Frederic Fritz Baffour

Ɛfi Wikipedia

Nhwɛsoɔ:Use Ghanaian English Nhwɛsoɔ:Use dmy dates

Hon
Fritz Baffour
Member of the Ghana Parliament
for Ablekuma South
Bere
Jan 2009 – Jan 2017
OdikanfoTheresa Amerley Tagoe
AnanmusiniAlfred Vanderpuije
Ɛdɔm keseɛ5,283
Minister for Information
Bere
Jan 2012 – Dec 2012
ƆmanpanyinJohn Atta Mills
OdikanfoJohn Tia
Ne ho asɛm
Awo bere11 March 1952 (1952-03-11) (age 72)
Accra, Ghana
Ne manGhanaian
RelationsR. P. Baffour
N'adwumaJournalist, media consultant

Fritz Baffour (wɔwoo no ɔbɛnem da a ɛtɔ so du-baako, afe Apem Ahankron ne Aduonum-nmmienu-1952) yɛ Ghana nsɛm ho amanneɛbɔfoɔ, amanyɔni ne nkitahodie ho ɔfotufoɔ. Na ɔyɛ Mmarahyɛbadwani ma adehyeɛ a wɔwɔ Ablekuma Anafoɔ mansini no mu no. Ɔdii saa dwuma yi wɔ Ghana Mmarahyɛbadwa no mu ne ɔsoafoɔ a ɔhwɛ amanneɛbɔ so wɔ Ɔmanpanin dada

John Evans Fiifi Atta Mills berɛ so.[1]

Mfitiaseɛ Asetena ne Nwomasua[sesa]

Wɔwoo Baffour wɔ ɔbɛnem da a ɛtɔ so Du-baako, afe Apem, Ahankron ne Aduonum-mmienu (1952) wɔ Korle Gonno a ɛwɔ Nkran , Ghana ahenkuro mu no. [2] Na n’agya yɛ R. P. Baffour, a na ɔyɛ Ghana mfididwumayɛfoɔ a wɔdii kan no mu baako ne saa ara nso na ɔyɛ Ghana Vice Chancellor a ɔdi kan wɔ Kwame Nkrumah Suapɔn no mu. Na Fritz maame yɛ awogyefoɔ. Ɔkɔɔ ntoaso sukuu wɔ Prempeh College ne Technology Secondary School, a ne nyinaa wɔ Kumasi wɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana. Ɔnyaa ne GCE Ordinary Level adansedie krataa wɔ afe Apem Ahankron ne Aduosia -nwɔtwe (1968. Ne sukuu afe a ɛtɔ so nsia no wɔ City of Bath College a ɛwɔ Somerset wɔ United Kingdom wɔ ( 1972 )ne afe Apem, Ahankron ne Aduɔson-nan (1974) ntam, na ɔde GCE Advanced Level adansedie krataa no wieeɛ. Baffour nso kɔɔ Bristol Polytechnic wɔ afe Apem Ahankron ne Aduɔson-nan (1974) ne afe Apem Ahankron ne Aduɔson-nso(1976 )ntam hɔ. Fritz Baffour yɛɛ (master’s degree) wɔ Nkitahodie Adesua mu wɔ Leicester Suapɔn mu wɔ mfeɛ Mpem Mmienu ne Du-nson (2007) ne mfeɛ mpem Mmienu ne Du-mmienu (2012 ) ntam.[3][4]

Adwumayɛ[sesa]

Baffour yɛɛ adwuma sɛ nsɛm ho amanneɛbɔfoɔ. Na ɔyɛ ɔyɛkyerɛfoɔ wɔ (Ghana Television, TV )dwumadibea a ɛwɔ ɔman no dea Ghana Broadcasting Corporation mu sɛ panin ne ɔkwankyerɛfo. Ɔsan nso ne Liberia Television, Nigeria Television, Tyne Tees TV UK, Diverse Production wɔ UK ne Back to Back Productions USA ayɛ adwuma. Na ɔsan yɛ nsɛm ho amanneɛbɔfo fotufoɔ ma Jerry John Rawlings aban no.

Hon. Baffour yɛ anigyefoɔ a wonim no sɛ onim aseresɛm. Ɔwɔ atiefoɔ wɔ Afrika Atɔeɛ fam ne akyirikyiri. Bere a wonim no sɛ ɔyɛ n’aseresɛm a ɛfiri awosuo mu no, okura suban a aniberɛ wom nso mu. N’adwuma sohwɛ ho nimdeɛ ne akannifoɔ su ahodoɔ ama wɔapaw no sɛ ɔmmɛyɛ nnwumakuo ahodoɔ mu mpanin ne sodifoɔ wɔ abadwakuo ahodoɔ mu, wɔ ɔman no mu ne amanaman ntam nyinaa.[5]

Amanyɔsɛm[sesa]

Baffour ne kyiniiɛ amanyɔkuo (National Democratic Congress-NDC )dii dwuma firi berɛ a wɔhyehyɛɛ no ​​afe 1991. Ɔbɛyɛɛ mmarahyɛdwani wɔ Ɔpɛpɔn mfeɛ Mpem Mmienu ne Nkron (2009) mu berɛ a ɔdii nkonim wɔ Ablekuma Anaafoɔ atenaeɛ wɔ Ghana mmarahyɛdwa abatoɔ a wɔtoo no mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe no mu. Ɔmampanin John Evans Fiifi Atta Mills paw no sɛ ɔsoafoɔ a ɔhwɛ amanneɛbɔ ho nsɛm so wɔ mfeɛ Mpem Mmienu ne Du-mmienu (2012) mu[6] [7]

Baabi a Menyaa Mmoa Friiɛ[sesa]

  1. "Fritz Baffour", Wikipedia (in English), 5 October 2023, retrieved 7 October 2023
  2. Fritz Baffour, Biography, retrieved 9 October 2023
  3. Baffour, Fritz Frederic (in American English), retrieved 7 October 2023
  4. Alabi (17 October 2021), Fritz Baffour Biography (in American English), archived from the original on 29 November 2023, retrieved 9 October 2023
  5. Alabi (17 October 2021), Fritz Baffour Biography (in American English), archived from the original on 29 November 2023, retrieved 9 October 2023
  6. Baffour, Fritz Frederic (in American English), retrieved 7 October 2023
  7. Baffour, Fritz Frederic (in American English), retrieved 9 October 2023