height in management of its cultivation | International Society for Horticultural Science (in American English), retrieved 2024-07-03