Dominic Aduna Bingab Nitiwul

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Dominic Nitiwul
MP
Dominic Nitiwul in 2020
Minister of Defence
Mprenpren
Bere
February 2017
ƆmanpanyinNana Akufo-Addo
OdikanfoBenjamin Kunbuor
MP for Bimbilla
Mprenpren
Bere
February 2005
ƆmanpanyinNana Akufo-Addo
Ne ho asɛm
Awo bere
Dominic Aduna Bingab Nitiwul

4 November 1977 (1977-11-04) (age 46)
Chamba Ghana
Ne manGhana
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Mma5
Sukuu a w'akɔSt Charles Secondary and Seminary School, University of South Wales, University of Westminster
N'adwumaMember of Parliament, Minister

Dominic Aduna Bingab Nitiwul (wɔwoo no Ɔpɛpɔn 4, 1977) yɛ Ghana amannyɔni ne mmarahyɛbadwani (MP) ma Bimbilla mansini a ɛwɔ Ghana Atifi Mantam mu. Ɔsan nso asom wɔ Pan-African Mmarahyɛ Badwa no mu.[1] Efiri Ɔpɛpɔn bosome no mu wɔ afe 2017 no, Nitiwul ayɛ Ghana Ɔman Bammɔ Soafoɔ dibea.[2][3]

Mfitiasea asetena ne nwomasua[sesa]

Dominic Nitiwul suaa adeɛ wɔ nwomasua asoɛeɛ ahodoɔ mu wɔ Ghana, Germany, ne United Kingdom. Dominic wiee ne O level wɔ St Charles Secondary and Seminary School wɔ afe 1992. Wɔ Germany no ɔnyaa adansedie nkrataa wɔ ntawntawdie ano aduru (2003) ne ntawntawdie ho dwumadie (2005) mu firii Amanaman Ntam Akannifoɔ Adesuabea. Ɔnyaa ne Master of Business Administration wɔ sikasɛm mu wɔ South Wales Suapɔn mu, ne ne Master of Laws wɔ nnwuma sikasɛm mu wɔ Westminster Suapɔn mu.[4]

Amanyɔsɛm[sesa]

mmarahyɛbadwam adwuma[sesa]

Wɔyii Nitiwul sɛ Ghana mmarahyɛbadwani wɔ afe 2002 mu bere a na wadi mfeɛ 25.[4] Wɔ ne nkonimdie kasa no mu no, ɔtwee adwene sii nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɔpɛ sɛ wɔma no abasobɔdeɛ wɔ asomdwoe dodoɔ a ɔde bɛba mansin no mu no so.[4] Yei firi mmusuakuo ntam ntawantawadie a ɛkɔɔ so bere tenten wɔ Konkombafoɔ ne Nanumbafoɔ ntam no.[4] Ɔsomm wɔ badwakuo bebree mu wɔ Ghana mmarahyɛ badwa ne Pan-African Mmarahyɛ badwa no nyinaa mu. Yeinom bi ne: Sikasɛm badwakuo , Sikasɛm ne Sika ho ntotoeɛ badwakuo , Adwumayɛ badwakuo , badwakuo a Wɔpaw Nnipa, Mmabun ne Agodie badwakuo , Akwan ne Kar badwakuo , ne Nwomasua badwakuo. Ɔyɛɛ Ghana Mmarahyɛ Badwa no Kannifoɔ Abadiakyiri wɔ afe 2012 kɔsi afe 2016.[5]

2016 Mmarahyɛ Badwa no abatoɔ[sesa]

Nitiwul dii nkonim wɔ afe 2016 Mmarahyɛ Badwa abatoɔ mu maa ne mansin no ɔdii National Democratic Congress ananmusini Dr Joseph Mamboah Rockson so nkonim.[6] Ansa na wɔreyɛ abatoɔ no na Nitiwul aka sɛ ɔbɛdi nkonim esiane nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nea ɔne no reko no nyɛ mansin no mu ni na ɔnnim nea ɛrekɔ so wɔ mansin no mu nti; ɔsan nso kaa nkɔsoɔ adwuma pii a wayɛ ho asɛm. Nea ɔsɔre tia no no nyaa adwene sɛ Nitiwul asom akyɛ dodo na ɔgye di sɛ wɔn a wɔyii no no hia anim foforɔ.[6]

Nkɔsoɔ nnwuma[sesa]

Nitiwul ahyɛ aseɛ reyɛ nkɔsoɔ adwuma wɔ Bamboi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn a wɔyii no no tebea bɛyɛ yie.[6] Ɔmaa wɔtuu nsubura aduosia nkron (69) wɔ mpɔtam ahodoɔ mu wɔ ne mansini no mu, na ɔmaa abadwakuo a wɔhwɛ anyinam nkanea so wɔ ɔman Ghana mu no trɛɛ anyinam ahoɔden mu kɔɔ mpɔtam dunsia (16). Ɔsii ayaresabea mmienu, akwan ho adwuma dumienu, ne adesuadan mu adan ahodoɔ.[6]

Ɔman Bammɔ Soafoɔ[sesa]

Wɔ Ɔbɛnem bosome no da a ɛtɔ so du mmiensa wɔ afe 2017 no, na Nitiwul ka asomfoɔ kuo a ɛdi kan a Ɔmampanyin Nana Akuffo-Addo yii wɔn no ho.[6] Ne din a wɔde too dwa no yɛ asoeɛ a ɛhwɛ Bammɔ so (Ministry of Defence).[7] Wɔyɛɛ yei bere a ne kuo, New Patriotic Party, gyee tumi wɔ afe 2016 Ghana amansan abatow mu akyi.[6][8] Ghana mmarahyɛ badwa no mufoɔ penee Nitiwul so sɛ ɔnyɛ ɔsom adwuma no, ne afoforɔ nwɔtwe.[9] Ɔmampanyin Akuffo-Addo na ɔhyɛ maa ne kaa ntam wɔ Ɔbɛnem bosome no da a ɛtɔ so aduono nson 2017.[10] wɔ din a wɔde kɔmaa mmarahyɛ badwa no sɛ wɔmfa nnye ntom wɔ Ɔbɛnem bosome no da a ɛtɔ so aduonu baako wɔ afe 2021 no, ɔmampanyin yii Owura Nitiwul sɛ ɔnkɔ so nkura ne somfoɔ dibea sɛ Ɔman Bammɔ soafoɔ.[11]

Galamsey ko[sesa]

Nitiwul ama ɔko a ɔde bɛko atia wɔn a wɔtu famgudeɛ a mmara mma ho kwan, a wonim wɔn sɛ galamsefoɔ no ayɛ ne botae titire no mu baako sɛ Ɔman Bammɔ Soafoɔ. Wɔn a wɔyɛ adwuma a mmara mma ho kwan no tu dadeɛ a ɛsom bo wɔ Ghana mmeaeɛ ahodoɔ a won nwene nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho kɛse anaasɛ won nwene ho koraa. Nsuo dodoɔ bi a ɛwɔ ɔman no mu ayiri ɛnam nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ɛnam sɛ wɔtu no nti, na wɔde nnuru a ɛpira te sɛ cyanide agu nsuo a wɔnom ho fĩ. Ná nnisoɔ ahodoɔ a atwam no abɔ mmɔden sɛ wɔbɛsi famgudeɛ a mmara mma ho kwan no ano na wɔantumi esiane mmɔden a wɔammɔ abom nti. Bere a ɔne Ghana Asraafo asraafo mpanyimfo ne Asase ne Abɔdeɛ mu Nneɛma Ho Dwumadibea no yɛɛ adwuma no, Nitiwul boa ma wɔhyehyɛɛ akwan a wɔbɛfa so agye mfidie, afiri wɔn a wɔtu famgudeɛ no afiri hɔ, na wɔasan de nsase a asɛe wɔ ɔman no mu asi hɔ.

Basabasayɛfoɔ atɛntɛnenee ko[sesa]

Bere a wɔkumm Ɔsahene Maxwell Mahama wɔ Kɔtɔnimaa bosome no mu wɔ afe 2017 mu no, Nitiwul hyɛɛ bɔ sɛ wɔbɛhyɛ nhwehwɛmu a ɛdi mũ ase de ahu na wɔakyere wɔn a wɔyɛɛ bɔne no.[12] Na Diasofo binom ayɛ mfomso akum Ɔsahene Mahama ɛfiri sɛ na wɔsusu sɛ ɔyɛ adwowtwafoɔ a ɔkura akodeɛ.[6][13]

Kabinet Ɔmanpanyin[sesa]

Wɔ Kɔtɔnimaa bosome no mu wɔ afe, 2017 mu no, Ɔmanpanyin Nana Akufo-Addo bɔɔ Dominic Nitiwul din sɛ asomfoɔ dunkron a wɔbɛhyehyɛ ne kabinet no fa. Wɔde asomfoɔ dunkron (19) no din kɔmaa Ghana Mmarahyɛ Badwa no na Aban no Kasafo, Rt. Hon. Ɔbenfo Mike Ocquaye. Sɛ́ Kabinet soafoɔ no, Nitiwul yɛ ɔmampanyin no mu kuo no fa na ɛsɛ sɛ ɔboa wɔ gyinaesi dwumadi atitiriw mu wɔ ɔman no mu.

Ankorankoro asetena[sesa]

Nitiwul aware a ɔwɔ mma num.

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. MPs (in American English), retrieved 2023-10-04
  2. ‘We’ll come after you’ – Nitiwul cautions night-time illegal miners (in American English), 2021-05-19, retrieved 2023-10-04
  3. Operation Halt: We're targeting illegality, not mining licences - Defence Minister - MyJoyOnline.com (in American English), 2021-05-19, retrieved 2023-10-04
  4. 4.0 4.1 4.2 4.3 Dominic Nitiwul, MP-elect outdoored (in English), -001-11-30T00:00:00+00:00, retrieved 2023-10-04 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  5. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-04
  6. 6.0 6.1 6.2 6.3 6.4 6.5 6.6 MyJoyOnline.com - Myjoyonline (Ghana News) Ghana's most comprehensive website. Independent, Fearless and Credible journalism (in American English), retrieved 2023-10-04
  7. Profile of defence minister-designate Dominic Ntiwul (in American English), 2017-01-11, retrieved 2023-10-04
  8. NPP resoundingly wins election 2016 (in English), 2016-12-09, retrieved 2023-10-04
  9. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-04
  10. http://www.ghanalive.tv/2017/01/27/akufo-addos-8-ministers-will-take-oath-today/, retrieved 2023-10-04 {{citation}}: Missing or empty |title= (help)
  11. Akufo-Addo presents first list of ministers for his second term to parliament - MyJoyOnline.com (in American English), 2021-01-21, retrieved 2023-10-04
  12. Adwoa Agyeman (2017-06-05), Late Maxwell Mahama promoted to Major (in American English), retrieved 2023-10-04
  13. Contents - Articles You May Find Interesting on BuzzGhana (in American English), retrieved 2023-10-04