Benjamin Kunbuor

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
Benjamin Kunbour
Minister for Defence
Bere
16 July 2014 – 9 January 2017
ƆmanpanyinJohn Dramani Mahama
OdikanfoMark Owen Woyongo
AnanmusiniDominic Nitiwul
22nd Minister for Justice and Attorney General
Bere
2012–2013
ƆmanpanyinJohn Atta Mills
OdikanfoMartin Amidu
AnanmusiniMarietta Brew Appiah-Oppong
Minister for Interior
Bere
2011–2012
ƆmanpanyinJohn Atta Mills
OdikanfoMartin Amidu
AnanmusiniWilliam Kwasi Aboah
Minister for Health
Bere
2009 – January 2011
ƆmanpanyinJohn Atta Mills
OdikanfoGeorge Yankey
AnanmusiniJoseph Yieleh Chireh
Member of Parliament for Lawra-Nandom Constituency
Bere
7 January 2001 – 6 January 2009
ƆmanpanyinJohn Kufuor
OdikanfoAnthony Bondong
AnanmusiniAmbrose P. Dery
Ne ho asɛm
Awo bere
Benjamin Bewa-Nyog Kunbuor

15 July 1957 (1957-07-15) (age 66)
Ne manGhanaianGhana 
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
NehokaniVictoria Kunbour
Mma3
AdesuaNandom Senior High School
Sukuu a w'akɔ
N'adwumaLawyer

Benjamin Bewa-Nyog Kunbuor yɛ Ghana ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Ghana Bammɔ Dwumadie so, na ɔyɛ Ghana amannyɔni . Ná ɔyɛ mmarahyɛbadwani ma Nandom mansini no.

Nwomasua[sesa]

Kunbour nyaa ne ntoasoɔ sukuu wɔ Nandom Ntoasoɔ Sukuu mu,[1] ɔnyaa ne LLB firi Ghana Sukuupɔn mu, na ɔfatae sɛ mmaranimfoɔ bere a ɔwiee Ghana Mmara Sukuu no.

Ɛno akyi no ɔkɔɔ Warwick Sukuupɔn a ɛwɔ United Kingdom no mu na ɔnyaa ne LLM a ɛda nsow. Akyiri yi wɔmaa no Britania Chevening Scholarship sɛ ɔmfa nwie ne PhD wɔ Mmara mu wɔ Nkɔso mu wɔ afe (1997-2000).

Ɔsan nso nyaa Amannɔne Asuafoɔ Abasobɔdeɛ (OSSA) Oduruyɛfoɔ Abasobɔdeɛ wɔ Warwick Suapɔn mu.[2]

Adwuma[sesa]

Bere bi na Kunbour yɛ adwuma sɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ boafoɔ a wawie sukuu wɔ Warwick Sukuupɔn a ɛwɔ United Kingdom no mu. Efiri saa bere no wama ɔkasa nso wɔ Ghana Mmara Sukuu mu. Ɔsan nso ayɛ ɔkwankyerɛfoɔ wɔ Commission on Human Rights and Administrative Justice wɔ Ghana.

Amanyɔsɛm[sesa]

Kunbour yɛ yɛ kyiniiɛ amannyɔkuo NDC mu nipa. Ɔdii kan gyinaa wɔ abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ afe 2000 mmarahyɛ badwam abatoɔ mu na ɔdii nkonim a ɔnyaa mma no mu dodoɔ no ara a ɛyɛ ɔha nkyekyɛmu 62.5%. Ɔkuraa n'akonnwa no mu wɔ abatoɔ a ɛdi hɔ no mu mfeɛ nnan akyi, nanso ɔhweree no wɔ afe 2008 abatoɔ no akyi berɛ a n'apam no san baa tumidie mu.[5] Wɔ afe 2009 mu no, George Yankey gyaee adwuma wɔ NDC aban mu wɔ adifudepɛ animguaseɛ bi akyi.[3] President Mills paw Kunbuor sɛ ne soafoɔ a ɔhwɛ Akwahosan so.

Wɔ nsakraeɛ a wɔyɛeɛ wɔ aban mpanyimfoɔ mu wɔ Ɔpɛpɔn bosome no mu wɔ afe 2011 akyi no, Ɔmanpanyin Mills paw Kunbour sɛ ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Mfinimfini no so.

Martin Amidu, Mmaranimfoɔ Panyin a ɔgyaee adwuma wɔ Ɔpɛpɔn 2012 mu akyi no, Ɔmampanyin Mills paw Owura Kunbuor sɛ Mmaranimfoɔ Panyin.[4][5]

2000 Abatow a Wɔtoeɛ[sesa]

Wɔyii Kunbour sɛ mmarahyɛbadwani maa Lawra-Nandom mantam a ɛwɔ Upper West mantam mu wɔ Ghana wɔ afe 2000 Ghana amansan abatoɔ mu.[6] Enti ɔgyinaa mansini no ananmu wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so nnan no mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nnan no mu.

Wɔde abatoɔ a wɔtoo nyinaa mu 22,347 na ɛdii nkunim.[6] ɔnyaa mma no pii kyɛn Tenku Charles a na ɔgyina Peoples National Convention,amanyɔkuo no ananmu, ɛne Stephen Yir-Eru Engmen a ɔgyinaa New Patriotic Party ne David Nandoh a ɔgyinaa National Reform Party anan mu.[4].

Yeinom nyaa abatoɔ no mu mma 2,2347, abatoɔ no mu mma 3,570, abatoɔ no mu mma 3,487 ne abatoɔ no mu mma 641.[6] Yeinom gyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu 74.40%, 11.90%, 11.60%, 2.10% yɛ pɛ wɔ abatoɔ a ɛfata a wɔtoo no nyinaa mu.[6] Wɔyii Kunbour wɔ National Democratic Congress tekiti so. National Democratic Congress no nyaa mmarahyɛ badwa nkonnwa no mu nson wɔ Upper West mantam, no mu wɔ saa abatoɔ no mu.[7]

Sɛ yɛka ne nyinaa bom a, kuo no nyaa mmarahyɛ badwa ananmusifo kakraa bi a wɔn dodoɔ yɛ 89 wɔ nkonwa 200 a na ɛwɔ mmarahyɛ badwa a ɛto so mmiensa a ɛwɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so nnan no mu.

2004 Abatow a Wɔtoeɛ[sesa]

Wɔyii Kunbuor sɛ mmarahyɛ badwani ma Lawra-Nandom mansini a ɛwɔ Upper West mantam mu wɔ Ghana wɔ afe 2004 Ghana amansan abatoɔ mu. Enti ɔgyinaa amansin no ananmu wɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nnan no mmarahyɛ badwa a ɛtɔ so nnan no mu.

Wɔde abatoɔ no mu mma 19,306 yii no wɔ abatoɔ a ɛfata a wɔtow nyinaa mu a nnipa dodoɔ 31,138 na wɔtoo aba no. Yei gyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu 62.0% yɛ pɛ. Ɔnyaa mma no bi senee Bapullu Debis Dery a ɔfiri People's National Convention, no mu, Dery Ambrose P a ɔfiri New Patriotic Party ne Seidu Adama Billah a ɔfiri Convention People's Party

Yeinom nyaa abatow mu mma 912, mma10,549 ne mma 371 wɔ nnipa dodoɔ a wɔtoo aba no nyinaa mu. Yeinom ne abatowɔ a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu ɔha nkyekyɛmu 2.9%, 33.9% ne 1.2% yɛ pɛ. Wɔyii Kunbuor wɔ National Democratic Congress tekiti so.

Na ne mansin no yɛ amansin nson a National Democratic Congress dii nkonim wɔ Upper West mantam no mu wɔ afe 2004 Ghana amansan abatoɔ mu no fa. National Democratic Congress dii nkonim wɔ mmarahyɛ badwa ananmusifoɔ kakraa bi a wɔn dodoɔ yɛ 94 wɔ nkonnwa 230 a ɛwɔ mmarahyɛ badwa a ɛtɔ so nnan a ɛwɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nnan no mu.

Ankorankoro asetena[sesa]

Kunbuor aware na ɔwɔ mma mmiensa.[8]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Benjamin Kunbuor (2008), A Ghana Tax Law Primer (in English), Agape Print. Press, ISBN 978-9988-8329-7-1, retrieved 2023-10-01
  2. Benjamin Kunbuor, Biography, retrieved 2023-10-01
  3. Parliamentary Results Lawra (Upper West), retrieved 2023-10-01
  4. 4.0 4.1 Full Text Of Reshuffle By President Mills (in English), -001-11-30T00:00:00+00:00, retrieved 2023-10-01 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)
  5. Wayback Machine, 2016-03-05, archived from the original on 2016-03-05, retrieved 2023-10-01{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  6. 6.0 6.1 6.2 6.3 Peace FM (2014-12-17), Ghana Election 2000 Results - Lawra Constituency, retrieved 2023-10-01
  7. Peace FM, Ghana Election 2000, retrieved 2023-10-01
  8. Full Text Of Reshuffle By President Mills (in English), -001-11-30T00:00:00+00:00, retrieved 2023-10-04 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)