Gloria Amon Nikoi

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Gloria Amon Nikoi
nnipa
sex or genderfemale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameGloria Sesa
date of birth6 Ayɛwohomumɔ 1927 Sesa
place of birthGhana Sesa
date of death10 Obubuo 2010 Sesa
place of deathWashington Sesa
spouseAmon Nikoi Sesa
languages spoken, written or signedEnglish, Twi Sesa
occupationAmanyɔni, diplomat Sesa
position heldMinister for Foreign Affairs Sesa
educated atAkyimɔta Ntoasoɔ Sukuu Sesa
work period (start)1979 Sesa
work period (end)1979 Sesa

Na Gloria Adwoa Amon Nokoi, née Addae ( Ayɛwohomummɔ bosome da a ɛtɔ so nsia wɔ afe apem ahankron ne aduonu nso dekɔ obubuo bosome a ɛtɔ so du wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mu) yɛ Ghana diplomat a ɔsomm sɛ ɔsoafoɔ a ɔhwɛ amanɔne nsɛm so wɔ afe apem ahankron ne aduoson nkron wɔ Armed Force Revolutionary Council (AFRC) aban ase. Ɔyɛ Ghanani baa a ɔdiikan kuraa saa diberɛ no

Nnwuma[sesa]

Ɔkɔɔ Achimota College. Na Nikoi yɛ Ɔtɛmmuafoɔ abɛdiakyire ma United Nations firi afe apem ahankron ne aduosia nkron dekɔ afe apem ahankron ne aduoson nan. [1]Ɛno akyire no Gloria Nikoi yɛɛ adwuma sɛ Panin wɔ Ghana asoeɛ a ɔhwɛ amanɔne nsɛm so.

Asraafoɔ atuaten wɔ Ayɛwohomummɔ bosome da a ɛtɔ so nan wɔ afe apem ahankron ne aduoson nkron akyire a ɛtoo ban kunini a ɔda asraafoɔ ano no, wɔmaa no yɛɛ amanɔne soafoɔ bɛyɛ abosome nnan wɔ Armed Force Revolutionary Council (AFRC) wɔ Flight Lieutenant Jerry Rawlings aban mu.[2] Ɛkɔɔ awieeɛ ɛbɔ bosome da a ɛtɔ so aduonu nan wɔ afe apem ahankron ne aduoson nkron mu, Kwasafoman a ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ Dr. Hilla Limann amanyɔkuo People's National party aban pɛn so.

Gloria Nikoi bɛyɛɛ kasamafoɔ maa erstwhile sikakorabea ma adansie, Ghana sikakorabea wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe baako mu. Ɔsane nso yɛɛ ɔtenetenefoɔ maa African Development Sikakorabea (AfDB). [3]Ɔbɛyɛɛ kasamafoɔ a ɔdikan ma council no wɔ Ghana Stock Exchange wɔ berɛ a wɔdii no wɔ Obubuo bosome da a ɛtɔ so du mmienu wɔ afe apem ahankron ne aduokron.[4]

N'abrabɔ ankasa[sesa]

Ɔwaree Amon Nikoi, ɛnkane aban man Ghana sikakorabea ne ɔsoafoɔ a ɔhwɛ sikasɛm so, a ɔne no nyaa mma mmiɛnsa.[5]

Owuo ne ayiyɔ[sesa]

Ɔwuu owupa wɔ Washington, D.CObubuo bosome da a ɛtɔ so du wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du wɔ berɛ a wadi mfeɛ aduowɔtwe mmiɛnsa. Wɔyɛɛ n'ayie wɔ Nkran Ridge Asɔre, ɔhɔ na na ɔkɔ asɔre.

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. http://www.guide2womenleaders.com/Ghana.htm
  2. http://rulers.org/fm2.html
  3. http://www.guide2womenleaders.com/foreign_ministers.htm
  4. https://web.archive.org/web/20070227144044/http://www.gse.com.gh/aboutus/default.asp
  5. http://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/people/person.php?ID=171